Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/99 kr. 1
  • Bɔ Mpae Srɛ Yehowa Mmoa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔ Mpae Srɛ Yehowa Mmoa
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Fa Mpaebɔ Ne Ɔsrɛ Nyinaa Di Dwuma’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • “Momfa Mo Adesrɛ Nto Nyankopɔn Anim”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Dɛn Na Wo Mpaebɔ Ka Fa Wo Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Hokwan a Woanya De Bɔ Mpae No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 7/99 kr. 1

Bɔ Mpae Srɛ Yehowa Mmoa

1 Yesu sii hia a n’asuafo no hia Yehowa nhyira wɔ wɔn som adwuma no mu so dua kyerɛɛ wɔn. (Mat. 9:​37, 38) Ayeyi ne aseda mpae a yefi komam bɔ ne adesrɛ ne nkotɔsrɛ a emu yɛ den di adanse sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa sɛ ɔmmoa yɛn. (Fil. 4:​6, 7) Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa “mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa” mmɔ mpae, na eyi fa yɛn som adwuma ho mpae a yɛbɔ nso ho.​—Efe. 6:18.

2 Yeyi Yehowa ayɛ wɔ mpaebɔ mu wɔ ne su nwonwaso ne nneɛma a wayɛ no ho. Afei nso yeyi no ayɛ sɛ asɛmpa a yɛka no Fibea. Ɔfata sɛ yeyi no ayɛ efisɛ ne nkutoo na ɔma yetumi yɛ yɛn som adwuma no.​—Dw. 127:1.

3 Sɛ yɛbɔ aseda mpae a, yɛde kyerɛ Yehowa apɛde ne n’atirimpɔw ho ntease a ɔde ama yɛn no ho anisɔ. So Ahenni nokware a yɛka kyerɛ afoforo no nyɛ hokwan? Yɛda Yehowa ase wɔ nea yetumi yɛ wɔ ɔsom adwuma no mu nyinaa ho.​—Dw. 107:8; Efe. 5:20.

4 Srɛ a yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yennya nnipa a wɔbɛpene so ne yɛn asua Bible, na yɛama nokware no aka wɔn koma no fata paa. Sɛ yɛde adesrɛ a ɛte saa to Nyankopɔn anim a, ɛkyerɛ sɛ yegye tom sɛ ne nkutoo na obetumi ama yɛn som adwuma no asow aba.​—1 Kor. 3:​5-7.

5 Ná onuawa bi te nka sɛ ɔbea bi a ɔma no Ɔwɛn-Aban ne Nyan! daa no nkenkan nsɛmma nhoma no. Esiane sɛ na ɔmpɛ sɛ nsɛmma nhoma a ɛsom bo yi bɛsɛe kwa nti, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ sɛ ɔbea no nkenkan na sɛ ɔde ma no a, ɔmma ɔmpopo ne ti. Bere foforo a onuawa no kɔɔ hɔ no, ɔbea no kunu kae sɛ: “Meda wo ase sɛ daa wode nsɛmma nhoma yi ba. Ɛyɛ a mekenkan, na m’ani gye ho paa.”

6 Yebetumi afi ahobrɛase ne komam abɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn mma yentumi nnyina anibiannaso a nkurɔfo yɛ ne fɛw a wodi ano, na yenni nnipa ho suro biara so na ama yɛatumi akɔ so de akokoduru adi afoforo adanse. (Aso. 4:​31) Sɛ yɛkɔ so de “mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa” bɔ mpae bere a yefi osetie mu di ɔsom kronn akyi no a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn.​—1 Yoh. 3:22.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena