Asɛmmisa afa
◼ Nhoma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛne afoforofo sua ansa na wɔabɔ wɔn asu?
Ansa na obi behyira ne nkwa so ama Yehowa na wɔabɔ no asu no, ɛsɛ sɛ onya nokware nimdeɛ. (Yoh. 17:3) Obetumi anya nsɛm a ohia no denam Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no ne Nimdeɛ A Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no nyinaa a obesua no so. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ wodi kan sua Ahwehwɛde nhomawa no. Nanso, sɛ wofii adesua no ase wɔ Nimdeɛ nhoma no mu a, sɛ wowie a ɛsɛ sɛ wosua Ahwehwɛde nhomawa no nso. Dɛn nti na eyi ho hia?
Ahwehwɛde nhomawa no de Bible nkyerɛkyerɛ ahorow a wɔabɔ no mua ma. Sɛ wosua ɛno kan a, ɛbɛma osuani no anya ntease a ehia wɔ ahwehwɛde a ɛsɔ Yehowa ani no ho. Sɛ wosua ɛno twa to nso a, ɛbɛkaakae no nea wasua wɔ Nimdeɛ nhoma no mu yiye. Wɔ emu biara mu no, hyɛ osuani no nkuran ma ɔnhwehwɛ kyerɛw nsɛm a esi adesua no so dua no na ɔnwene ho. Hwɛ hu sɛ wobɛka mfonini no ho asɛm, efisɛ ɛboa ɔkyerɛkyerɛ.—Hwɛ January 15, 1997, Ɔwɛn-Aban nkratafa 16-17.
Bere a Bible suani no asua nhoma abien no nyinaa awie no, ebia obetumi abua nsɛmmisa a mpanyimfo ne no besusuw ho wɔ n’ahosiesie ma asubɔ mu no. Sɛ ɛba saa a, ebia ɛho renhia sɛ wɔne no yɛ adesua wɔ nhoma foforo biara mu, mmom no adesua sohwɛfo no betumi ama n’ani adi ne nkɔso akyi.—Hwɛ January 15, 1996, Ɔwɛn-Aban nkratafa 14, 17.