Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/91 kr. 1
  • Ɔfã 2: Anigye A Wobɛma Ayɛ Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 2: Anigye A Wobɛma Ayɛ Kɛse
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AHOSIESIE HO HIA
  • SƐNEA WUBESIESIE WO HO
  • Wode Reasoning Nhoma no Reyɛ Adwuma?
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Ahosiesie a Wodi Kan Yɛ De Anigye Ba
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Fa Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn Di Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Fa Reasoning Nhoma No Di Dwuma Wɔ Wo Som Adwuma Afã Horow Nyinaa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 9/91 kr. 1

Fi Ɔkra Nyinaa Mu Yɛ Asɛnka Adwuma No

Ɔfã 2: Anigye A Wobɛma Ayɛ Kɛse

1 Sɛ yɛpɛ dwumadi bi a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn ani begye ho. Ɛyɛ ampa nso sɛ obi ani gye biribi a wasiesie ne ho wɔ ho yɛ ho. Ɛte saa ara wɔ yɛn som adwuma a yebewie koraa no mu.​—2 Tim. 4:5.

AHOSIESIE HO HIA

2 Yɛn anigye wɔ asɛnka mu no fa sɛnea yɛasiesie yɛn ho yiye ne sɛnea yɛtaa kɔ asɛnka no ho tẽẽ. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi a yehyia no wɔ afie afie som adwuma no mu kyerɛ sɛ ɔyɛ Ɔkramoni a, dɛn na yebetumi aka? Ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye betumi aka sɛ: “Ɛyɛ anigyesɛm. Nkramofo kakraa bi na me ne wɔn abɔ nkɔmmɔ. Nanso makenkan mo som no nkyerɛkyerɛ kakra ho asɛm wɔ nhoma yi mu. [Bue Reasoning nhoma no kratafa 23.] Ese mugye di sɛ na Yesu yɛ odiyifo, nanso Muhammad ne odiyifo a ne ho hia sen biara a otwa to. So ɛnte saa? [Ma ommua.] So wugye di nso sɛ na Mose yɛ nokware diyifo? [Ma ommua, ebia ɔbɛpene so.] So metumi de nea Mose suaa fii Onyankopɔn hɔ faa Onyankopɔn din ankasa ho no akyerɛ wo wɔ Kyerɛw Kronkron no mu?” Afei wubetumi akenkan Exodus 6:3. Saa kwan yi so no, ebia wubefi nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye ase.

3 Ɛyɛ den ma yɛn mu pii sɛ yɛbɛkae nkratafa bi nɔma pɔtee. Nanso sɛ yesiesie yɛn ho na yesuasua nea a yɛbɛka akyerɛ no kakra a, yebetumi de ɔfã a wɔfrɛ no “Conversation Stoppers” a ɛwɔ Reasoning nhoma no mfiase no adi dwuma. Nea a ɛwɔ saa afã hɔ no mu bi ne nsɛm a ekura nkratafa pii a ɛbɛboa yɛn ma yɛabua nkurɔfo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ asɔre pɔtee bi mufo no.

4 Reasoning nhoma no wɔ nnianim nsɛm afã a eye nso. Dɛn nti na wonhwɛ eyinom so nsiesie wo nnianim nsɛm? Ebia ebehia sɛ yɛsakra asɛm a yɛka kyerɛ no mu ma ɛne tebea no hyia. Ɔfã bi a ese “If Someone Says” wɔ Reasoning nhoma no nsɛmti pii awiei, na ɛde nokwasɛm ma de bua asɛmti no ho nsemmisa anaa anoyi ahorow pɔtee. Nanso, nsɛm a eye yi nyinaa ho ba mfaso bere dodow a yɛde di dwuma wɔ yɛn ahosiesie mu no nkutoo.

SƐNEA WUBESIESIE WO HO

5 Hu nhoma biara a wobesusuw ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase no, fa kɔ nhyiam no na hwɛ mu bere a mususuw ho na wɔyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow no. Wonam saa kwan no so benya afoforo ahosiesie mu mfaso akosi ase.

6 Mfaso wɔ so sɛ wode bere bi besiesie wo ho ama asɛnka. Hwɛ hu sɛ woakogye nhoma a wuhia no. Fa simma kakra hwɛ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu. Hwɛ kyerɛw nsɛm a wɔde adi dwuma no mu, na hwehwɛ nhoma a wode bedi dwuma no mu nsɛntitiriw pɔtee a wobɛka ho asɛm. Eyi a mobɛbom ayɛ sɛ abusua no bɛboa mo.

7 Munsuasua sɛnea mode bedi dwuma no. Mubetumi asua wɔ mmere horow mu​—wɔ Asafo Nhoma Adesua akyi, bere a moahyiam regye mo ani, sɛ kuw a mote kar mu, ne bere a mufi ofi biako mu rekɔ foforo mu. Nea yɛbɛka akyerɛ ne sɛnea yebedi anoyi ahorow ho dwuma ho a yebesusuw ne ho ɔyɛkyerɛ betumi ayɛ anigye yiye, na ɛbɛma yɛn ho atumi akokwaw kɛse.

8 Nsiyɛ a yɛde besiesie yɛn ho bɛma yɛanya ɔsom adwuma no ho anigye kɛse, na ama yɛatumi ayɛ adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw na yɛanya akomatɔyam a ɛyɛ anigye.​—Yoh. 2:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena