Asemmisa Afã
● Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛde yɛn nhoma di dwuma nyansam nti, nsakrae bɛn na yebetumi ayɛ wɔ nhoma a yɛde ma wɔ borɔn so adansedi mu no mu?
Bere a na wɔrebetintim eyi no, na nsa da so ara da yɛn dwumadi so, na ɛkyerɛ sɛ yɛrentumi nyɛ borɔn so adansedi wɔ mmeae pii. Yebetumi ahyɛ nsɛntitiriw a edidi so yi nsow na yɛde adi dwuma kɛse bere a wɔayi nsa afi yɛn dwumadi so no.
Sɛ yɛreyɛ borɔn so adansedi a, ɛfata sɛ yekura nsɛmma nhoma no anaa nhoma ahorow no wɔ yɛn nsam de kɔ nnipa no nkyɛn. Botae a ɛsɛ sɛ yenya ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ne nnipa no abɔ nkɔmmɔ. Saa kwan no so no, yebetumi ahu sɛ ebia onipa a yɛne no ahyia no ani gye ho yiye, na ɛsɛ sɛ yegye ne din ne n’address, na yɛatumi ayɛ nhyehyɛe asan akɔsra no. Sɛ yebetumi ne no abɔ nsɛmma nhoma no mu asɛm bi ho nkɔmmɔ tiawa a, ɛno bɛyɛ papa. Wɔ tebea bi mu no, ebia ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo no ne onipa no bɔ anan nantew bere a ɔne no rebɔ nsɛmma nhoma no mu nsɛm ne so mfaso ho nkɔmmɔ no.
Nanso, ɛsɛ sɛ yɛda nhumu adi na yedwen onipa no ho. Ebia nnipa a yehyia wɔn no mu pii pɛ ntɛm yiye, na ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yebehu sɛ wɔwɔ ho anigye. Wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde kratawa bi kɛkɛ bɛma de akanyan wɔn ma wɔanya yɛn nhoma no pii ho anigye bere a wohyia yɛn bio no, anaa yɛde bere tiaa bi di dwuma de nsɛmma nhoma no ma wɔn.
Ɛdenam borɔn so adwuma a yɛbɛyɛ wɔ mmeae bi wɔ mmere horow mu atoatoa so so no, nkurɔfo behu yɛn na ebia wɔn ani begye ho sɛ wɔne yɛn besusuw nsɛm ho bere a wɔanya hokwan no, ma enti ɛbɛma yɛanya bere pii de ahu anigye a wɔwɔ no.
Yɛpɛ sɛ nnipa pii kenkan yɛn nhoma ahorow. Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden paw bere a ɛfata a yɛde nhoma no bɛma. Saa a yɛbɛyɛ no betumi ama yɛayɛ nhyehyɛe asan akɔ anigyefo a yɛanya wɔn no nkyɛn.