Asɛyɛde a Awofo Wɔ sɛ Wɔde Wɔn Mma a Wɔkɔ Sukuu Honhom Fam Ahiade Bɛma Wɔn
Nhomasua a eye boa mmofra ma esi wɔn yiye wɔ asetram wɔ nnɛ wiase yi mu. Ɛma wotumi hu akenkan ne akyerɛw yiye, na wohu akontaabu, tumi ne afoforo bɔ kɛse na ɛhyɛ wɔn den ma wokura abrabɔ ho gyinapɛn a eye mu. Enti ɛyɛ ntease pa bi nti na awofo pɛ sɛ wɔma wɔn mma nya nhomasua a eye no.
Ebia sukuu a ɛbɛn kakra no wɔ akyirikyiri. Enti ebia awofo bɛma wɔn mma akɔtra abusuafo anaa wɔn nnamfo nkyɛn akɔ sukuu. Ebia ebinom besusuw sɛ sukuu a sukuufo no da hɔ no ne nea eye. Esiane sɛ atirimpɔw a ɛma Kristoni bi sua ade ne sɛ ɛbɛboa no ma wasom Yehowa yiye nti, so eyi ma ɔwofo bi de ne ho fi n’asɛyɛde ho sɛ ɔde ne ba honhom fam ahiade bɛma bere a ɔkɔ sukuu no? Dabida! Awerɛhosɛm ne sɛ, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ wɔto mmofra pii “sraha” wɔ wɔn mfe a biribiara tumi nya wɔn adwene so nkɛntɛnso sen biara no mu. (Mmeb. 29:15) Awiei koraa no wiase honhom nya mmofra a wɔtete sɛɛ so tumi. Awerɛhosɛm bɛn ara ni! Hwɛ da a obi renna nhumu adi sɛ ɔde Yehowa akyɛde a ɛsom bo no bɛsesa honam fam nneɛma!—Dw. 127:3; fa toto Luka 2:41-52 ho.
Anigyesɛm ne sɛ awofo pii hwɛ hu sɛ wɔbɛma wɔn mma anya wɔn honhom fam ahiade sɛnea wobetumi biara. Wɔne akyerɛkyerɛfo no susuw abofra no honhom fam ahiade horow ho na afei nso wɔyɛ nhyehyɛe pɔtee bi ma asafo no kɔboa no. Wɔkɔsra wɔn ba no daa nso boa no honhom mu. Mmoa a ɛte sɛɛ a wɔde ma mmofra yi no ma wɔyɛ den honhom mu.
Yehowa fi nyansam de akwankyerɛ ma awofo sɛ wɔn ankasa mfa wɔn mma honhom fam ahiade mma wɔn. Ɔde wɔn mma yiyedi ho asodi to wɔn so. (1 Tim. 5:8; Efe. 6:4) Enti momma yɛmmoa yɛn mma ma wɔmmɛyɛ honhom mufo na ama wɔanya daa nhyira.—3 Yoh. 4.