Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/99 kr. 2
  • July Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • July Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase July 5
  • Dapɛn a Efi Ase July 12
  • Dapɛn a Efi Ase July 19
  • Dapɛn a Efi Ase July 26
Yɛn Ahenni Som—1999
km 7/99 kr. 2

July Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase July 5

Dwom 6

10 min: Asafo mu Nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no ne mo asafo no March asɛnka adwuma ho akontaabu ho asɛm. Teokrase Nsɛmmansɛmma.

20 min: “Bɔ Mpae Srɛ Yehowa Mmoa.” Mma wo nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa ne mmuae susuw ho. Kyerɛkyerɛ sɛnea mpae a yɛbɔ wɔ akwan horow so a efi koma mu no di dwuma titiriw wɔ ɔsom adwuma a etu mpɔn mu. Ma atiefo nka osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛnea mpae a wɔbɔ no ne bere mu aboa wɔn wɔ wɔn som adwuma no mu.—Hwɛ October 15, 1996, Ɔwɛn-Aban, kratafa 32.

15 min: Fa Nhomawa Ahorow Di Dwuma Yiye. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Kyerɛkyerɛ nea nti a nhomawa ahorow yɛ nnwinnade a mfaso wɔ so wɔ yɛn som adwuma no mu. Ɛka nsɛm a nnipa pii anigye ho, ɛma asɛmti titiriw biara mu da hɔ, na ɛde Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a ɛnyɛ den ma. Ka nhomawa ahorow a yɛde rema wɔ ɔsram yi mu ho asɛm na kyerɛ nea wɔtaa gye no mpɛn pii wɔ mo mpɔtam hɔ. Yɛ ɔyɛkyerɛ abien anaa abiɛsa a egyina nyansahyɛ a ɛwɔ asɛmti “Presentations” a ɛwɔ Watch Tower Publications Index no mu so.

Dwom 181 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 12

Dwom 103

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: “Ahosiesie a Wodi Kan Yɛ De Anigye Ba.” Ɔkasa ne nsɛm a wobisabisa. Kyerɛkyerɛ nea nti a ahosiesie ho hia yiye wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu ne ɔkwan a ɛboa ma yenya anigye kɛse wɔ nea yɛyɛ no mu. (Hwɛ School Guidebook, kratafa 39, nkyekyem 1-3.) Bisabisa adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔyɛ nhwɛso pa ma wɔnka ɔkwan a wɔfa so siesie wɔn ho ansa na wɔakɔ asɛnka ne sɛnea ɛboa wɔn ho asɛm. Ka osuahu a ɛwɔ April 15, 1993, Ɔwɛn-Aban, kratafa 30, a ɛkyerɛ sɛnea wɔde Reasoning nhoma no di dwuma de yɛ ahosiesie ma etu mpɔn ma ɔsom adwuma no.

20 min: “Momma ‘Yɛnka Yɛn Nsɛm Tẽẽ!’” Atiefo nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Monti nyansahyɛ a wɔde ama a ɛsɛ sɛ wɔka wɔ pon ano na ama wɔatie no nyinaa mu. Ma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw nyɛ nnianim nsɛm a etu mpɔn ho ɔyɛkyerɛ ahorow. To nsa frɛ atiefo ma wɔmfa nyansahyɛ ahorow nka ho.

Dwom 183 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 19

Dwom 31

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Asɛmmisa Afa.

20 min: “Nkɔanim a Ɛreba no Ama Ahenni Asa Pii Ho Abehia.” Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyem no nkyekyem 1-11 ho. Si nea enti a ehia sɛ mpanyimfo kohu Amantam Adansi Boayikuw no mfitiase pɛɛ bere a wɔreyɛ Ahenni Asa si ho nhyehyɛe no so dua.

15 min: So Ɛsɛ sɛ Mede Me Ho Bɔ Ahyehyɛde Bi? Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Reasoning nhoma, nkratafa 280-4 so. Yɛtaa hyia nnipa binom a wogye Ahenni ho nkrasɛm no tom nanso wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn ho “bɔ” nyamesom ahyehyɛde biara. Susuw “ahyehyɛde” nkyerɛase ho ne su ahorow ason a ɛma wohu Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no. Kyerɛkyerɛ sɛnea ɛda nsow koraa wɔ afoforo ho no mu ne nhyira horow ankasa a ɛde ba bere a obi de ne ho bɔ no no.

Dwom 189 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 26

Dwom 184

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae obiara ma ɔmfa July asɛnka adwuma ho akontaabu mma. Afei nso, ka “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo” ho asɛm. Ɔkasa.

20 min: “Nkɔanim a Ɛreba no Ama Ahenni Asa Pii Ho Abehia.” Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyem no nkyekyem 12-22 ho. Boa obiara ma onhu hia a ɛho hia sɛ wɔde ntoboa a wɔayi bedi dwuma nyansam.

15 min: So Yɛreyɛ Asuafo? Ɔsom adwuma sohwɛfo ne asafo mu asomfo mu biako anaa baanu susuw nsɛm a ɛwɔ February 15, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 19-22 ho. Twe adwene si Kyerɛwnsɛm mu ntease a enti ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ wɔn a wɔsɛ wɔ yɛn asasesin mu na yɛma wɔyɛ asuafo no so. (Mat. 10:11) Eyinom ne wɔn a wosi apini ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhwehwɛ Yehowa ansa na n’abufuw mu gya no apae agu no. (Hes. 9:4; Sef. 2:2, 3) Wɔn mu bi ne ‘wɔn a wɔayi wɔn ama daa nkwa no.’ (Aso. 13:48) Yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛma afoforo ayɛ asuafo, akyerɛkyerɛ nnipa nneɛma a Kristo ahyɛ nyinaa. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Bere a ebia yɛnam afie-afie adwuma, bɔnnɔ so adansedi, ne mmorɔn so asɛnka so kanyan wɔn a yehyia wɔn no anigye no, yɛma wɔbɛyɛ asuafo bere a yɛsan kɔ hɔ—kɔ yɛ Bible adesua ne sankɔhwɛ no. Ma nyansahyɛ a wobetumi de adi dwuma.

Dwom 14 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena