So Wowɔ Atirimpɔw Wɔ Adwuma a Woreyɛ no Mu?
1 Yehowa yɛ atirimpɔw Nyankopɔn. (Yes. 55:10, 11) Wotu yɛn fo sɛ yensuasua no. (Efe. 5:1) Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ ɔkwan a yɛfa so yɛ yɛn som adwuma no mu. Enti ɛfata sɛ yebisa sɛ: “Atirimpɔw bi nti na woreyɛ adwuma no?”
2 Asɛm a woka wɔ afie afie, adanse a wudi wɔ bɔnnɔ so, ne nhoma a wode mema no nyinaa yɛ ɔsom adwuma a atirimpɔw wom fã. Nanso kae sɛ ahyɛde a wɔde ama yɛn no nkyerɛ sɛ yɛnka asɛm no nkutoo na mmom sɛ yɛnyɛ asuafo nso. (Mat. 28:19, 20) Sɛ yegu Ahenni aba no wie a, ɛho hia sɛ yekogugu so nsu, na yɛkɔhwɛ daa bere a yɛde yɛn ho to Yehowa so sɛ ɔbɛma nkɔso aba no. (1 Kor. 3:6) Ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ sankɔhwɛ na yɛafi Bible adesua ase.
3 Trɛw Wo Som Adwuma Mu: Wunya akomatɔyam bere nyinaa bere a wubu kɔmpɔ hwɛ nea woyɛe wɔ asɛnka mu na wutumi ka sɛ: “Matumi ayɛ nea mede sii m’ani so no.” Sɛnea wɔakyerɛw wɔ 2 Timoteo 4:5 no, Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ: “Wie wo som no koraa.” Nea ɛka eyi ho ne sɛ wobɛbɔ mmɔden kɛse asan akɔ anigyefo a wunya wɔn no nyinaa nkyɛn. Fa bere pɔtee bi si hɔ fa yɛ sankɔhwɛ wɔ wo dapɛn biara asɛnka nhyehyɛe mu. Bɔ mmɔden sɛ wubedu wo botae a ɛne sɛ wo ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ adetrenee befi Bible adesua ase no ho. Ɛsɛ sɛ wode eyi yɛ w’atirimpɔw bere a wunya asɛnka mu kyɛfa no.
4 Bisa adawurubɔfo sɛnea wɔtee nka bere a wohui sɛ wɔrebɔ wɔn Bible asuafo asu wɔ nhyiam ase no. Ebia wodii ahurusi te sɛ wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu no ara pɛ. Wɔama atirimpɔw kɛse bi anya mmamu! Obi a wama afoforo abɛyɛ asuafo kaa eyi ho asɛm sɛ: “Asuafo a yɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛma nnipa bebree yi Yehowa ayɛ. Ɛkyerɛ nkwa ma wɔn a wogye nokware no. M’ani gye ho sɛ mede nokware no bɛkyerɛkyerɛ afoforo—ɛyɛ anigye yiye! . . . Wɔn a wɔabɛdɔ Yehowa no mu pii abɛyɛ me nnamfo a wɔbɛn me yiye.”
5 Fa no sɛ woatumi aboa obi ma wabɛyɛ Yehowa somfo a wahyira ne ho so! Hwɛ sɛnea ɛbɛma w’ani agye! Atirimpɔw a wode yɛ ɔsom adwuma no na ɛsow aba pa a ɛte saa.—Kol. 4:17.