Yi “Akyɛde Pa Nyinaa” Nyankopɔn no Ayɛ Daa
1 Asase a ɛso yɛ fɛ, owitɔe a ɛyɛ fɛ, anadwo a nsoromma apae wɔ wim, nnomaa su a ɛyɛ dɛ, yɛn mprempren asetra ne agyede no—so ɛnsɛ sɛ saa akyɛde yi ho anisɔ a yɛwɔ no ka yɛn ma yeyi Ɔdemafo no ayɛ “daa nyinaa”? (Dw. 145:2; Yak. 1:17) Nokwarem no, Yehowa fata ayeyi wɔ eyinom nyinaa ho. Nanso, nea ɛsɛ sɛ yɛkae ne sɛ yɛn mu binom mfa wɔn ho nhyem daa. Kyerɛwtohɔ a yɛwɔ wɔ Ghana ha kyerɛ sɛ ɔsram biara adawurubɔfo bɛboro 2,300 na wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mma!
2 Dɛn na esii yɛn mu bi kwan ma enti wɔantumi anyi Yehowa ayɛ wɔ ɔsram bi mu? Ná yɛn mu binom yare denneennen, na ebinom nso de asɛnka hyɛɛ ɔsram no awiei, ɛna asiane bi too wɔn. Ebinom werɛ fii sɛ wɔde wɔn akontaabu bɛba ansa na wɔatu kwan. Ebinom anyɛ kokoam adesua na wɔtotoo asafo nhyiam mu, enti wɔanhu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ. (2 Pet. 3:11, 12) Sɛnea ɔhaw no te biara no, yɛpɛ sɛ yeyi fi hɔ.
3 Wɔ Nehemia bere so, bere a na Onyankopɔn nkurɔfo rebɔ mmɔden asi Yerusalem afasu no, atamfo bi yɛɛ biako sɛ wɔbɛhaw wɔn. Wɔkae sɛ: “Yebedu wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa.” (Neh. 4:7-11) Nokwarem no, ɔhaw no kɔɔ so ara! So Israelfo no gyaee ɔdansi adwuma a na Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ no? Dabida! Kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ bere a wɔde wɔn nsa biako reyɛ adwuma no, na wɔde biako kura dade mu rebɔ wɔn ho ban wɔ atamfo ntua ho.—Neh. 4:17, 18.
4 Te sɛ Nehemia bere so no, Satan rebɔ mmɔden nnɛ sɛ ɔbɛma “adwuma” a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa “no to atwa.” Ne botae ne sɛ ɔbɛma yɛagow yɛn ho kosi sɛ yebegyae. So yɛn nuanom bi ho nkyere wɔn wɔ sika fam bere a asetra kɔ so yɛ den no? Ebinom yare honam fam anaasɛ wɔn abusuafo bi yare denneennen. Susuw nhyɛso a mmofra tete de ba nnɛ no ho. Na yɛn mpanyimfo a wodi asɛyɛde ne ɔhaw pii ho dwuma wɔ asafo ahorow mu no nso wɔ nhyɛso pii mu. Eyi kae yɛn nea etwitwaree mmarima a na wɔyɛ den wɔ Nehemia bere so a na ‘wɔyɛ awɛmfo anadwo yɛ adwuma awia’ ananmu no. (Neh. 4:22) Enti asɛmmisa no ne sɛ: So yebegyae nnwuma pa a yɛreyɛ no?
5 Sɛ́ ahyehyɛde no, yebetumi abua pen sɛ DABI! W’ankasa wo mmuae ne dɛn? Sɛ woyɛ obi a woagow wo ho mu anaasɛ wototo ɔsom a wɔde ma Nyankopɔn no mu a, afoforo betumi aboa, nanso wo so titiriw na asɛyɛde no da. Ná ɛsɛ sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ Nehemia bere so no yɛ Yehowa adansi adwuma no na wogyina atamfo ntua ano bere koro no ara. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma a Yehowa de ama nnɛ no, a yɛmma nhyɛso a Satan de ba no mmu yɛn abam.
6 Boa Wo Ho: Nya adwempa. Fa dapɛn biara nhyehyɛe a wɔayɛ ama asɛnka adwuma no di dwuma. So w’ankasa wowɔ nhyehyɛe pɔtee a wode kɔ asɛnka dapɛn biara? So wudi saa nhyehyɛe yi so? Sɛ woyɛ saa a, w’ani begye ho sɛ wubenya asɛnka no mu kyɛfa da biara. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a wowɔ ma afoforo no ka wo ma woka Yehowa ho asɛm yi no ayɛ kyerɛ w’afipamfo. Saa a wobɛyɛ no bɛma woanya nokware no ho anigye ne anisɔ kɛse. Sɛnea ɔhaw no te biara no, momma yennya botae koro no ara a Paulo nyae bere a ɔkyerɛw eyi no: “Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.”—Gal. 6:9; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
7 Sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo a wototo asɛnka mu a, wowɔ dwuma titiriw bi di ansa na afoforo nso aboa wo ma woadi ɔhaw no so. Sɛ ɛsɛ sɛ wutu kwan ansa na ɔsram no aba awiei a, hwɛ hu sɛ wode asɛnka kakra a woatumi akɔ ho akontaabu bɛba ansa na woakɔ. Sɛ woretu kwan a, fa nkratawa ne nsɛmma nhoma ka wo ho, na fa di adanse wɔ bɔnnɔ so. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ asafo nhyiam ahorow na wo ne anuanom a wɔwɔ faako a woakɔ no akɔ asɛnka. So ɔyare anaa biribi foforo ama woaka fie? Fa Bible, nkratawa, ne nsɛmma nhoma gu wo ho, na fa anifere kwan so dan nkɔmmɔ a wo ne afoforo bɔ no kɔ Ahenni no so. Fa nea wutumi yɛ ɔsram no nyinaa ho akontaabu bra ntɛm.
8 Abusuafo—Mommoa Wɔn a Wɔtoto Asɛnka Mu No: So woyɛ abusua ti? Ɛnde wowɔ asɛyɛde wɔ Onyankopɔn anim sɛ wobɛhwɛ ama w’abusua mufo nyinaa ayɛ den wɔ honhom fam na wɔakɔ asɛnka daa. Ɛdenam ahosiesie, abusua mufo foforo a wo ne wɔn bɛyɛ biako, ne su a ɛfata so no, wɔn a wɔyare ne ɛnanom a wɔawo foforo no betumi adi wɔn a wɔbɛsra wɔn no adanse.—Dw. 113:1-3.
9 So ɛna bi a ɔrehwɛ abofra anaa ɔyem wɔ w’abusua mu? Na ayarefo, wɔn a wonni ahoɔden, ne wɔn a tebea bi nti wɔaka dan mu nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na abusua mufo betumi aboa eyinom ne afoforo a wɔwɔ tebea a ɛte saa mu ma wɔatumi akɔ asɛnka daa? Bere a onuawa bi woe na wogyee no too ayaresabea no, ‘bere nyinaa na nkratawa ne nsɛmma nhoma wɔ ne ho. Ɔde n’ani sii nnamfonom ne abusuafo foforo a na wɔbɛsra no no so. Ɔde hokwan biara dii dwuma, na ɛtɔ mmere bi a na odi adanse simma anum, na ɔhwɛ hui sɛ ɔbɛyɛ eyi nyinaa ho kyerɛwtohɔ. Wɔ ɔsram bi mu no, ɛyɛɛ no ahodwiriw bere a ohui sɛ onyaa nnɔnhwerew 20 na ɔmaa nkratawa pii no.’ Onyankopɔn a woyi no ayɛ daa ho nhwɛso pa bɛn ara ni!
10 Sɛ wo ba rebɛkɔ akɔtra sukuu mu esiane ntease bi nti a, nhyehyɛe bɛn na woreyɛ ma wɔde N’asafo mu Ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ kratasin no akɔma n’asafo foforo no? Awofo, so motaa kɔsra mo mma wɔ sukuu mu kɔhwɛ sɛ ebia wɔde wɔn ho hyɛ asɛnka nhyehyɛe a ɛhɔnom asafo no ayɛ no mu? So moabɔ asafo a ɛwɔ kurom hɔ mu mpanyimfo amanneɛ sɛ mo ba wɔ sukuu no mu? Eyi ho hia yiye. Esiane sɛ nokware Kristofo nyinaa hyia nneɛma a ɛsɔ wɔn gyidi hwɛ nnɛ no nti, ɛfata sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho mu nhwehwɛmu ahwɛ sɛ ebia onipa Ba no ba a, obehu yɛn sɛ yɛde nokwaredi reyɛ asɛnka adwuma no ɔsram biara anaa. (Fa toto Luka 18:8b ho.) Abusua adesua ne kokoam de a wobɛyɛ no daa, asafo nhyiam ahorow a wobɛkɔ, ne nhyehyɛe pɔtee bi a wobɛyɛ ama asɛnka adwuma no yɛ nneɛma atitiriw a ɛbɛma abusua no asi yiye wɔ honhom fam.
11 Nea Asafo no Betumi Ayɛ: Asafo bi bɔɔ amanneɛ sɛ wɔ afe a etwaam no August ɔsram mu no, asafo no mufo nyinaa yɛɛ nhyehyɛe boa maa emuni biara kɔɔ asɛnka. Ade biako a ɛda nsow wɔ wɔn amanneɛbɔ no ho ne mmoa a wɔyɛɛ ayarefo a wɔwɔ wɔn mu no. Na daa akwampaefo no bi yɛ nhyehyɛe kɔyɛ wɔn Bible adesua ahorow no bi wɔ ofie a na ɔdawurubɔfo bi a ɔyare te hɔ mu. Saa nhyehyɛe yi tumi boaa onua a na ɔyare no ma otumi nyaa Bible adesua ne asɛnka mu kyɛfa.
12 Ɔkwan bɛn so na wode nyansahyɛ a wɔde ama no bedi dwuma wɔ w’asafo mu? So wunim obi a ɔwɔ tebea a ɛte saa mu a wubetumi aboa no asram dodow bi kosi sɛ obenya ahoɔden ne yɛn akɔ asɛnka bio? Bere bɛn na etwa to a wode huu onua anaa onuawa pɔtee bi wɔ asafo nhyiam ahorow ase? Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe ne ɔdawurubɔfo foforo nkɔsra no? Sɛ adawurubɔfo ne akwampaefo nyinaa kyerɛ afoforo ho anigye saa kwan yi so a, mo nyinaa betumi anya nhyira ne anigye.—Aso. 20:35.
13 Nea Mpanyimfo Betumi Ayɛ: Sɛ mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wobehu tebea a asafo no mufo nyinaa wom ne wɔn ahiade a, wobetumi afi ɔdɔ mu ayɛ mmoa. (Mmeb. 27:23) Wɔ mpanyimfo no nhyiam ase no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn a wɔtoto asɛnka mu no nsow na wohu wɔn a wobetumi aboa saafo no ne ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ no. Wobetumi aka ɔhaw no nso ho asɛm bere a wɔreyɛ asafo mu ahiade wɔ Ɔsom Nhyiam ase no. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ asafo no nkae daa sɛ wɔmfa wɔn asɛnka ho akontaabu mmra.
14 Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hu wɔn a wɔtoto asɛnka mu no bere a ɔrehyehyɛ Asafo mu Ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ nkratasin no. Ɔsram biara ɛsɛ sɛ ɔde wɔn a wɔankɔ asɛnka no din ma Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobefi ɔdɔ mu ahu sɛnea obetumi aboa wɔn. Bere a adesua sohwɛfo no ahu onipa no nsɛm tebea no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nhyehyɛe pɔtee ne onii no kɔ asɛnka anaasɛ ɔma ɔdawurubɔfo foforo a ne ho akokwaw anaa ɔkwampaefo yɛ saa. Ɔkwan a eye sen biara ne sɛ wɔde mmoa no bɛma wɔ ɔsram no mu, ɛnyɛ ɔsram no awiei.
15 Ɔkyerɛwfo no wɔ dwuma titiriw bi di na amma nkurɔfo antoto asɛnka mu. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ ɔde ɔdawurubɔfo biara a otu kɔ asafo foforo mu no Asafo mu Ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ kratasin no bɛmena asafo no ntɛm ara. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛtɔ mmere bi a, asafo foforo no kyerɛw nkrataa pii ansa na ɔde kyerɛwtohɔ kratasin no amena wɔn. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ akyerɛwfo binom nhwɛ asɛnka kyerɛwtohɔ a adawurubɔfo de ba no so yiye. Ebia kyerɛwtohɔ no yera anaasɛ wogyaw wɔ adaka mu wɔ Ahenni Asa so kosi sɛ wɔbɛkɔ asafo nhyiam foforo. Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Saa ara na ɛnsɛ sɛ ɔde asɛnka kyerɛwtohɔ no gu baabi a n’abusua no mufo afoforo behu. Ɛka kokoam kyerɛwtohɔ a ɛnsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ma n’abusuafo no hu no ho.
16 Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no hwɛ sɛ ɔkyerɛwfo no de wɔn a wɔtoto asɛnka mu no din ama nhoma adesua so ahwɛfo no. Ebia adawurubɔfo bi werɛ fii sɛ wɔde wɔn kyerɛwtohɔ bɛba. Afoforo nso betumi ate nka sɛ nea wɔyɛe no sua. Ɛsɛ sɛ wɔkae saafo no sɛ dɔnhwerew biara a wɔde yɛɛ asɛnka adwuma no nsua. (Fa toto Luka 21:1-4 ho.) Sɛ obiara di n’asɛyɛde ho dwuma saa kwan yi so a, ɔdawurubɔfo biara rentoto asɛnka mu.
17 Sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no resrasra nhoma adesua akuw no a, obetumi ayɛ nhyehyɛe ne adesua sohwɛfo no akɔsra wɔn a wɔtoto asɛnka mu no. Ɛdenam saayɛ so no, anuanom baanu a wɔn ho akokwaw betumi de afotu ama na afei wɔaboa saafo no ma wɔakyerɛ Kristo ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛm no na yɛnyɛ asuafo daa no ho anisɔ ayɛ ho setie. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no ma n’ani ku adawurubɔfo a wɔayɛ mmerɛw ne wɔn a wɔtoto asɛnka mu no ho.
18 Sɛ ahwɛfo de yɛ wɔn botae titiriw sɛ wɔbɛboa ankorankoro wɔ asɛnka mu a, obiara rentoto asɛnka mu. Ɛsɛ sɛ wodi anim wɔ kuw adansedi mu. Bere a wɔne adawurubɔfo nya nkitahodi a ɛte saa daa no, wobetumi ahu wɔn a wɔayɛ mmerɛw no haw na wɔaboa wɔn na wɔantoto asɛnka mu bio. Nea ɛbɛboa wɔ eyi mu ne sɛ, ɛsɛ sɛ wosi Akwampaefo Boa Afoforo dwumadi no so dua. Wobetumi ama akwampaefo ne adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ asɛnka mu no. Sɛ ɔsram no reba awiei a, nhoma adesua so ahwɛfo betumi akae anuanom ma wɔde wɔn asɛnka ho kyerɛwtohɔ aba ntɛm. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ kyerɛwtohɔ a ne nsa aka no ntɛm na ohu wɔn a wɔamfa wɔn kyerɛwtohɔ amma no—ebetumi aba sɛ ebinom werɛ afi sɛ wɔde kyerɛwtohɔ bɛba ɛmfa ho mpo sɛ wɔkɔɔ asɛnka no.
19 Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Mmɔden Kɛse Mprempren! Sɛ yɛbɛkɔ so ayi Yehowa ayɛ daa a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ asɛnka daa. Yɛn nyinaa nim yɛn asɛyɛde a emu yɛ duru a ɛne sɛ yɛbɛka Ahenni ho asɛm no pefee. Eyi na ɛma yɛyɛ Yehowa Adansefo. (Yes. 43:10) Esiane sɛ ɛyɛ adwuma a ɛho hia na mfaso wɔ so sen biara nnɛ nti, ɛnsɛ sɛ yebu no sɛ biribi a yɛreyɛ ara kɛkɛ. Paulo tuu fo sɛ: “Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.”—Heb. 13:15.
20 Ebia wuntumi nyɛ asɛmpaka adwuma no sɛnea akwampaefo yɛ no de. Nanso, sɛ woyɛ nea wubetumi nyinaa dapɛn biara a, wo som adwuma no betu mpɔn, na woanya anigye pii. Bere a Yesu somaa asuafo 70 no ma wɔkɔyɛɛ asɛnka adwuma no, wɔde “anigye san bae,” bɛkaa wɔn suahu ahorow. (Luka 10:17) Wɔ ahokyere bere mpo mu no, asɛnka a wobɛkɔ daa—Yehowa a wubeyi no ayɛ no—bɛma w’ani agye kɛse.
21 Wɔn a wɔyɛ wɔn ankasa nnwuma no betumi ayi da bi asi hɔ wɔ dapɛn biara mu de akɔ asɛnka. Bio nso, ɛdenam nsakrae kakraa bi a wɔbɛyɛ so no, pii betumi anya bere de ayɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua anwummere anwummere. Abusua no mufo betumi asiesie wɔn ho daa ayɛ nea wɔbɛka no ahwɛ wɔ fie, na wɔabom akɔ asɛnka mmere ne mmere mu. (Mmeb. 27:17; Ɔsɛnk. 4:9, 10) Ɛsɛ sɛ okununom boa wɔn yerenom ne wɔn mma ma wonya asɛnka mu kyɛfa daa na wɔde wɔn kyerɛwtohɔ ba ɔsram biara.—Fa toto 1 Timoteo 3:4, 12 ho.
22 Yesu asuafo no de wɔn asɛnka dwumadi ho amanneɛbɔ baa ntɛm. (Luka 10:17) Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara nso de ne kyerɛwtohɔ ba ntɛm wɔ ɔsram no awiei. Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo nyinaa hwɛ hu sɛ ebedu ɔsram biara da a ɛto so asia no, na wɔde ɔsram a etwaam no asafo no kyerɛwtohɔ amena.—Rom. 12:11.
23 Adawurubɔfo a mototo asɛnka mu, mommɔ mmɔden sɛ mobɛsan abɛyɛ wɔn a wɔkɔ asɛnka daa. Abusua mufo, adawurubɔfo a wɔyɛ hyew ne akwampaefo nyinaa, mpanyimfo ne asafo mu asomfo, momma yɛnyere yɛn ho mmoa wɔn a wɔtoto asɛnka mu no. Momma yɛnkɔ so nna Yehowa ase daa sɛ wɔama yɛn hokwan ma yɛka n’atirimpɔw ho asɛm awia ne anadwo.—Dw. 118:17.