Nkɔanim a Ɛreba no Ama Ahenni Asa Pii Ho Abehia
1 Yehowa Nyankopɔn nam ne diyifo so ka siei bere tenten a atwam ni sɛ “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba.” (Hag. 2:7) Ɛnnɛ akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani tua adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ reboa nnipa pii ama wɔasua nokware no abɛyɛ Yehowa asomfo. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ wɔbɔɔ nnipa 4,761 asu wɔ 1998 ɔsom afe no mu, na wɔtew asafo afoforo 72. Sɛ nkɔanim a ɛte saa ba a, ɛnyɛ nwonwa sɛ Ahenni Asa pii ho behia denneennen.
2 Nhwehwɛmu a wɔayɛ no nnansa yi akyerɛ sɛ, sɛ Ahenni Asa ahorow no bɛsõ yɛn so a, gye sɛ afe biara wosi afoforo 60 kosi 80 ka ho. Asafo pii da so ara hyiam wɔ adan a wogye tua ho ka te sɛ ɔmanfo anigyebea ne sukuu dan mu. Bere a wɔde yɛ nhyiam wɔ hɔ no tumi sesa anaa ɛhɔ mpanyimfo no tumi gye dan no fi wɔn nsam bere biara a wɔpɛ. Bere biara a wɔbɛyɛ nhyiam wɔ mmeae a wogye tua ho ka saa no, ɛsɛ sɛ wɔbɛhyehyɛ nkongua ne nneɛma foforo na sɛ wɔpɔn a, wɔasan ayiyi. Wɔ mmeae a ɛtete saa no, ɛhɔfo no bɛte nka sɛ asafo no nni baabi a wɔsoɛ, na ebetumi asiw nkɔso kwan.
3 Dɛn nti na wontumi nsisi Ahenni Asa ntɛmntɛm sɛnea wɔretew asafo afoforo no? Nea egyina so titiriw ne sikasɛm. Wɔ nkurow akɛse pii mu no, nneɛma bo ayɛ den araa ma asafo a emu nnipa dɔɔso mpo ntumi ntɔ asase nsi Ahenni Asa wɔ so. Ɛno ara nso nti na anuanom ntumi ntɔ adan dedaw mfa nyɛ Ahenni Asa no. Asase ho nkrataa a ne nya yɛ den wɔ mmeae bi no nso ka ho bi na aba saa. Nea ɛbɛma wɔatumi asisi Ahenni Asa ntɛmntɛm no, Asafo ti de Asafo Ti Ahenni Asa Foto asi hɔ, na wɔapaw Ɔmantam Adansi Boayikuw ahorow.
4 Asafo Ti Ahenni Asa Foto: Asafo Ti Ahenni Asa Foto no ayɛ adwuma wɔ ɔman yi mu fi 1988. Wɔde ntoboa a ekogu foto a wɔde bɔ bosea yi mu no abɔ asafo ahorow bosea sɛ wɔmfa nsi wɔn Ahenni Asa. Bere a asafo ahorow no tua wɔn ka no nkakrankakra no, ɛma wonya sika de bɔ asafo afoforo nso bosea.
5 Yɛn kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ sɛ wɔkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, asafo ahorow (978 no mu) 188 yi ntoboa bɛyɛ ₵1,280,000 gu Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu ɔsram biara. Afei nso sɛ wɔkyekyɛ mu a, ankorankoro baanan yi ntoboa bɛyɛ ₵13,234 gu foto no mu ɔsram biara. Ayamye a ankorankoro ne asafo horow yi da no adi no yɛ fɛ paa. Yɛn ani sɔ mmɔden a wogu so rebɔ no yiye.—2 Kor. 8:1, 2.
6 Baabi a nneɛma akodu nnɛ no, sɛ wɔresi Ahenni Asa wɔ kurow ketewa bi mu a, ɛho ka bɛyɛ ₵33,000,000. Nanso sɛ wɔresi Ahenni Asa wɔ kurow kɛse mu a, ɛho ka bɛyɛ ₵71,000,000. Enti sɛ yɛhwɛ ntoboa a ɛreba seesei no a, ebegye bɛyɛ mfe abien ne fã ansa na yɛatumi aboaboa sika a ɛbɛsõ asafo ketewa bi Ahenni Asa si ano! Esiane sɛ sɛ wɔkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, wɔtew asafo foforo asia ɔsram biara nti, ɛda adi sɛ ɛho abehia denneennen sɛ wonya sika pii de sisi Ahenni Asa.
7 Ɔma honhom fi Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ akyɛde pa Mafo a ɔsen biara no hɔ. (Yak. 1:17 ) Enti so wo ne w’abusua betumi asuasua yɛn Agya yamyefo no de ayɛ mo botae sɛ daa mubeyi ntoboa agu Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu? Asafo ne amansin pii betumi ayɛ mmoa daa denam tirimbɔ bi a wɔbɛyɛ akyerɛ sɛ wɔmfa sika bi nkogu Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu. Ehia sɛ asafo horow bi nso yɛ tirimbɔ foforo na ama wɔanya sika no bi aka ho esiane sɛnea nneɛma bo kɔ soro no nti..
8 Ɔmantam Adansi Boayikuw Ahorow: Asafo ti apaw anuanom mmarima a wɔfata wɔ honhom mu a wɔwɔ adansi, nsase, aguadi, ahobammɔ, ne nneɛma afoforo mu suahu sɛ wɔnyɛ boayikuw ahorow yi mufo. Asafo ti ma wɔn akwankyerɛ ne ntetee foforo a wɔde besisi Ahenni Asa ahorow. Ahenni Asa Dwumadibea a ɛwɔ baa dwumadibea no na ɛhwɛ wɔn nnwuma so. Enti, ɛma wotumi nya akwankyerɛ a mfaso wɔ so de ma, fi adwuma no mfiase kosi n’awiei, sɛ́ dan no yɛ foforo a wɔresi anaa dedaw a wɔresiesie de ayɛ Ahenni Asa. Wɔde ahyɛ boayikuw ahorow yi mu biara nsa sɛ wɔmmoa mma wonsi Ahenni Asa wɔ “adansi mantam” pɔtee bi a amansin dodow bi na ɛwom mu. Seesei wɔde Ghana asafo biara ahyɛ boayikuw ahorow yi biako ase.
9 Wɔhyɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu na wɔwɔ gyinabea pa wɔ asafo no mu a wonim nnwuma pɔtee bi no nkuran sɛ wontu wɔn ho mma mmoa Ahenni Asa ahorow si. Adansi ho nimdeɛ ne nimdeɛ foforo nyinaa ho hia. Wɔn a wɔpɛ sɛ wotu wɔn ho ma no betumi anya Ahenni Asa Adwumayɛfo Akwammisa (S-82) nkrataa no bi afi wɔn asafo mu guamtrani anaa ɔkyerɛwfo no hɔ na wɔakyerɛ nnwuma a wɔyɛ te sɛ (abantofo, dorobɛn ho adwumayɛfo, duadwumfo, anyinam ahoɔden ho adwumayɛfo ne nea ɛkeka ho) anaa nnwuma foforo te sɛ agyapade totɔ, ahobammɔ, sɛnea wɔyɛ nneɛma a wɔbɛtotɔ ho kyerɛwtohɔ, sikasɛm ho akontaabu, ne mmara kwan so nkrataa a wogye. Sɛ yetu yɛn ho si hɔ wɔ saa kwan yi so a, edi adanse sɛ yɛwɔ ɔdɔ ma yɛn yɔnkonom a wɔbɛn yɛn paa—yɛn nuanom Kristofo no.—Mat. 7:12; 22:39; Yoh. 13:35.
10 Sɛ asafo bi resusuw ho sɛ wobesiesie dan dedaw bi anaa wobesi foforo a, ɛsɛ sɛ ɛhɔ mpanyimfo no kohu Ɔmantam Adansi Boayikuw no titrani ansa na adwuma no afi ase. Esiane ntetee ne akwankyerɛ a anuanom a wɔwɔ Ɔmantam Adansi Boayikuw no mu no anya afi Asafo ti hɔ nti, wɔwɔ suahu pii a ebetumi aboa ama wɔakwati ɔhaw ahorow bere a wɔretɔ agyapade anaa wɔreyɛ nhyehyɛe asi dan bi no.
11 Sɛ wɔrehwehwɛ asase a, ɛnyɛ ne bo nko na ɛsɛ sɛ wosusuw ho, na mmom ɛsɛ sɛ wosusuw nneɛma pii te sɛ ɛhɔnom mmara, adwuma pii a wɔbɛyɛ wɔ asase a nsu taa so, nneɛma a ebetumi apira nnipa anaa awuduru a wobeyi afi so, anaasɛ manso a ɛwɔ so ho. Enti nyansa wom sɛ asafo ahorow no kohu anuanom yi ntɛm koraa ansa na wɔatɔ agyapade biara, na ama wɔanya nyansahyɛ a mfaso wɔ so afi wɔn hɔ. (Mmeb. 15:22) Sɛ wɔma Ɔmantam Adansi Boayikuw no hu adan a wɔresisi wɔ mmeae a wɔde ahyɛ wɔn nsa no nyinaa a, wobetumi ayɛ nhyehyɛe ama adwumayɛfo akɔboa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi awie nnwuma no, a ɛremma adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw nyɛ adwuma mmoro so. Ɔmantam Adansi Boayikuw biara hyehyɛ adwumayɛfo a wɔhyɛ wɔn ase nyinaa din, na wɔyɛ bere nhyehyɛe ma wɔn.
12 Ahenni Asa Ko a Wobesi: Ɛwom sɛ asafo bi betumi anya sika a ɛbɛsõ dan no si a wɔrenhia bosea biara de, nanso ɛsɛ sɛ wosusuw ho fa ɔkwan a ɛwɔ hɔ a Asafo ti pɛ sɛ wɔfa so si dan no so na wɔammɔ ho ka pii. Eyi ma wɔde sika a ɛbɛka wɔ akyiri no yɛ teokrase nnwuma afoforo. (om-TW kr. 61; 2 Kor. 8:14) Sɛ́ asafo bi wɔ anuanom a wɔwɔ adansi ho nimdeɛ anaa wonni bi no, ansa na wobesi gyinae wɔ dan ko a wɔpɛ sɛ wosi ho no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ne asafo no adansi boayikuw no kohu Ɔmantam Adansi Boayikuw no ne wɔn a wɔne wɔn yɛ adwuma no, na wɔne wɔn susuw ɔkwan a wɔbɛfa so asi dan mũ no nyinaa ho, na wɔde Asafo ti plan ahorow no di dwuma sɛ akwankyerɛ. Ɛnyɛ ɔdan no ho ka nko na eyi bɛma ɛso atew, na mmom ɛbɛboa asafo no nso ma wɔasi dan a ɛnyɛ kuntann nanso biribiara a ehia wom. Esiane sɛ ntoboa na wɔde yɛ adwuma no nti, biakoyɛ kɛse a anuanom a wɔwɔ asafo no mu ne Ɔmantam Adansi Boayikuw no benya afi adwuma no ahyɛase kosi n’awiei no bɛma wɔde sika yi adi dwuma nyansa mu.
13 Asafo pii atumi de bosea a wɔanya afi anuanom a wɔwɔ saa asafo no mu hɔ asi Ahenni Asa foforo. Ɛtɔ mmere bi a wotumi tɔn asa dedaw bi de si foforo a ɛsõ sen no. Sɛ wobehia sika afi Asafo ti hɔ a, Ɔmantam Adansi Boayikuw no bɛboa asafo no ma wɔahyehyɛ boseabɔ ho nhwehwɛmu ne adebisa nkrataa no.
14 Ansa na mpanyimfo no bɛhwehwɛ bosea afi Asafo ti hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔde ntoboase bu sika a wɔde besi dan no ho akontaa pɛpɛɛpɛ. Afei nso ɛsɛ sɛ mpanyimfo no sẽsẽ hu (1) ntoboa dodow a wobenya no mfiase de atotɔ nneɛma ayɛ dan no ho adwuma, (2) bosea dodow a wobetumi anya afi asafo ahorow a wobesi dan no mufo hɔ, ne (3) ntoboa dodow a ɔsram biara wobenya de adi asafo no ahiade ho dwuma asan anya bi atua bosea a wobegye afi Asafo ti hɔ no bi. Sɛ wɔkyekyɛ nkrataa a wobegyina so asẽsẽ sika yi a, ɛnsɛ sɛ obiara kyerɛw ne din wɔ so bere a ɔde rema no. Ɛho hia sɛ obiara susuw ntoboa ne bosea a ɔpɛ sɛ ɔde ma no ho yiye hwɛ sɛ n’ahoɔden betumi ansa, na ɔkyerɛw, efisɛ ɛno na mpanyimfo no bɛkeka abom agyina so asi gyinae a emu yɛ duru ama asafo no.
15 Akwan a Wɔfa so Sisi Adan No: Mpɛn pii no, ‘ɔkwan tiaa’ a wɔfa so si dan no na Ɔmantam Adansi Boayikuw no ani gye ho, efisɛ mfaso pii wɔ saa kwan yi so. Seesei a wɔanya mu suahu pii na wɔatete adwumayɛfo pii a wɔreboa wɔ adwuma no yɛ mu no, adansi no betumi akɔ ntɛm. Nneɛma bi a wɔayiyi afi mu no ama wɔatumi de nnipa kakraa bi asisi adan wɔ bere tiaa mu. Boayikuw ahorow a wɔapaw wɔn no yɛ nhyehyɛe ma adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw kɔ adwumayɛbea hɔ bere a wɔn nimdeɛ ho behia paa no nkutoo. Eyi mma adwumayɛfo pii nkogu adwuma biako ho, na ɛma wonya bere pii ma wɔn mmusua ne wɔn asafo dwumadi.
16 Nnansa yi nhwɛso pii akyerɛ mfaso a ɛwɔ saa kwan yi so. Wɔde nnafua 23 sii Ahenni Asa fɛfɛ foforo bi wɔ Prestea (efi ne nnyinaso so kosi ne mmɔso so). Wohyiraa so wɔ October 31, 1998. Efi saa bere no, wɔafa ɔkwan tiaa so asi Ahenni Asa wɔ Afiaman ne Kaneshie wɔ Accra, ɛne Wa wɔ Upper West Mantam no mu.
17 Wɔama Ɔmantam Adansi Boayikuw ahorow no akwankyerɛ sɛ wɔnhyehyɛ dwumadibea ahorow mfa mpanyimfo a wɔfata ntuatua ano. Wobetumi ato nsa afrɛ anuanom mmarima a wɔfata a wɔwɔ asafo ahorow mu ama wɔaboa wɔ saa dwumadibea ahorow no mu. Ɛsɛ sɛ asafo no Ahenni Asa adansi boayikuw no ne Ɔmantam Adansi Boayikuw no de biakoyɛ kɛse yɛ adwuma bere a wɔretoto nneɛma ne bere a wɔresi dan no. Ɛsɛ sɛ wɔwɔ hɔ fi adwuma no mfiase kosi n’awiei. Sɛ biribi a wɔnhwɛ kwan ba ma ɛho behia sɛ wosisi gyinae atitiriw bi a, Ɔmantam Adansi Boayikuw no bɛba abehu saa anuanom yi. Ɛsɛ sɛ asafo no adansi boayikuw no susuw nyansahyɛ a Ɔmantam Adansi Boayikuw no de bɛma wɔn wɔ dan ko a wobesi, akwan a wɔbɛfa so asi no, ne sɛnea wɔbɛtoto nneɛma ho no ho, efisɛ ɛnonom na ɛbɛma wɔasi dan a ɛho ka nyɛ kɛse. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde sika bedi dwuma yiye no, ansa na wobeyi sika afi dan no ho foto mu de adi biribi kɛse bi ho dwuma no, ɛsɛ sɛ Ɔmantam Adansi Boayikuw no pene so.
18 Ɔmantam boayikuw ahorow no bɔ mmɔden hwehwɛ nnipa a wonim adwuma a wɔwɔ asafo ahorow a wobehyiam wɔ Ahenni Asa foforo a wɔrebesi anaa dedaw a wɔrebesiesie no so no mu na wɔde wɔn ayɛ adwuma. Wɔne anuanom yi yɛ adwuma, na wɔkyerɛ wɔn nnwuma pii. Bere a anuanom a wɔn ho akokwaw wɔ honhom mu yi abenya nimdeɛ a ehia no, wobetumi aboa ama wɔasisi Ahenni Asa foforo wɔ mpɔtam hɔ. Enti ɛsɛ sɛ anuanom a wɔwɔ asafo ahorow a wɔresi Ahenni Asa no mu no da ahofama ne biakoyɛ honhom adi, a wɔnhwɛ kwan sɛ Ɔmantam Adansi Boayikuw no ne wɔn adwumayɛfo no na ɛbɛyɛ wɔn Ahenni Asa no ho adwuma nyinaa ama wɔn. (Neh. 4:6b) Sɛ anuanom nya ntetee wie a, ɛsɛ sɛ wofi ɔdɔ mu boa ma wosisi Ahenni Asa ma asafo afoforo a wɔn nso hia dan foforo a ɛfata denneennen no.—Neh. 5:19; Fil. 2:3.
19 Asafo ahorow bɔ ka pii wɔ Ahenni Asa si ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ hu sɛ wɔde sika no bedi dwuma sɛnea ɛsɛ. Ɛho hia sɛ wɔyɛ sikasɛm ho kyerɛwtohɔ a edi mũ na ɛkɔ akyiri, na wɔde ho amanneɛbɔ a emu da hɔ ma asafo ahorow a wɔrebom asi no. Ɛsɛ sɛ Ɔmantam Adansi Boayikuw no fa ahwɛfo aguamtrafo no so hwɛ hu sɛ asram abiɛsa biara wɔbɛhwehwɛ adansi foto no ne sikasɛm a ɛbata ho biara mu bere a wɔtaa de hwehwɛ asafo no sikasɛm mu no. Ɛsɛ sɛ wɔde adwuma a ɛwom ne ho ka nyinaa to asafo no anim ma wɔpene so. Sɛ wosi dan no wie a, ɛsɛ sɛ wobu sika a wɔde adi dwuma no nyinaa ho akontaa. Ɛsɛ sɛ wɔde sika a wɔde sii dan no ho kyerɛwtohɔ a edi mũ biako ma Ɔmantam Adansi Boayikuw no.
20 Obiara Betumi Aboa: Wɔn a wontumi ntu wɔn ho mma no nso betumi ayɛ adwuma pa denam asafo no mu nnwuma a wɔbɛyɛ bere a afoforo resi Ahenni Asa no so. Sɛ wɔresi Ahenni Asa wɔ baabi a ɛbɛn mo asafo no a, mo asafo no mu adawurubɔfo a wonni adansi ho nimdeɛ no betumi akɔyɛ nnwuma a obiara tumi yɛ bi no de aboa. Saa adwumayɛfo yi de, wɔrenhyehyɛ Adwumayɛfo Akwammisa krataa no bi. Sɛ wohia nnipa a, wɔnam asafo ahorow a wɔresi dan no ne asafo ahorow a ɛbɛmmɛn hɔ no mpanyimfo so yɛ ho nhyehyɛe ma ebinom kɔboa bere tiaa mu. Eyi akyi no, yɛn nyinaa wɔ hokwan sɛ yeyi ntoboa daa gu Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu sɛnea yɛn nsɛm tebea bɛma ho kwan.
21 Wɔn a wɔyɛ Ɔmantam Adansi Boayikuw no mufo ne adwumayɛfo no ne wɔn mmusua nyinaa fata nkamfo paa wɔ ayamye ne ahofama honhom a wɔda no adi de boa sisi adan pii a yehia wɔ Yehowa ahyehyɛde a ɛretrɛw mu no ho. Yɛn nyinaa betumi ada ayamye su adi na yɛakyerɛ anisɔ denam anuanom yi a wɔhwɛ adansi adwuma no so a yɛne wɔn bɛyɛ biako no so. Saa kwan yi so no, anigye na wɔde bɛyɛ adwuma a ɛho hia no, na ɛnyɛ ahomegu. (Aso. 14:26; Heb. 13:17) Yiw, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ani gye bere a yɛyɛ otwa adwuma no. Ɛsɛ sɛ yenya biakoyɛ honhom—bom yɛ adwuma, na yɛboa adwuma a ɛho hia yi kosi ase.—Dw. 133:1.
22 Seesei yehia Ahenni Asa sen bere biara. Yɛda Yehowa ase sɛ waka n’asomfo anokwafo koma ama wɔde wɔn nimdeɛ ne wɔn ahode reboa Ahenni Asa ahorow no si. Bere a yɛhwɛ daakye kwan no, yɛbɔ mpae sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira Ahenni Asa adansi adwuma no. Sɛ yefi koma nyinaa mu boa a, yebetumi akyerɛ Ahenni Asa no ne sɛnea ɛreboa yɛn ma yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran na ‘yɛtwetwe yɛn ho yɛn ho kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu’ no ho anisɔ.—Heb. 10:24, 25.
[Kratafa 3 mfonini]
PRESTEA
Ɛdan a wɔde nnua agyina de blɔk a wɔatutu mu ntokuro fɛfɛɛfɛ ahyehyɛ, de ntayaa abɔ so
[Kratafa 4 mfonini]
WA
Ɛdan a wɔde nnua agyina de nkyɛnsee abɔ so
[Kratafa 5 mfonini]
KYEKYEWERE
Ɛdan a wɔde blɔk ato de ntayaa abɔ so