Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/99 kr. 1
  • Ahosiesie a Wodi Kan Yɛ De Anigye Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahosiesie a Wodi Kan Yɛ De Anigye Ba
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔfã 2: Anigye A Wobɛma Ayɛ Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Ahosiesie—Ade a Ɛde Nkonimdi Ba
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anigye Mu
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Sɛ Ɛsow Aba a, Fa Di Dwuma!
    Yɛn Ahenni Som—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 7/99 kr. 1

Ahosiesie a Wodi Kan Yɛ De Anigye Ba

1 Asɛnka adwuma a yɛyɛ no ma yenya anigye kɛse. (Dw. 89:15, 16) Nokwarem no, ahosiesie ne ade titiriw a ebetumi ama yɛanya anigye a ɛte saa akosi ase. Dodow a yesiesie yɛn ho yiye no, dodow no ara na yɛsow aba, na dodow a yɛsow aba no, dodow no ara na yɛn ani gye.

2 Fa Nneɛma a Wɔde Ama no Di Dwuma: Fi ahosiesie ase denam Yɛn Ahenni Som no a wobɛkenkan na woasusuw emu nsɛm ho no so. Ɛtaa de nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔasiesie no yiye a ɛbɛboa wo ama Ahenni asɛm no ka ayɛ mmerɛw na atu mpɔn ama wo ma. Wubehu akwan a wɔfa so di nsɛm a nkurɔfo taa ka de yi wɔn ho ano ho dwuma ho nhwɛso horow. Ɛkyerɛ akwan pɔtee a wɔfa so yɛ sankɔhwɛ ma etu mpɔn, a botae no ne sɛ wobefi Bible adesua ase. Wowɔ hokwan sɛ wobɛdannan nyansahyɛ horow yi mu aka no sɛnea ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo biara. Ɛno akyi no, wowɔ Reasoning nhoma no a nnianim nsɛm ne nsɛm a wɔde siw nkɔmmɔbɔ ano pii wom, a ɛbɛboa wo ama woadi tebea a wubehyia ho dwuma yiye.

3 Hwehwɛ nhoma a wode bɛma no mu paw asɛm a ɛyɛ anigye biako anaa abien a wubetumi de akyerɛ fiewura no. Wubetumi de amanneɛbɔ bi a ɛkanyan adwene a woate anaa woakenkan, afi nkɔmmɔbɔ ase. Di kan susuw akyinnyesɛm a ɛda adi sɛ wubetumi ahyia no ho, na bɔ nsɛm a wubetumi de abua no ho pɔw wɔ wo tirim. Afei gye bere kakra fa bobɔ nea wobɛka akyerɛ afiewuranom no so.

4 Kɔ Ɔsom Nhyiam Biara: Sɛ wɔresusuw nyansahyɛ horow a wɔde ama wɔ Yɛn Ahenni Som mu no ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase kyerɛkyerɛ mu yɛ ho ɔyɛkyerɛ a, wɛn w’aso tie. Hyɛ nsɛm a wote nka sɛ wubetumi de aka nsɛm a wobɛka ho no nsow. Kae tebea horow bi a woahyia wɔ asɛnka mu pɛn no, na susuw akwan a wubetumi afa so adi adanse wɔ ɔkwan a etu mpɔn so ho. Wo ne adawurubɔfo foforo nsusuw nsɛm no ho ansa na nhyiam no afi ase ne bere a moapɔn no.

5 Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ ‘woasiesie wo ho ama adwuma pa biara’ a, wubenya anigye ne nkɔso pii wɔ afoforo a woboa wɔn ma wɔfa nkwa kwan so no mu sɛ akatua.—2 Tim. 2:21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena