Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/88 kr. 6
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anigye Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anigye Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUSUW NKURƆFO A WOBƐBOA WƆN HO
  • ADWEMPA
  • Anigye—Ɛyɛ Suban a Yenya Fi Onyankopɔn Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Fa Koma mu Anigye Som Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Ɔkwan A Ɛma Obi Ankasa Nya Anigye So
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • “Momfa Anigye Nsom Yehowa”
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 6/88 kr. 6

Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Anigye Mu

1 Yesu Kristo nyaa anigye kɛse wɔ ne som adwuma mu. Wɔ ne fam no, na n’Agya apɛde a ɔbɛyɛ no ne n’aduan. (Yoh. 4:34) Saa ara nso na ɔsomafo Paulo nyaa anigye kɛse fii n’adwuma wɔ ɔsom adwuma no mu no mu. Dɛn na ɛma wonyaa anigye wɔ ɔsom adwuma no mu a amanehunu ne ɔtaa pii a na ɛsɛ sɛ wogyina ano no mfa ho no? Ná ɔsom a wɔde ma Yehowa no fi koma nyinaa mu. Wɔyɛɛ adwumaden wɔ dwumadi a Onyankopɔn de maa wɔn no mu, na nea efii mu bae yɛ anigye esiane wɔn brɛ no nti. (Yoh. 13:17; Adi. 14:13) Ɔkwan bɛn so na wubetumi ama w’anigye akɔ anim bere a wosom Yehowa no?

SUSUW NKURƆFO A WOBƐBOA WƆN HO

2 Ná Yesu Kristo ne Paulo yɛ akyerɛkyerɛfo pa. Wɔde yɛɛ wɔn botae sɛ wobedu wɔn a wotiee wɔn no komam. Pii anyɛ ho ade ɔkwan pa so, nanso wɔn a wɔyɛe no ma wonyaa anigye kɛse. (Fil. 4:1; fa toto Luka 15:7 ho.) Yiw, nkurɔfo a yɛboa wɔn ma wosua Yehowa ho ade na yehu sɛ wogyina nokware no afã no ma yɛn ani gye. Wɔ afeha a edi kan no mu no, “amanaman no ahodan” no maa “anuanom no nyinaa ani gyei kɛse.”​—Aso. 15:3.

3 Wo nso wubetumi anya saa anigye yi bi denam nea wunim no a wode nnamyɛ bɛka akyerɛ afoforo no so. Yehowa ahyehyɛde no de nwinnade a eye ama a ɛbɛboa yɛn bere a yɛkyerɛkyerɛ afoforo nokware no. Sɛ nhwɛso no, yɛwɔ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no. Reasoning nhoma a nnianim nsɛm a ɛka koma ne nsemmisa ahorow a ɛho hia a nkurɔfo bisa no ho mmuae wom no nso wɔ hɔ. Sɛ woresiesie wo ho ama ɔsom adwuma no a, susuw sɛnea wubetumi de nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som ne Reasoning nhoma no mu no aboa wɔn a wɔte mo mpɔtam hɔ no ho. Yɛ adwuma dennen fa boa ma nkurɔfo nnantew nkwa kwan no so denam wo ho a wubesiesie yiye na wone wɔn afi nkɔmmɔbɔ ase no so. Eyi betumi de Bible adesua a ɛsow aba ne yɛn som no mu anigye kɛse aba.​—Yak. 1:25.

ADWEMPA

4 Sɛ́ woyɛ ɔdawurubɔfo anaasɛ ɔkwampaefo no, ma ɔsom adwuma atirimpɔw no ntra w’adwenem. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Asɛmpa no a wɔbɛka de adi adanse no yɛ dwumadi a efi Onyankopɔn hɔ. Ɛyɛ hokwan, na ɛsɛ sɛ yenya anisɔ sɛ nea Yehowa hwehwɛ afi ne nkoa hɔ no nyɛ den. (1 Yoh. 5:3) Ɔpɛ sɛ ne nkurɔfo ani gye wɔ ne som mu. Enti, ɛwom sɛ ebia ebinom renyɛ asɛnka adwuma no ho ade wɔ ɔkwan pa so de, nanso wubetumi anya anigye pii wɔ ɔsom adwuma no mu ara. Dɛn nti na eyi te saa?

5 Yesu asuafo no nyaa anigye kɛse wɔ wɔn som adwuma no mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ ade titiriw a ɛsɛ sɛ ɛma wɔn ani gye no mu kyerɛɛ wɔn. (Luka 10:17-20) “Nnipakuw kɛse” a wɔwɔ asase so anidaso no nso wɔ biribiara a enti ɛsɛ sɛ wɔn ani gye. (Adi. 7:9, 10) Sɛ́ wowɔ ɔsoro anidaso anaasɛ asase so de no, ɛsɛ sɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ woreyɛ Onyankopɔn apɛde no ma w’ani gye kɛse efisɛ “mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.” (1 Kor. 15:58) Yehowa “nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho.” (Heb. 6:10) Koma nyinaa mu a wofi som Yehowa no yɛ anigye fibea ma wɔn a wɔdɔ no.​—Dw. 40:8.

6 Ɛsɛ sɛ Kristoni ani gye wɔ ne som a ɔde ma Onyankopɔn no mu. Kɔ so nya anigye wɔ ɔsom adwuma no mu a wowɔ awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ nokware ahofama mu ade ketewaa bi no mpo. (Fa toto Marko 12:41-44 ho.) Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ so ‘akamfo yɛn som’ na yɛanya anigye a ɛde ba no bi.​—Rom. 11:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena