Sɛnea Yebetumi ne Afoforo Asusuw Nsɛm Ho
1 Asɛmfua “nsusuwho” no nkyerɛase biako ne sɛ “nnipa baanu rebɔ nkɔmmɔ ma obiara akyerɛ n’adwene.” Nea ɛbɛyɛ na wo ho akokwaw kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu no, ehia sɛ wuhu sɛnea wo ne wɔn a woka asɛm no kyerɛ wɔn no besusuw nsɛm ho. (Aso. 17:2-4) Nanso, wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?
2 Ɛsɛ sɛ Wudi Kan Dwennwen Nsɛm Ho: Sɛ woresua Bible mu nokware no a, wubehu sɛ ɛho hia sɛ wudwennwen asɛm a woresua no ho. Sɛ ɛyɛ den sɛ wobɛte nea woresua no ase a, gye bere yɛ nhwehwɛmu na dwennwen mmuae no ho. Ɛnyɛ nkyerɛkyerɛmu a wɔde ama no nkutoo na ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛte ase, na mmom nea enti a Kyerɛwnsɛm no ka saa no nso.
3 Ahosiesie a Wobɛyɛ Ansa na Woakɔ Asɛnka Ho Hia: Susuw sɛnea wobɛka nokware no ho asɛm akyerɛ ankorankoro biara no ho. Susuw asɛmmisa a ɛkanyan adwene a nkurɔfo ani begye ho ho. Hwehwɛ sɛnea wode Kyerɛwnsɛm no besi asɛm bi so dua na moasusuw ho. Susuw nsɛm a wobetumi abisa ho, na hwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so akyerɛkyerɛ mu. Hwehwɛ asɛm bi a wubetumi de adi dwuma aboa nkurɔfo pɔtee bi wɔ nhoma a wode ma no mu.
4 Di Yesu Nhwɛso no Akyi: Yesu yɛɛ afoforo a yɛne wɔn besusuw Kyerɛwnsɛm no ho ho nhwɛso a edi mu. Gyina asɛm a ɛwɔ Luka 10:25-37 no so susuw sɛnea na ɔkyerɛkyerɛ no ho. Hyɛ nyansahyɛ ahorow yi nsow: (1) Fa Kyerɛwnsɛm no di dwuma bere a worema afoforo nsɛmmisa ho mmuae no. (2) Ma wɔnkyerɛ wɔn adwene, na kamfo wɔn bere a wɔde mmuae a ɛfata ama no. (3) Hwɛ hu sɛ wobɛma asɛm a wubisa no afa Kyerɛwnsɛm no ho bere nyinaa. (4) Fa mfatoho a ɛka koma ma na ama woahu sɛ wɔate asɛm no ase ankasa.—Hwɛ March 1, 1986, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 27-8, nkyekyem 8-10 mu.
5 Fa Adwinnade a Wɔde Ama Yɛn no Di Dwuma: Wotintim Reasoning From the Scriptures nhoma no sɛ yɛmfa nkɔ asɛnka. Ne nnianim nsɛm, nea yɛbɛka akyerɛ wɔn a wɔmpɛ sɛ wotie asɛm no, ne nsɛntitiriw a wɔada no adi wom no boa ma yetumi ne afoforo susuw nsɛm ho. Reasoning nhoma no yɛ adwinnade a edi mu a ɛsɛ sɛ yɛde kɔ asɛnka daa na yefi yɛn pɛ mu ne afoforo de yɛ Bible adesua. Susuw nhoma no nkratafa 7-8 ho na hwɛ sɛnea wubetumi de adi dwuma ma mfaso aba so kɛse.
6 Hu a wubehu sɛnea wo ne afoforo besusuw nsɛm ho no betumi ama wo ho akokwaw asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu. Eyi bɛma wo ne wɔn a woka asɛm no kyerɛ wɔn no anya nhyira pii.