Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/11 kr. 2
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wubu Yɛn Nhoma no sɛ Ɛsom Bo?
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • So Ɛsɛ Sɛ Yɛde Nhoma Kyɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Yɛn Nhoma Horow No A Yɛde Bedi Dwuma Nyansa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 12/11 kr. 2

Asɛmmisa Afã

◼ Dɛn na yegyina so hu sɛ ɛsɛ sɛ yɛma obi nhoma?

Nea yegyina so titiriw de hu ne anigye a onipa no kyerɛ. Sɛ ofi komam kyerɛ asɛm no ho anigye a, yebetumi ama no nsɛmma nhoma abien, nhomawa, nhoma, anaa nhoma foforo biara a yɛde reyɛ adwuma no bi. Sɛ yehu sɛ sika a ɔwɔ no sua anaasɛ onni bi koraa a ɔde beyi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no mpo a, yebetumi de ama no. (Hiob 34:19; Adi. 22:17) Nanso, yɛmpɛ sɛ yɛde yɛn nhoma a ɛsom bo no ma wɔn a wɔnkyerɛ ho anisɔ no.—Mat. 7:6.

Dɛn na ofiewura bi yɛ a, ɛbɛkyerɛ sɛ n’ani gye asɛm no ho? Sɛ ofi ne pɛ mu ne yɛn bɔ nkɔmmɔ a, ɛyɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ n’ani gye ho. Sɛ otie yɛn bere a yɛrekasa, obua yɛn nsɛmmisa, na ɔkyerɛ n’adwene a, na ɛkyerɛ sɛ ɔrenya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa. Sɛ yɛrekenkan Bible no na ɔde n’ani di akenkan no akyi a, ɛda no adi sɛ ɔwɔ obu ma Onyankopɔn Asɛm. Mpɛn pii no, sɛ yebisa onii no sɛ ɔbɛkenkan nhoma a yɛde rema no no a, ɛboa paa. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo de atɛmpa di dwuma na ama wɔahu anigye a onipa no wɔ. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛreyɛ mmɔnten so adansedi a, ɛrenyɛ papa sɛ yɛde nsɛmma nhoma, nhomawa, anaa nhoma bɛma obiara kɛkɛ a ɔretwam no. Sɛ yentumi nhu sɛ onipa no ani gye asɛm no ho a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛma no nsaano krataa anaa kratawa bi.

Saa ara nso na nhoma dodow a ɔdawurubɔfo bi hia na ama wayɛ ne som adwuma no so na obegyina agye nhoma, na ɛnyɛ ntoboa a obetumi ayi wɔ ho no. Yɛmmfa ntoboa nntua nhoma ho ka, na mmom yɛde boa ɔsom adwuma no afã horow nyinaa. Ɛmfa ho sɛnea yɛn sikasɛm te biara no, anisɔ bɛka yɛn ma yɛayi yɛn yam de nea yɛwɔ aboa Ahenni adwuma no, na ɛnyɛ nea yɛanya ma aboro so. (Mar. 12:41-44; 2 Kor. 9:7) Ɛbɛka yɛn nso ma yɛafa nhoma a yehia nkutoo sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrensɛe ntoboa a yeyi de yɛ ɔsom adwuma no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 2]

Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo de atɛmpa di dwuma na ama wɔahu anigye a onipa no wɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena