Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye
1 Ɛbere dodow a yɛn nyinaa nya no nnawɔtwe biara no yɛ pɛ. Nea yɛde ka asɛmpa no hia yɛn kɛse efisɛ ɛyɛ bere a yɛde yɛ adwuma a egye nkwa. (Rom. 1:16) Ɔkwan a yɛfa so kyerɛ eyi ho anisɔ ne sɛ yebesiesie yɛn ho yiye ama asɛnka a wɔayɛ ho nhyehyɛe, akɔ asɛnka nhyiam bere ano, na yɛafi hɔ ntɛm akɔ asasesin no mu. Ehia sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no sen sɛ yɛbɛsɛe bere no wɔ beae a yehyiam no. Esiane sɛ Yehowa akyerɛ yɛn sɛ “ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ” nti, ɛsɛ sɛ yɛde bere a yɛde asi hɔ ama asɛnka adwuma no di dwuma yiye paa.—Ɔsɛnk. 3:1.
2 Fa Wo Bere Di Dwuma Nyansam: Sɛ yɛyere yɛn ho bata bere nhyehyɛe a ɛma yenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa ho a, ɛde nhyira pii ba. Mpɛn pii no, bere dodow a yɛde yɛ asɛnka adwuma no na ɛbɛkyerɛ nea ebefi mu aba. Sɛ yɛyɛ nsakrae kakraa bi wɔ yɛn bere nhyehyɛe mu a, so yebetumi anya bere pii ayɛ asɛnka adwuma no? Sɛ́ nhwɛso no, sɛ yewie Memeneda nsɛmma nhoma ɔsatu a, so yebetumi de sankɔhwɛ kakra atoa so? Sɛ yɛyɛ afie afie kakra Kwasida a, so yebetumi de sankɔhwɛ anaa Bible adesua ahorow nso atoa so? So yebetumi de mmɔnten so adansedi aka yɛn afie afie adwuma no ho? Sɛ yɛfa saa akwan yi anaa akwan foforo so a, yebetumi ama yɛn som adwuma atu mpɔn.
3 Yɛkɔ asɛnka na sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebetumi asɛe bere kwa. Ɛwom, sɛ wim yɛ hyew a, yebetumi ahome kakra de adwudwo yɛn ho na yɛatoa so. Nanso kari pɛ, efisɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ahomegye a ɛte saa ho behia.
4 Nnansa yi ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛto nkurɔfo wɔ fie. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi saa tebea yi ho dwuma no, adawurubɔfo pii yɛ wɔn afie afie adansedi no bere foforo. Dɛn nti na wonhwɛ sɛ wubetumi ayɛ asɛnka adwuma no anwummere?
5 Ɛbɛyɛ papa sɛ adawurubɔfo nsɛe bere mfa mmɔ nkɔmmɔ bere a wɔreyɛ mmɔnten so adansedi no. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn ntam, na wɔbɛn nkurɔfo ne wɔn fi nkɔmmɔbɔ ase. Saayɛ so no, ɛbɛma wɔde bere no adi dwuma yiye, na wɔanya adwuma no mu anigye kɛse.
6 Fa Hokwan a Wubenya Di Adanse: Bere a ɔbea bi kae sɛ n’ani nnye asɛm no ho no, Ɔdansefo bi bisaa no sɛ ebia nipa foforo bi wɔ fie hɔ a obetumi ne no abɔ nkɔmmɔ anaa. Eyi ma onyaa abusua no ti a na wayare ada dan mu mfe pii ne no kasae. Onyankopɔn Asɛm mu anidaso no maa n’ani begyee asetra mu. Ankyɛ na ne ho yɛɛ no den, na ofii ase kɔɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so, na ɔkaa anidaso foforo a wanya no ho asɛm kyerɛɛ afoforo!
7 Onuawa kumaa bi de nyansahyɛ a ɛne sɛ yebetumi akɔ asɛnka dɔnhwerew biako ansa na Asafo Nhoma Adesua afi ase no yɛɛ adwuma. Bere a ɔkɔɔ fie a edi kan mu no, ɔkɔtoo abeawa bi a wadi mfe 13, na otiei paa gyee nhoma. Ade kyee no, onuawa kumaa no hyiaa abeawa koro yi ara wɔ sukuu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, abeawa no penee so ma ɔne no hyehyɛɛ Bible adesua.
8 Fa Bere no Di Dwuma Ma Ɛso Mmra Mfaso: Asɛnka adwuma no mu kyɛfa a yenya no bere nyinaa no boa yɛn ma ɔkwan a yɛfa so ka asɛmpa no tu mpɔn. So wubetumi de nnianim nsɛm a ɛyɛ dɛ adi dwuma ama ɔkwan a wofa so fi nkɔmmɔbɔ ase wɔ afie afie no atu mpɔn? Wubetumi ama wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn bere a woreyɛ fie Bible adesua no? Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wode bere a wode yɛ asɛnka adwuma no adi dwuma yiye na wo som adwuma no asow aba pii.—1 Tim. 4:16.
9 Esiane sɛ “wɔatwa bere no tiaa” nti, ɛsɛ sɛ yɛde Kristofo nnwuma hyɛ yɛn asetra ma. (1 Kor. 7:29) Ɛsɛ sɛ asɛnka adwuma no ka nneɛma a yɛde di kan wɔ yɛn nhyehyɛe mu no ho. Momma yɛmfa nsiyɛ nnya asɛnka adwuma no mu kyɛfa a ɛsɛ. Ɛbere yɛ akyɛde nwonwaso a Yehowa de ama yɛn. Bere nyinaa fa di dwuma nyansam na ma ɛso mmra mfaso.
[Kratafa 1 adaka]
◼ Kɔ asɛnka nhyiam ase bere ano.
◼ Monkyekyɛ adansedi akuw no mu nketewa sɛnea ntease wom.
◼ Muwie asɛnka nhyiam no a, monyɛ ntɛm nkɔ asasesin no mu.
◼ Monyɛ asasesin no mu adwuma bere a nnipa dodow no ara wɔ fie.
◼ Sɛ asiane nnim a, wo nkutoo yɛ adwuma wɔ bere ne bere mu.
◼ Yɛ sankɔhwɛ wɔ baabi a ɛbɛn asasesin a moyɛ afie afie no.
◼ Sɛ nea wo ne no nam no ka pon bi ano a, toa adwuma no so.
◼ Bere biara a nsɛm tebea bɛma ho kwan no, yɛ adwuma no kyɛ.