Fa Reasoning Nhoma No Di Dwuma Wɔ Wo Som Adwuma Afã Horow Nyinaa Mu
1 So wode Reasoning nhoma no redi dwuma wɔ wo som adwuma no mu? Ɛda adi sɛ wotaa hyia nsɛm ahorow bi a Wɔde yi wɔn ho ano bere a wokɔ afie afie no. Ebia eyi besiw mmɔden a wobɔ sɛ wobɛkanyan ofiewura no anigye no ano. Ebia wɔbɛka sɛ: “M’ani nnye ho,” “Minni adagyew,” anaasɛ “Mewɔ m’asɔre.” Sɛ nsɛm a wɔka de yi wɔn ho ano a ɛte sɛɛ bɛyɛ akwanside a, ɔkwan biara so no, gye bere kakra na susuw nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 15-24 no biako anaa nea ɛboro saa ho bere a wufi ofi biako mu kɔ foforo mu no.
2 Nea wunim wɔ nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ho no bɛboa wo ma woapaw mmuae a ɛbɛboa wo ma woatoa nkɔmmɔbɔ no so. Bɔ mmɔden sɛ wode nsɛm no bedi dwuma sɛnea epue wɔ Reasoning nhoma no mu pɛpɛɛpɛ Anuanom a wɔn ho akokwaw atumi asusuw ho yiye na wɔde adi dwuma ma asow aba. Ɛrenkyɛ wubetumi anya mmuae pa ama nnipa a wɔmma nkɔmmɔbɔ ho kwan no.
SANKƆHWƐ NE BIBLE ADESUA
3 Wɔ wo nsrahwɛ a edi kan no mu no, ebia wubetumi ahu sɛ ofiewura no ani gye asɛmti pɔtee bi ho. Sɛ woresiesie wo ho ama sankɔhwɛ a, hwehwɛ asɛmti yi wɔ Reasoning nhoma no index no mu. Sɛ wɔaka asɛmti no ho asɛm wom a, ebia wubenya nyansahyɛ bi a ɛma wunya ɔkwan tẽẽ a ɛkari pɛ a wobɛfa so anaasɛ Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi a ɛho bɛba onipa no mfaso.
4 Sɛ asemmisa bi sɔre wɔ Bible adesua no mu na wuhu sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wubebua ansa na woakɔ a, hwɛ Reasoning nhoma no index no mu anaa nsɛmti atitiriw a wɔahyehyɛ wɔ anim no mu. Sɛ nhwɛso no, ebia na obi aka akyerɛ onigyeni no sɛ Yehowa Adansefo yɛ awaefo kuw. Wɔde nsɛm a wuhia no ama wɔ kratafa 202. Wubetumi ahu no ntɛm denam hwehwɛ a wobɛhwehwɛ “Yehowa Adansefo” wɔ “Nsɛmti Atitiriw” (Principal Subjects) no ase no so. Wubetumi ahu asɛm pɔtee no ntɛm mpo denam hwɛ a wobɛhwɛ “awaefo” (Cult anaasɛ Sect) wɔ index no mu no so. Mma ɛnhaw wo sɛ wobɛkenkan mmuae no sɛnea epue wɔ nhoma no mu no na wo ne osuani no asusuw ho bio. Mma ɛnhaw wo sɛ osuani no hu sɛ worehwehwɛ ɛho nsɛm afoforo wɔ ɔkwan yi so.
5 Bere a onuawa biako rekyerɛ Reasoning nhoma no ho anisɔ a wanya no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea mode anifere ne akokoduru ka nsɛm a ɛtaa yɛ den sɛ wɔbɛka ho asɛm ho asɛm no yɛ nhyira a eye ma yɛn.” Bere a yehu adwinnade a eye yi yiye na yɛde di dwuma wɔ asɛnka mu no, yebetumi adu nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no komam yiye.