Fa Boasetɔ Yɛ Ade Fefeefe Wɔ Ɔsom Adwuma No Mu
1 Ɔsomafo Paulo maa asɛyɛde a na ɔwɔ wɔ Yehowa anim sɛ ɛsɛ sɛ ɔde boasetɔ yɛ ade fefeefe no traa n’adwenem yiye, bere a ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a na wobetie nyinaa no. Ɔde ahotoso ka kyerɛɛ ahwɛfo a wofi Efesofo a na wɔahyiam no sɛ: “Na memfa eyi menyɛ biribi, nanso mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ɔsom a minyae Awurade Yesu nkyɛn sɛ minni Nyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse no.” (Aso. 20:24) So yehu asɛyɛde a ɛda yɛn so sɛ yɛnyɛ saa ara no?—1 Kor. 9:16.
ASASESIN MU ADWUMA A YƐBƐYƐ NO NNIDISO NNIDISO
2 Wɔ ɔman yi afã horow bi no, wotumi yɛ asasesin no mu adwuma nnidiso nnidiso. Nanso, eyi yɛ nyɛ mmerɛw wɔ mmeae pii, na mpɛn pii no, anuanom nkɔ afie bi mu wɔ asɛnka mu, wɔ bere a nsa da yɛn dwumadi so yi mu. Sɛ saa mpo a, yebetumi ayɛ asasesin no mu adwuma nnidiso nnidiso denam san a yɛbɛsan akɔ asasesin koro no ara mu, nanso saa bere yi mu de, yɛbɛkɔ afie a yɛankɔ mu wɔ bere a atwam no mu no mu.
3 Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛmfa Afie Afie Kyerɛwtohɔ kratasin no nni dwuma yiye, na ama yɛatumi asan akɔsra wɔn a wɔwɔ asɛm no ho anigye no. Da boasetɔ adi na boa nnipa komapafo nkakrankakra ma wonhu Onyankopɔn Ahenni no ho anidaso a egyina Bible so no.
4 Ɛtɔ mmere bi a, yɛkɔ nkurɔfo a ɛwom sɛ wɔda anigye bi adi nkyɛn de, nanso wonnye yɛn nhoma. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn? Mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ ade fefeefe no bɛkanyan yɛn ma yɛamia yɛn ani akɔ so akanyan saa anigye no ma ayɛ kɛse. Ebia nea yɛadua wɔ wɔn komam a yɛbɛma anyin no bɛkanyan wɔn ma awiei koraa no, wɔapene Bible adesua so. Onua bi kɔɔ ofiewura bi a ɔkyerɛ anigye nkyɛn toaa so adapɛn anum a wannye nhoma. Nsrahwɛ a ɛto so asia no mu no, ofiewura no gyee nhoma, na awiei koraa no, wofii Bible adesua ase.
BROCHURE AHOROW NO A YƐDE BƐMA
5 August ne September mu no, yɛn Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no bɛyɛ “Wiase Foforo Bi—Hena na Ɔde Bɛba?” Ɛnyɛ den koraa sɛ wode asɛmti yi bedi dwuma bere a wode brochure ahorow a edidi so yi biako biara rema no: Nya Asetra Mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” The Divine Name That Will Endure Forever, ne Nniso a Ɛde Paradise Bɛba. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa yɛn brochure ahorow no di dwuma kɛse wɔ saa ɔsatu yi mu. Nnipa pii betumi atua bo a yɛde gye no, na emu nkrasɛm no yɛ ntiantiaa. Sɛ yegye bere de hu brochure ahorow yi mu nsɛm yiye a, yebenya nsɛm dodow bi a ɛfata a yebetumi ne afoforo abɔ ho nkɔmmɔ, na yɛde ɛne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no adi dwuma.
6 Sɛ nhwɛso no, yebetumi ada yɛn ho adi wɔ ɔkwan a ɛfata so, na afei yɛaka sɛ: “Wudwen onipa bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔde wiase asomdwoe bɛba no ho dɛn? [Ma ommua.] Hwɛ sɛnea Bible no ka nea onipa betumi ayɛ wɔ eyi ho no ho asɛm. [Kenkan Yeremia 10:23.] Mfehaha pii a atwam no mu no, onipa ada ne ho adi sɛ ontumi nni n’ankasa ho so. Nanso, hyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛbɛbam yi nsow. [Kenkan 2 Petro 3:13.] Enti Onyankopɔn nokware bɔhyɛ a ɛfa asase foforo ho no bɛbam.” Afei yebetumi ahyɛ ofiewura no nkuran sɛ ɔnkenkan brochure no biako. Sɛ yɛde “Hwɛ!” brochure no redi dwuma a, yebetumi atwe ofiewura no adwene asi nea wɔka wɔ kratafa 30, nkyekyem 58 no so. Sɛ yɛde Nniso brochure no rema a, yebetumi asi nea wɔaka wɔ nkyekyem a edi kan wɔ kratafa 3 no mu no so dua. Mfonini a ɛwɔ Asase so Asetra brochure no akyi no kanyan anigye yiye, na ɛne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no hyia. Afei nso, yebetumi de nkyekyem a ɛto so abiɛsa a ɛwɔ Divine Name brochure no kratafa 31 no adi dwuma.
7 Boasetɔ a yɛde bɛyɛ yɛn asasesin mu adwuma fefeefe no bɛma wɔn a wotie yɛn no anya nkwagye. (1 Tim. 4:16) Bere a aka no yɛ tiaa! Enti ɛmmra sɛ yebenya boasetɔ na yɛadi adanse fefeefe, bere a yenya nkwagye asɛmpa yi ka mu kyɛfa kɛse no.