Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/99 kr. 2
  • June Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • June Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase June 7
  • Dapɛn a Efi Ase June 14
  • Dapɛn a Efi Ase June 21
  • Dapɛn a Efi Ase June 28
Yɛn Ahenni Som—1999
km 6/99 kr. 2

June Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase June 7

Dwom 45

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ɔfã a wɔato din “Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century.” Teokrase Nsɛmmansɛmma.

15 min: “Yehowa na Ɔkyerɛkyerɛ Yɛn.” Mma nnianim asɛm no nnnu simma biako, na fa nsɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Ma atiefo nka mfaso a wɔanya afi Teokrase Ɔsom Sukuu, Akwampaefo Som Sukuu, Ahenni Som Sukuu, ne nea ɛkeka ho mu no bi nkyerɛ. Si sɛnea eyi aboa Yehowa nkurɔfo ama wɔatu mpɔn kɛse wɔ asɛnka mu no so dua.

20 min: “Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye.” Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo bi ne ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wɔn ho akokwaw a wɔka sɛnea wɔhyehyɛ wɔn bere ma wotumi nya asɛnka mu kyɛfa kɛse bɔ nkɔmmɔ. Wɔkyerɛ sɛnea bere nhyehyɛe a yetumi di so ho hia, na wosi so dua sɛ ehia sɛ yenya bi. Wɔka sɛnea wɔkwati nneɛma a ɛsɛe bere te sɛ asɛnka a womfi ase ntɛm, nhyehyɛe pa a obi nni kan nyɛ, anaa fekubɔ ntraso wɔ asɛnka mu. Hwɛ mo hɔnom tebea na fa sɛnea mode bere bedi dwuma yiye ho nyansahyɛ pa ma.

Dwom 48 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 14

Dwom 75

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: Asafo mu ahiade anaasɛ Kɔ Faako a Nnipa Wɔ! Ɔkasa a egyina 1997 Yearbook, nkratafa 42-8 so. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ afie afie adansedi daa de, nanso yɛde anigye hwehwɛ hokwan ahorow a yɛde bedi adanse bɔnnɔ so—bere biara wɔ baabiara. Ka Yearbook no mu osuahu ahorow kyerɛ. Ma atiefo nka wɔn ankasa osuahu ahorow nkyerɛ sɛnea bere bɛma kwan.

20 min: “Wubetumi Aboa?” Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin di ho dwuma. Fa nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ October 8, 1995, Nyan! nkratafa 8-9 de boa awofo a wonni ahokafo no ka ho. Ma ebinom nka sɛnea wɔn ani sɔ ɔdɔ mu a asafo no mufo afoforo afi aboa wɔn no ho asɛm.

Dwom 53 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 21

Dwom 72

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sɛ mo asafo no wɔ Young People Ask anaasɛ Youth nhoma no bi wɔ hɔ a, kyerɛ sɛnea yebetumi de adi dwuma yiye wɔ asɛnka mu wɔ akwamma bere mu, bere a ɛda adi sɛ yebehu mmofra pii wɔ fie no.

17 min: Fa Video ne Drama Kasɛt Ahorow Di Dwuma Yiye. So yebetumi de video 10 ne drama kasɛt 11 a Asafo ti no ayɛ no adi dwuma yiye? Wo ne w’abusua ahwɛ anaa moatie ne nyinaa? Ka emu bi ho asɛm, kyerɛ sɛnea ebetumi ama yɛn Bible akenkan ayɛ papa, ɛbɛma yɛayɛ den wɔ honhom mu na adi nokware no ho adanse pa. Bɔ drama kasɛt no abien anaa abiɛsa kakra. Bisa atiefo ma wɔnka video anaa drama kasɛt a wɔahu sɛ atumi ahyɛ wɔn ankasa abusua nkuran anaa wɔde akyerɛ wɔn a wɔyɛ foforo kwan aba ahyehyɛde no mu no ho asɛm. Ka osuahu ahorow bi a ɛkyerɛ sɛ biribi pa afi mu aba. (Hwɛ 1999 Yearbook no nkratafa 51-2.) Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa video ne drama kasɛt nni dwuma yiye.

18 min: “So Nea Aniwa Hu Nkutoo na Wuhu?” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Si nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho nya adwene bi wɔ nnipa a yehyia wɔn no ho so dua. Ka asuade a Yehowa maa Yona a obuu wɔn a na osusuw sɛ wɔmfra no atɛn a ɛmfata nyae no ho asɛm kakra. (Hwɛ August 15, 1997, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 21-2, nkyekyem 17-19.) Ma atiefo nka nnipa ahorow a wɔahyia wɔn wɔ asasesin no mu, ne sɛnea wonyaa wɔn ho adwempa na wogyaw atemmu maa Yehowa no ho asɛm.

Dwom 77 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 28

Dwom 85

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae wɔn nyinaa sɛ wɔmfa wɔn June akontaabu mma. Ka nhoma a yɛde bɛma July ho asɛm. Kyerɛ nhomawa a mowɔ pii wɔ hɔ ne emu asɛm biako anaa abien a yebetumi asi so dua wɔ asɛm a yɛka kyerɛ mu. Yɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye ka ho.

10 min: Dɛn Nti na Yehowa Ma Kwan Ma Wɔtaa Ne Nkurɔfo? Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom, nkratafa 676-7 so. Sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no, ‘aman nyinaa tan yɛn.’ (Mat. 24:9) Yebetumi ahyia ɔtaa bere a yɛyɛ asɛnka adwuma no, yɛne yɛn abusuafo a wɔyɛ wiasefo bɔ, anaa yɛne wɔn a wɔnyɛ Adansefo di wɔ adwumam anaa sukuu mu no. Ɔkasafo no nam ɔkwan a ɛfata so kyerɛ nea enti a Yehowa ma ɔtaa anaa ɔsɔretia a ɛte saa ho kwan ne sɛnea ano a yegyina no bɛma yɛanya nhyira.

25 min: “Yehowa Adansefo 1999 ‘Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm’ Ɔmantam Nhyiam.” Nsɛmmisa-ne-mmuae a ɔkyerɛwfo di ho dwuma. Si Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛma yedi Asafo ti no akwankyerɛ so wɔ dabere ho nsɛm mu so dua, na hyɛ wɔn a wobetumi akɔboa Bolgatanga nhyiam no nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Kamfo anuanom no sɛ wɔboaa aduanma a ennye bere pii nhyehyɛe no wɔ afe a etwaam no mu, na si so dua sɛ ehia sɛ wɔde nnuan a emu nyɛ duru ba bedi wɔ awia ahomegye bere no mu.

Dwom 195 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena