Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Reasoning From The Scriptures Nhoma No Mmoa So
1 “So wo yam a anka wutumi susuw Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho wɔ ɔkwan a etu mpɔn kɛse so? So nsemmisa bi wɔ hɔ a wuhyia wɔ asɛnka mu a ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛma ho mmuae wɔ ɔkwan a etu mpɔn so? So w’ani begye sɛ wubenya eyi ho mmoa bi sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛbua koma pafo a wɔwɔ mo hɔ ma wɔabehu nokware no?” Sɛ nsɛm a ɔkasafo no bisae wɔ “Mudi Mu Kurafo” Nhyiam no ase yi ho mmuae a wode mae ne yiw a, ɛnde yegye di sɛ w’ani gyee amanneɛ a wɔbɔe sɛ Asafo ti no ayi nhoma foforo, Reasoning From the Scriptures, adi ama asɛnka adwuma no ho. Efi bere a woyii adwinnade fɛfɛ yi adi no, so wode adi dwuma kɛse na wo ne afoforo ‘asusuw nea woka no ho, akyerɛkyerɛ mu adi ho adanse’ afi Kyerɛwnsɛm no mu?—Aso. 17:2, 3.
BERE A ƐSƐ SƐ WODE REASONING NHOMA DI DWUMA
2 Sɛ woresiesie wo ho ama afie afie adwuma a, ɛfata titiriw sɛ wubesusuw nnianim nsɛm fɛfɛ a ɛwɔ ne mfiase mu hɔ no bi ho. So wubetumi de eyinom biako adi dwuma anaasɛ wobɛdannan mu ma ɛne tebea a ɛwɔ mo hɔ ahyia? Akyinnye biara nni ho sɛ nyansahyɛ ahorow no ho a wubesusuw bɛboa wo ma woanya ɔkwan foforo a wobɛfa so. Afei nso bere a woreyɛ afie afie adwuma ankasa no, ebia wubehu sɛ wo nnianim asɛm no nkanyan anigye. Dɛn nti na wonhwɛ Reasoning nhoma no mu bere a wufi ofie biako mu kɔ foforo mu no na woanya ho adwene ahorow? Anaasɛ ebia afiewuranom pii de anoyi koro no ara asiw nkɔmmɔbɔ no ano. Ebia ɔfã a efi ase fi kratafa 15 no bɛboa ama wɔn a wɔmpɛ asɛm no koraa ama nkɔmmɔ foforo a mobɛbɔ ho kwan.
3 Bere a woreyɛ sankɔhwɛ anaa Bible adesua no, ebia wubehu sɛ ɛyɛ den ma onipa no sɛ ɔbɛte asɛm bi ase. Ebia ɔda so ara wɔ nsemmisa bi. Reasoning nhoma no kura nsemmisa atitiriw ne mfatoho ɔhaha pii a ebetumi aboa wo ma woadu ɔsɛmmisafo no koma mu. Sɛ nhwɛso no, hwɛ mfatoho a ɛwɔ kratafa 429 a ɛkyerɛ nea enti a Yehowa ama nsɛmmɔnedi ho kwan no.
4 Reasoning nhoma no betumi aboa wo ma woakyerɛkyerɛ nsakrae a ɛho hia sɛ Bible suani yɛ wɔ n’asetra mu na ama wasɔ Yehowa ani no mu. Sɛ nhwɛso no, ebia na nnipa baanu te hɔ sɛ awarefo a ɛnyɛ mmara kwan so de. Wɔde kyerɛw nsɛm a mubesusuw ho wɔ eyi mu ama wɔ nkratafa 248 ne 249. Anaasɛ ebia ɛyɛ den ma Bible osuani sɛ obegyae tawa anaa nnubɔne nom. Wɔ asɛmti, “Drug” ase no, yɛn nhoma foforo no da nokwasɛm pii a ɛfa su a enye yi ho adi na ɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mu ntease ahorow nti a ɛsɛ sɛ Kristofo twe wɔn ho fi eyi ho.
5 Wɔ yɛn honhom mu ɔko no mu no, Reasoning nhoma no betumi aboa yɛn ma yɛde “honhom nkrante” no adi dwuma kɛse de ama wɔn a Babilon nkyerɛkyerɛ ne nsusuwii a agye ntini afa wɔn nnomum no ade wɔn ho. (Efe. 6:17; 2 Kor. 10:4, 5) Nanso akode a ɛyɛ nnam sen biara mpo ho nni mfaso, sɛ ɔsraani nnim sɛnea wɔde di dwuma anaasɛ ɛnhyɛ ne ho a. Enti, sɛnea na ɛte wɔ Mose bere so no, ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristo asraafo no ‘mia di [Yehowa] anim kɔko.’ (Num. 32:20, 21; 2 Tim. 2:3) Momma yɛn nyinaa mfa Reasoning From the Scriptures no nni dwuma kɛse na yɛnam saa yɛ so asiesie yɛn ho bere nyinaa sɛ yɛde anoyi bɛma wɔ asɛmpa no ho na yɛama anya nkɔso.