Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/02 kr. 8
  • Ma W’anigye Wɔ Asɛnka Mu Nyɛ Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’anigye Wɔ Asɛnka Mu Nyɛ Kɛse
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Momfa Anigye Nsom Yehowa”
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anigye Mu
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Anigye—Ɛyɛ Suban a Yenya Fi Onyankopɔn Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Ɔkwan A Ɛma Obi Ankasa Nya Anigye So
    Yɛn Ahenni Som—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 3/02 kr. 8

Ma W’anigye Wɔ Asɛnka Mu Nyɛ Kɛse

1 Asɛmpa no a yɛka mu anigye—so worenya bi wɔ w’asɛnka mu? Sɛ yɛanhwɛ yiye a, wiase bɔne a yɛte mu no betumi ama ehu aka yɛn wɔ asɛnka ho, na ama yɛahwere yɛn anigye. Asasesin a wontie yɛn wom no mu adwumayɛ nso betumi abu yɛn abam. Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛn anigye wɔ asɛnka mu ayɛ kɛse?

2 Nya Adwempa: Adwempa a yɛbɛkɔ so anya no boa ankasa. Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yebedwennwen hokwan soronko a yɛwɔ sɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo” no ho. (1 Kor. 3:9) Yesu nso ka yɛn ho wɔ adwuma yi yɛ mu. (Mat. 28:20) Ɔde abɔfo dɔm boa yɛn. (Mat. 13:41, 49) Ne saa nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn kyerɛ nea yɛyɛ no kwan. (Adi. 14:6, 7) Enti ɛmfa ho sɛnea ebia nnipa bɛyɛ wɔn ade wɔ yɛn adwuma no ho no, nea wɔyɛ wɔ ho wɔ soro no yɛ ade a ɛma yenya anigye kɛse!

3 Siesie Wo Ho Yiye: Ahosiesie pa nso ma yɛn anigye yɛ kɛse. Ɛnsɛ sɛ wo ho a wubesiesie ama asɛnka no yɛ adwuma kɛse. Egye simma kakraa bi pɛ na woasusuw nsɛmma nhoma a aba foforo anaasɛ nhoma a yɛde rema wɔ ɔsram no mu no mu asɛm bi a wɔka kyerɛ ho. Paw asɛm bi a wɔka kyerɛ fi Yɛn Ahenni Som no mu asɛm a ese “Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho” no mu. Hwɛ krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu no mu asɛm a ɛne “Asɛm a Wɔka Wɔ Asɛnka Mu a Wɔahyɛ Ho Nyansa” no mu anaasɛ hwehwɛ nnianim asɛm a etu mpɔn wɔ Reasoning nhoma no mu. Sɛ anoyi a afiewuranom taa de ma no yɛ akwanside ma wo a, siesie mmuae a ɛbɛkyerɛ sɛ wote nea wɔka no ase na twe adwene si asɛm bi a ɛkanyan anigye so. Reasoning nhoma no boa yiye wɔ eyi mu. Eyinom a yɛde bedi dwuma no bɛma yɛanya ahotoso a yehia na yɛde anigye aka asɛm no.

4 Bɔ Mpae a Emu Yɛ Den: Mpaebɔ ho hia na yɛanya daa anigye. Esiane sɛ yɛreyɛ Yehowa adwuma nti, ehia sɛ yɛsrɛ no sɛ ɔmfa ne honhom a n’aba biako ne anigye no mma yɛn. (Gal. 5:22) Yehowa bɛma yɛn ahoɔden ma yɛakɔ so aka asɛm no. (Fil. 4:13) Yɛn som adwuma no ho mpae a yɛbɛbɔ no betumi aboa yɛn ma yɛanya adwene pa bere a yenya osuahu a ɛhaw adwene no. (Aso. 13:52; 1 Pet. 4:13, 14) Sɛ ehu ka yɛn a, mpaebɔ betumi aboa ma yɛde akokoduru ne anigye agyina ano.—Aso. 4:31.

5 Hwehwɛ Hokwan Ahorow: Nokwarem no, yɛn som adwuma no yɛ anigye kɛse bere a yetumi nya nnipa di wɔn adanse no. Wo nhyehyɛe a woayɛ de kɔ afie afie a wobɛsakra mu wɔ bere ne bere mu, sɛ ebia anwummere no betumi ama woanya nnipa pii. Wuhyia nnipa bere biara a wonam kwan so, wudi gua, wote bɔs mu, anaasɛ wutu mpase no. Dɛn nti na wunsiesie asɛm tiawa bi a wode befi nkɔmmɔbɔ ase na wonkɔ wɔn a ɛda adi sɛ wɔwɔ adamfofa su no nkyɛn? Anaasɛ ebia wokɔ adwuma anaasɛ sukuu a wo ne afoforo bɔ nkɔmmɔ wɔ hɔ da biara. Wonam Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi a ɛkanyan anigye a wubebisa no so betumi anya kwan adi adanse. Yehu nyansahyɛ a eye wɔ krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu no kratafa a edi kan. Eyi mu biara a obi bɛyɛ no betumi aboa pii ma n’anigye wɔ asɛnka mu no ayɛ kɛse.

6 Esiane sɛ anigye boa ma yɛmpa abaw nti, hwɛ hia a ehia sɛ yebekura mu. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya akatua kɛse bere a adwuma a yɛrenyɛ bio da yi ba awiei no. Saa anidaso no ankasa betumi ama yɛn anigye wɔ asɛnka mu no ayɛ kɛse.—Mat. 25:21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena