Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm Biara Bɛbam!
1 Yehowa Adansefo akyerɛ Bible nkɔmhyɛ ho anigye bere nyinaa. Enti yɛn ani gyei sɛ yɛtee sɛ afe a etwaam no ɔmantam nhyiam no asɛmti ne “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm.” Yɛde ahopere hwɛɛ nea Yehowa wɔ ma yɛn sɛ ‘aduan a ɛyɛ ne bere mu de’ no kwan. (Mat. 24:45) Wanni yɛn huammɔ.
2 Nhyiam no Mu Nsɛntitiriw: Nhyiam no asɛmti ho ɔkasa a wɔmaa no Fida a ɛne “Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No,” de ahosakra no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri mae. (Mat. 17:1-9) Esii so dua sɛ, mprempren, yɛte bere a ɛho hia kɛse mu, efisɛ yɛadu awiei bere no mu pɛɛ a ɛnkyɛ koraa wiase foforo no bɛba! Ɔkwan titiriw a yebetumi afa so atie Onyankopɔn Asɛm no ne sɛ yɛbɛkenkan no daa. Ɔkasa a wɔakyekyem a egyina asɛmti “Kyerɛ Onyankopɔn Asɛm Kenkan Ho Anigye” so no de nyansahyɛ a ɛfata a ɛma Bible akenkan yɛ anigye na mfaso wɔ so mae.
3 Memeneda awia no, yesusuw nea enti a ɛsɛ sɛ yegye di sɛ yɛadu awiei bere no mu no ho. So wubetumi akae eyinom nyinaa? Kwasida anɔpa no, wɔkaa Habakuk nkɔmhyɛ no ho asɛm, na yehui sɛ na ne bere no te sɛ yɛn de yi pɛpɛɛpɛ, na ɛrenkyɛ na nneɛma a ɛyɛ hu asisi bere a Yehowa sɛe abɔnefo na ogye atreneefo nkwa no. So wotee Bible drama a ɛfa Yakob ne Esau ho no ase? Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho hwehwɛ Yehowa nhyira, na yɛkwati sɛ yɛbɛyɛ anibiannaso.
4 Nhoma Foforo a Ɛkanyan Anigye: Hwɛ anigye ara a yenyae sɛ yɛn nsa kaa nhoma foforo a wɔato din, Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! Akyinnye biara nni ho sɛ worekenkan nhoma a ɛkanyan anigye yi. Ɔkasafo a oyii nhoma no kae sɛ: “Aka nsɛm kakraa bi na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel nhoma no mu nyinaa anya ne mmamu.” So ɛno mma yenhu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ yɛn bere yi mu no?
5 Nea yɛtee wɔ nhyiam no ase no ma yegye di ampa sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ennya mmaa mu no nyinaa bɛbam. Ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nka Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm nkyerɛ obiara!