Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/99 kr. 8
  • Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Buddhani?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Buddhani?
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Kyerɛwsɛm Biara a Ɔkenkanee no Kaa Me Koma”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Adanse a Yebedi Nnipa a Wɔka Kasa Horow na Wɔwɔ Ɔsom Ahorow Nyinaa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Wɔn Ani Nnye Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Ho
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • So Wode Nhomawa Yi Redi Dwuma?
    Yɛn Ahenni Som—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 8/99 kr. 8

Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Buddhani?

1 Wɔ nsase bi so no, nnipa a wɔbɔ wɔn asu no fã dodow no ara fi Buddhafo mmusua mu. Dɛn na ɛde nnipa a wɔte sɛɛ reba nokware no mu? Wobɛyɛ dɛn atumi aka asɛmpa no akyerɛ Buddhani?

2 Fi Komam Susuw Wɔn Ho: Nnipa pii a na wɔyɛ Buddhafo no ka sɛ ɛnyɛ asɛm bi a wɔne wɔn susuw ho kɔɔ akyiri na ɛma wobehuu nokware no. Mmom no, ɛyɛ wɔn ho anigye a afoforo kyerɛe na ɛkanyan wɔn. Asiani bea bi a ɔte United States no ani gyee adamfofa su a onuawa bi yii no adi kyerɛɛ no no ho araa ma enti ɔpenee so sɛ onuawa no ne no nyɛ adesua. Na ɔnte Borɔfo papa, nanso onuawa no nyaa ne ho abotare. Sɛ ɛba sɛ onuawa no kɔsra ɔbea no na sɛ ontumi mma wɔnyɛ adesua no a, na onuawa no yɛ nsra no adamfofa kwan so de yɛ nhyehyɛe ma da foforo. Awiei koraa no, ɔbea no, ne mmabarima baanu, ne ne maame a wabɔ aberewa no gyee asubɔ. Ɔsan kɔɔ ne kurom kɔboaa nnipa foforo pii ma wobehuu nokware no. Mprempren ne mmabarima no mu biako som wɔ baa dwumadibea. Hwɛ nhyira ara a yenya bere a yɛda Yehowa ‘adɔe ne ne dɔ a ɔwɔ ma nnipa’ adi no!—Tito 3:4.

3 Buddhafo Nsusuwii: Buddhafo taa kyerɛ nsusuwii afoforo ho anigye, nanso wobu no sɛ ɛho nhia sɛ wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ pɔtee bi atom. Enti ɛsono nea wɔn mu biara gye di. Asɛm biako a Buddhafo bi taa kyerɛkyerɛ ne sɛ ɔhaw abu so wɔ asetram, nanso obi betumi ade ne ho afi awo mu kyinhyia a ɔhaw wom no ho denam nhyira a etwa to a obenya so. Wɔka sɛ nea ɛbɛyɛ na obi ade ne ho afi awo kyinhyia a ɛte sɛɛ mu no, ɛsɛ sɛ odu Nirvana, tebea a wontumi nhu nea ɛte ankasa esiane sɛ ɛnyɛ beae pɔtee bi anaa baabi a dwumadi kɔ so, na mmom beae a ɔyaw ne honam mu nkate nni mu. (Hwɛ Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, nkratafa 9-10.) Eyi kyɛrɛ yɛn dɛn? Ɛkyerɛ sɛ mfaso biara nni so sɛ yɛne nkurɔfo begye Buddhafo gyidi ho akyinnye. Mmom ɛsɛ sɛ yesusuw ɔhaw a abu so a ɛto obiara no ho.

4 Mommɔ Biribi a Mo Nyinaa Ani Gye Ho Ho Nkɔmmɔ: Esiane sɛ Buddhafo wɔ ntease sɛ asase so asetra yɛ ɔhaw ara nko nti, ebia wobebu daa nkwa wɔ asase so ho asɛm a wobɛka no sɛ biribi a ntease nnim. Nanso, yɛn nyinaa pɛ sɛ yenya abusua asetra a ɛyɛ anigye, pɛ sɛ amanehunu fi hɔ, na yehu asetra atirimpɔw. Hyɛ ɔkwan a wobɛfa so aka nea ehia mo nyinaa ho asɛm no nsow.

5 Wubetumi afa saa kwan yi so afi ase:

◼ “Ɛnnɛ, yɛte wiase bi a nnipa pii a wɔn ho nni asɛm hu amane mu. Wugye di sɛ dɛn na ehia na ama ɛyaw ne amanehunu afi hɔ? [Twɛn ma ommua.] Ɛbɔ bi a wɔhyɛɛ no teteete no ma minya awerɛkyekye kɛse. [Kenkan Adiyisɛm 21:4.] Ɛwom sɛ saa bere no nnurui de, nanso sɛ ɛba a, yɛn ani begye sɛ yebehu, anaa ɛnte saa?” Afei fa nhoma a ɛkyerɛ sɛnea wobeyi amanehunu afi hɔ ma.

6 Wubetumi aka eyi akyerɛ obi a ne mfe akɔ anim:

◼ “Ebia ɔbrasɛe ho nsɛm a abu so nnansa yi ne sɛnea enya yɛn mma so tumi no haw wo sɛnea ɛhaw me no ara. Adɛn nti na mmofra bra asɛe kɛse saa? [Twɛn ma ommua.] So wunim sɛ wɔkaa eyi ho asɛm wɔ nhoma bi a wɔkyerɛw no bere tenten ansa na Nkramosom, Kristosom, ne Hindusom reba mu? [Kenkan 2 Timoteo 3:1-3.] Hyɛ no nsow sɛ tebea a ɛtete saa kɔ so ɛmfa ho sɛ wosua ade daa no. [Kenkan nkyekyem 7.] Saa nhoma yi na ɛboaa me ma mihuu nokware a nnipa pii nhuu da no. Wobɛpɛ sɛ wokenkan?” Ma no nhoma anaa nhomawa a ɛfata.

7 Buddhafo taa gye Bible no tom sɛ nhoma kronkron. Enti kenkan mu asɛm no tẽẽ. (Heb. 4:12) Sɛ onipa no ani nnye Atɔe Fam amammerɛ ho a, ma no nhu sɛ na Bible no akyerɛwfo nyinaa yɛ Asiafo.

8 Nhoma Bɛn na Etumi Boa Kɛse? Adawurubɔfo bebree atumi de nhoma ne nhomawa te sɛ eyinom adi dwuma kɛse: Mankind’s Search for God, Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, ne Questions Young People Ask—Answers That Work; “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” ne Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?; sɛ moda so ara wɔ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35, So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi? a, mubetumi de aka ho. Buddhafo pii a mprempren wɔresua nokware no di kan sua Ahwehwɛde nhomawa no ansa na wɔasua Nimdeɛ nhoma no.

9 Ɛwom sɛ wɔka sɛ Buddhafo asɛmpatrɛwfo kɔɔ Atene bɛyɛ sɛ mfe 400 ansa na Paulo rekɔka asɛm no wɔ hɔ de, nanso yennim sɛ ebia ohyiaa obi a na okura Buddhafo adwene wɔ hɔ anaa. Nanso yenim sɛnea na Paulo wɔ ɔpɛ sɛ obedi nnipa nyinaa adanse no nso. Ɔyɛɛ ne ho sɛ ‘akoa maa nnipa nyinaa’ na ama ‘wanya pii.’ (1 Kor. 9:19-23) Yebetumi ayɛ saa ara denam afoforo ho anigye ankasa a yɛbɛkyerɛ so na yɛakɔ so adi anidaso a yɛn nyinaa hwɛ kwan no ho adanse akyerɛ obiara a yehyia no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena