Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/91 kr. 1
  • Yi Onyankopɔn Din Ayɛ Kosi Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yi Onyankopɔn Din Ayɛ Kosi Ase
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • KƆ SO YI ONYANKOPƆN DIN AYƐ
  • SIESIE WO HO YIYE
  • Obiara Betumi Anya Mu Kyɛfa
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Yɛ Ɔsɛmpakafo Adwuma
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhomawa Ahorow a Yɛde Befi Adesua Ase So
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Fa Boasetɔ Yɛ Ade Fefeefe Wɔ Ɔsom Adwuma No Mu
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 9/91 kr. 1

Yi Onyankopɔn Din Ayɛ Kosi Ase

1 Hwɛ sɛnea yedi Yehowa nhyira pii no ho ahurusi! Ghana ha no, yɛn asɛnka dwumadi nyaa nkɔanim ɔkwan a ɛhyɛ nkuran so wɔ ɔsom afe a ɛbaa awiei yi ara no mu, wɔ ɔhaw ahorow a yehyia nyinaa akyi. Nnipa a wɔn dodow sɔ ani yiye a ɛyɛ 78,535 na wɔbaa Nkaedi no ase. Yɛn nyinaa anya honhom fam aduan pii a wɔde mae wɔ yɛn ɔmansin nhyiam ne da koro nhyiam titiriw dwumadi fɛfɛ no mu mu mfaso. Yɛanya nhyira afoforo pii nso.

2 Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ nea Yehowa yɛ ma yɛn no nyinaa ho anisɔ? Yebetumi ayɛ saa denam Onyankopɔn din a yebeyi no ayɛ akosi ase no so!​—Dw. 145:21.

KƆ SO YI ONYANKOPƆN DIN AYƐ

3 Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayi Yehowa din ayɛ akosi ase wɔ September mu? Yɛbɛkɔ so de brochure a ɛte sɛ nsɛmma nhoma no adi dwuma. Ɛdenam nsiyɛ a yɛde besiesie yɛn ho ne brochure ahorow a yɛbɛpaw de akɔ asɛnka so no, yebesiesie yɛn ho ayi Yehowa ayɛ, na yebetumi aboa afoforo ma wɔasua sɛnea wɔn nso wobetumi ayi no ayɛ.

4 Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ne “Wiase Foforo Bi​—Hena na ɔde Bɛba?” Yebetumi asiesie nnianim nsɛm a ɛfata a egyina Reasoning nhoma no nkratafa 9-15 so. Afiewuranom binom bɛyɛ krado sɛ wɔne wo besusuw nea wiase akannifo reka wɔ anidaso a wɔwɔ mprempren sɛ wɔbɛma wiase no ayɛ papa no ho. Ɛwom sɛ nnipa pii hwehwɛ asomdwoe de, nanso Yeremia 10:23 kyerɛ sɛ onipa rentumi nni nankasa haw ahorow ho dwuma. Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ese ɔbɛyɛ nnɛ wiase no mu tebea horow ho biribi no bɛbam. Yehu saa bɔhyɛ yi wɔ 2 Petro 3:13. Sɛ ɛda adi sɛ ofiewura no ani gye ho ampa a, fa brochure a ɛfata ma no.

SIESIE WO HO YIYE

5 Sɛ yebetu mpɔn wɔ afoforo a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no mu a, ahosiesie ho hia. Dɛn nti na wo ne abusua no mufo afoforo, nea ɔkyerɛɛ wo nokware no, anaasɛ wo nhoma adesua kuw no muni bi mmom nsiesie mo ho? Ɛdenam asɛm a wobɛka akyerɛ no a wubesuasua sɛnea wobɛka no so no, wubenya ahotoso kɛse, na wobɛda gyidi a w’ankasa wowɔ no adi, bere a wokasa kyerɛ nkurɔfo wɔ asasesin no mu no.

6 Ɛsɛ sɛ nsɛm a yɛka kyerɛ no da nkurɔfo ho anigye a yɛwɔ adi. Si wiase foforo no ho bɔhyɛ a ɛwɔ Bible no mu so dua na ama wɔn a wɔabobɔw na wɔn aba mu abu no anya anidaso. Sɛ ofiewura no gye brochure no a, wubetumi akyerɛ no yɛn Bible adesua nhyehyɛe no. Anaasɛ wubetumi asi gyinae sɛ ɛbɛyɛ nea ɛfata kɛse sɛ wobɛyɛ saa wɔ sankɔhwɛ mu.

7 Bere a yefi ɔsom afe foforo no ase no, hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yebenya Yehowa nhyira pii! Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa de nhyehyɛe yi bere a aka no bedi dwuma ayi Yehowa din ayɛ akosi ase, bere a yɛde ahopere hwɛ kwan sɛ yɛbɛsom Yehowa daa wɔ ne wiase foforo no mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena