Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/03 kr. 8
  • “Momfa Anigye Nsom Yehowa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Momfa Anigye Nsom Yehowa”
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma W’anigye Wɔ Asɛnka Mu Nyɛ Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anigye Mu
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Anigye—Ɛyɛ Suban a Yenya Fi Onyankopɔn Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Fa Koma mu Anigye Som Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 10/03 kr. 8

“Momfa Anigye Nsom Yehowa”

1. Dɛn na ebetumi ama Yehowa asomfo anya anigye kɛse?

1 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma mo ani nnye Awurade mu! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!” (Fil. 4:4) Hokwan a yɛanya de ka asɛmpa no kyerɛ nnipa a wɔte sɛ nguan na yɛboa wɔn ma wɔbɛsom Yehowa no ma yenya anigye kɛse. (Luka 10:17; Aso. 15:3; 1 Tes. 2:19) Nanso, sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ yehu sɛ yenni anigye wɔ yɛn som adwuma no mu a, dɛn na yebetumi ayɛ?

2. Ɔkwan bɛn so na yɛn adwene a yɛde besi nea ɔde adwuma ahyɛ yɛn nsa no so no bɛboa yɛn ma yɛanya anigye?

2 Adwuma a Onyankopɔn De Ama: Kae sɛ Yehowa na ɔde asɛmpaka adwuma no ahyɛ yɛn nsa. Yiw, hwɛ hokwan a yɛanya sɛ “yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo” wɔ Ahenni nkrasɛm no a wɔrebɔ no dawuru ne asuafoyɛ adwuma no mu! (1 Kor. 3:9) Kristo Yesu ka yɛn ho wɔ saa adwuma a wɔrensan nyɛ bio yi mu. (Mat. 28:18-20) Abɔfo no nso de wɔn ho agye mu denneennen na wɔne yɛn reyɛ honhom fam otwa adwuma a ɛrekɔ so seesei no. (Aso. 8:26; Adi. 14:6) Kyerɛwnsɛm no ne osuahu ahorow a Onyankopɔn asomfo anya de adanse a edi mũ ma sɛ Yehowa reboa saa adwuma yi. Enti, sɛ yɛka asɛm no a, yɛka no sɛ ‘wɔn a Onyankopɔn asoma wɔn, na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.’ (2 Kor. 2:17) Adanse a emu yɛ den a enti ɛsɛ sɛ yedi ahurusi bɛn ara ni!

3. Dwuma bɛn na mpaebɔ di wɔ anigye a yɛbɛkɔ so akura mu wɔ Onyankopɔn som adwuma mu no mu?

3 Mpaebɔ ho hia na ama yɛakɔ so akura yɛn anigye mu wɔ Onyankopɔn adwuma no mu. (Gal. 5:22) Esiane sɛ Onyankopɔn ahoɔden nkutoo na ebetumi ama yɛayɛ n’adwuma no nti, ɛsɛ sɛ yɛkotow srɛ ne honhom a ofi ayamye mu de ma wɔn a wobisa no no. (Luka 11:13; 2 Kor. 4:1, 7; Efe. 6:18-20) Yɛn som adwuma no ho mpae a yɛbɛbɔ no bɛboa yɛn ma yɛanya adwene a ɛfata bere a nkurɔfo antie yɛn no. Ɛbɛma yɛatumi akɔ so de akokoduru ne anigye aka asɛm no.—Aso. 4:29-31; 5:40-42; 13:50-52.

4. Ɔkwan bɛn so na ahosiesie a ɛfata boa ma yenya anigye kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu, na akwampa a yebetumi afa so asiesie yɛn ho no bi ne dɛn?

4 Siesie Wo Ho Yiye: Ɔkwan a etu mpɔn a yɛbɛfa so ama yɛn anigye ayɛ kɛse bere a yɛreyɛ ɔsom adwuma no ne sɛ yebesiesie yɛn ho yiye. (1 Pet. 3:15) Ɛnhwehwɛ bere pii na wode ayɛ ahosiesie a ɛte saa. Egye simma kakraa bi na wode asusuw nyansahyɛ ahorow a wɔde ama no ho ahu ɔkwan a wobɛfa so de nsɛmma nhoma a aba foforo no ama anaa asɛm a ɛfata a wopɛ sɛ woka fa nhoma a wode bɛma ho no. Sɛ wopɛ nnianim nsɛm a ɛfata a, wubetumi ahwɛ Reasoning nhoma no anaa Yɛn Ahenni Som a aba dedaw no bi mu. Ahenni adawurubɔfo bi ahu sɛ ɛboa yiye sɛ wɔbɛyɛ asɛm a wɔka kyerɛ ho kyerɛwtohɔ ntiantiaa wɔ kratasin bi so. Ɛbere ne bere mu wɔde wɔn ani fa saa kratasin yi so de kaakae wɔn adwene. Eyi ma wotumi di ehu so na ɛma wonya ahotoso de akokoduru ka asɛm no.

5. Ɔkwan bɛn so na yɛne afoforo nya anigye so mfaso?

5 Anigye de mfaso pii ba. Anigye a yɛda no adi no ma yɛn nkrasɛm no yɛ anigye. Anigye ma yenya ahoɔden de gyina mu. (Neh. 8:10; Heb. 12:2) Nea ɛsen ne nyinaa no, anigye a yɛde yɛ ɔsom adwuma no hyɛ Yehowa anuonyam. Ne saa nti, momma yɛmfa ‘anigye nsom Yehowa.’—Dw. 100:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena