Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/99 kr. 3-4
  • Fa Yɛn Nhoma Di Dwuma Nyansam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Yɛn Nhoma Di Dwuma Nyansam
  • Yɛn Ahenni Som—1999
Yɛn Ahenni Som—1999
km 12/99 kr. 3-4

Fa Yɛn Nhoma Di Dwuma Nyansam

1 Engiresi Ɔwɛn-Aban a ɛbae July 1, 1879 a yɛde 6,000 memae no na yɛde fii nhyehyɛe a wɔayɛ ma yɛde yɛn nhoma ahorow amema no ase. Efi saa bere no, yɛatintim nhoma ahorow pii na yɛde bebree amema.

2 Ntoboa a Wofi Ɔpɛ Mu Yi Ho Nhyehyɛe: Efi December 1999 no, yɛde nsɛmma nhoma ne nhoma rema adawurubɔfo ne ɔmanfo a wɔn ani gye ho ma wɔafi wɔn pɛ mu koraa ayi ho ntoboa, kyerɛ sɛ, yɛrentwa bo pɔtee bi mma wɔn ansa na wɔn nsa aka bi. Sɛ yɛde nhoma rema a, yebegye ntoboa a wɔafi wɔn pɛ mu ayi de reboa adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa a ɛne asɛmpa no ho dawuru a yɛbɔ no. Yegye di sɛ Yehowa behyira nhyehyɛe yi so.—Fa toto Mateo 6:33 ho.

3 Tebea Horow Ho Dwuma a Yebedi Wɔ Asɛnka Mu: Yɛbɛkɔ so de Yɛn Ahenni Som mu nyansahyɛ ahorow no adi dwuma de akanyan anigye. Sɛ obi anna anigye adi a, ɛho renhia sɛ yɛde nhoma no ma no. Yɛmpɛ sɛ yɛde yɛn nhoma no biara ma wɔn a wɔnkyerɛ ho anigye no sɛe no kɛkɛ. Nanso, sɛ ofiewura no da anigye adi na ɔpene so sɛ ɔbɛkenkan nhoma no a, yebetumi de ama no. Yɛpɛ sɛ yɛde yɛn nhoma no di dwuma nyansam.

4 Nsɛm a wubetumi aka bere a wode nhoma akyerɛ akyi no bi na edidi so no: “Sɛ w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan nhoma yi a, m’ani begye ho sɛ mede bɛma wo.” Ɛda adi sɛ ofiewura no bebisa sɛ: “Ne bo yɛ ahe?” Wubetumi abua sɛ: “Yenni gua. Yɛntɔn nhoma yi. Yefi yɛn pɛ mu na yɛyɛ adwuma yi a yɛreyɛ wɔ mo mpɔtam ha nnɛ no wɔ nsase 233 so wɔ wiase nyinaa na ama yɛaboa nkurɔfo ma wɔahu ɔkwan a wɔbɛfa so anya daa nkwa. Sɛ wobɛpɛ sɛ wuyi ntoboa de boa adwuma yi a, m’ani begye ho sɛ megye.”

5 Sɛ wode nsɛmma nhoma rema a, wubetumi abisa nsɛm bi afa mu asɛm pɔtee bi ho na afei woaka sɛ: “Mɛpɛ sɛ wokenkan nkyerɛkyerɛmu no wɔ asɛm yi mu. Sɛ wobɛpɛ sɛ wokenkan nsɛmma nhoma yi a, m’ani begye ho sɛ mede bɛma wo.” Sɛ ogye a, wubetumi atoa so sɛ: “Ɛyɛ me anigye sɛ matumi ama wo nsa aka asɛm yi. Misusuw sɛ wubesua biribi afi mu ankasa. Mepɛ sɛ mesan ba dapɛn a edi hɔ no betie nea wowɔ ka wɔ ho. Wubehu sɛ wotintim Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa horow 132 mu na wɔkyekyɛ bɛboro 22,000,000 wɔ wiase nyinaa. [Sɛ ɛyɛ Nyan! a, wotintim mfuamfua bɛboro 19,000,000 wɔ kasa horow 83 mu.] Yɛde ntoboa a wofi ɔpɛ mu yi na etua adwuma yi ho ka nyinaa. Sɛ wo nso wopɛ sɛ wuyi ntoboa kakra de boa nkyerɛkyerɛ adwuma yi a, yɛn ani begye ho sɛ yebegye.”

6 Ɛtɔ mmere bi a, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛka ntoboa a woyi de boa wiase nyinaa adwuma no ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, ebia ofiewura bi a n’ani gye ho bebisa sɛ: “Mode kyɛ?” Yebetumi abua sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka nhoma na wokenkan a, wubetumi afa. Mɛpɛ sɛ meba ha dapɛn a edi hɔ no na yesusuw nea yɛaka ho asɛm no ho, na meka yɛn adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no ho asɛm pii kyerɛ wo.” Sɛ wokɔsra ofiewura no bio a, wubetumi aka sɛnea yetua yɛn adwuma no ho ka akyerɛ no.

7 Anaasɛ ebia ofiewura no begye nhoma no ntɛm ara na waka, “Meda wo ase.” Wubetumi abua sɛ: “Yenni aseda. Minim sɛ w’ani begye ho. Nnipa pii ntumi nhu sɛnea yetua adwuma yi ho ka, efisɛ yɛyɛ wɔ wiase nyinaa. Nnipa pii a wogye yɛn nhoma ahorow no akyerɛ nea wobesua no ho anisɔ na wɔafi wɔn mu pɛ ayi ntoboa kakra na yɛatumi akɔ so de amema afoforo. Sɛ nkurɔfo yɛ saa a, yɛn ani gye ho sɛ yebegye.”

8 So Wɔn Ani Gye Ho Ampa?: Ɛda adi sɛ ɛnyɛ yɛn atirimpɔw ne sɛ yɛde nhoma bɛma obiara kɛkɛ. Yɛpɛ sɛ nhoma no di n’atirimpɔw ho dwuma, kyerɛ sɛ, ɛbɛboa nnipa komapafo ma wɔahu Yehowa atirimpɔw ahorow a ɛyɛ nwonwa no. Sɛ yɛde nhoma ma nnipa a wɔn ani nsɔ honhom fam nneɛma a, mfaso biara remma so. (Heb. 12:16) Sɛ yebetumi de nhoma ama ma mfaso aba so a, ɛsɛ sɛ yetumi hu wɔn a wɔwɔ ho anigye ankasa. Ɔkwan bɛn so na wobetumi afa ada anigye a ɛte saa no adi? Fi a obi fi ne pɛ mu ne wo bɔ nkɔmmɔ no yɛ sɛnkyerɛnne pa. Anaasɛ sɛ wotie bere a worekasa, bua wo nsɛmmisa, na wɔkyerɛ wɔn adwene a, na ɛkyerɛ sɛ wɔrenya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa. Obu ne ɔdɔ a wɔde kasa kyerɛ wo no kyerɛ sɛ wɔwɔ su pa. Bible no mu a wɔhwɛ di w’akyi bere a wokenkan no kyerɛ sɛ wɔwɔ obu ma Onyankopɔn Asɛm. Mpɛn pii no, mfaso wɔ so sɛ wubebisa wɔn sɛ wɔbɛkenkan nhoma a wode rema wɔn no anaa. Afei nso, wubetumi aka sɛ wobɛsan abɛsra wɔn na moatoa nkɔmmɔbɔ no so. Pene a wɔbɛpene so no yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ wɔn ani gye ho. Sɛ wuhu adanse a ɛte saa a ɛkyerɛ sɛ nnipa no ani gye ho ankasa a, ɛda adi sɛ wɔde nhoma biara a wogye no bedi dwuma nyansam.

9 Ɛho behia sɛ ɔdawurubɔfo no da nhumu kɛse adi na ama watumi ahu sɛ onipa no fata na ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ onya biribi kwa. (Mat. 10:11) Wɔ nhoma a yɛde ma ho nhyehyɛe foforo yi mu no, ɛnyɛ sika pɔtee bi a obi betumi atua no na ɛbɛma wanya hokwan de anya nhoma no, na mmom egyina sɛ ebia n’ani gye asɛm no ho ankasa anaasɛ n’ani nnye ho no so.

10 Asɛyɛde a Yɛn Ankasa Wɔ: Yɛn ani sɔ ntoboa a yɛn nuanom ne wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho yi wɔ wiase nyinaa adwuma no ho no kɛse. Enti, ɛyɛ ɔdawurubɔfo biara asɛyɛde sɛ obenya envelope a ɔde ntoboa a ɔmanfo yi no bɛhyem. Afei ɛsɛ sɛ ofi nokwaredi mu de ntoboa no nyinaa kogu Ahenni Asa so ntoboa adaka a wɔde asi hɔ ama Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no mu wɔ asafo nhyiam a edi hɔ no ase. Ɛremfata koraa sɛ ɔdawurubɔfo anaa ɔkwampaefo bi de sika a wɔayi no bɛyɛ biribi foforo biara. Ntoboa no nyɛ sika a wɔretua ama ɔdawurubɔfo no de ahyɛ nea ebia otuae bere a ogyee nhoma no wɔ Ahenni Asa so no ananmu. Asasesin no muni bi na ɔde mae a ɔwɔ awerɛhyem koraa sɛ wɔde sika no bɛkɔ ma wɔde atrɛw adwuma a Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa reyɛ no mu. Yɛn komam a yebefi adi nokware wɔ eyi mu no de ayeyi bɛbrɛ yɛn soro Agya, Yehowa.—1 Kor. 10:31; Heb. 13:18.

11 Nsakrae a yɛayɛ wɔ sɛnea yɛyɛ yɛn adwuma no mu yi yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ ‘yɛmfa Onyankopɔn asɛm nyɛ aguade.’ (2 Kor. 2:17) Ɛkyerɛ nso sɛ yɛnyɛ wiase no fã.—Yoh. 17:14.

12 Esiane sɛ Babilon Kɛse no sɛe rebɛn nti, wɔde nhyɛso ahorow reba nyamesom nyinaa so. Nea ehia yɛn titiriw ne sɛ wiase nyinaa Ahenni asɛnka adwuma a ɛho hia no mu bɛtrɛw a hwee nsiw no kwan na ama nnipa pii anya nkwagye.—Mat. 24:14; Rom. 10:13, 14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena