Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/99 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase December 6
  • Dapɛn a Efi Ase December 13
  • Dapɛn a Efi Ase December 20
  • Dapɛn a Efi Ase December 27
  • Dapɛn a Efi Ase January 3
Yɛn Ahenni Som—1999
km 12/99 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

MONHYƐ NO NSOW: Efi Yɛn Ahenni Som yi so no, yɛde ɔsram a edi hɔ no Ɔsom Nhyiam Dwumadi a edi kan no bɛka Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe no ho ɔsram biara. Yɛreyɛ nsakrae yi na sɛ ɛba sɛ Yɛn Ahenni Som no bi ka akyi a moatumi ayɛ mo nhyiam.

Dapɛn a Efi Ase December 6

Dwom 207

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw.

15 min: “Suasua Sɛnea Yehowa Nyɛ Animhwɛ No.” Mma nnianim asɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Kyerɛkyerɛ nea hwɛ a yɛnhwɛ nnipa anim no kyerɛ, sɛnea Yehowa nyɛ animhwɛ, ne sɛnea yɛrenyɛ animhwɛ wɔ yɛn som adwuma mu no mu.—Hwɛ Insight, Po 1, kratafa 1192, nkyekyem 4-7.

20 min: “So Yɛntee Pɛn?” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ma atiefo nka sɛnea ntimu aboa wɔn ma wɔate nokware no ase na wɔkyerɛ ho anisɔ kɛse ho asɛm.—Hwɛ Ɔwɛn-Aban, July 15, 1995, nkratafa 21-2, ne August 15, 1993 de, nkratafa 13-14, nkyekyem 10-12.

Dwom 218 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 13

Dwom 168

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Fa sɛnea ɛsɛ sɛ mode anifere gye nnapɔnna nkyia so ho nyansahyɛ ma. Sɛ mo asafo no wɔ Onipa a Ɔsen Biara ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse nhoma no bi wɔ hɔ a, kyerɛ sɛnea mubetumi de adi dwuma yiye wɔ asɛnka mu wɔ Buronya nnapɔnna no mu.

15 min: “Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2000.” Ɔkasa a Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo ma. Ka nsakrae a edidi so yi a wɔayɛ wɔ nhyehyɛe ma afe foforo no mu ho asɛm. Dwumadi a Ɛto so 3 no begyina New World Translation no mu “Bible Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ” so. Dwumadi a Ɛto so 4 no bɛkɔ so aka Bible mu nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Insight on the Scriptures mu ho asɛm, na bere a aka asram abiɛsa na afe no aba awiei no de, ebegyina “Bible Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ” no so. Sɛ agyiraehyɛde yi (#) wɔ dwumadi no anim a, yɛpɛ sɛ onuabarima bi yɛ ɛno. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ dapɛn biara Bible akenkan no nyinaa na wɔmfa nsi nyɛ wɔn dwumadi ahorow wɔ sukuu no mu.

20 min: “Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Obi a Onnye Nni sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ?” Nsɛmmisa ne mmuae. Munsusuw nneɛma ahorow nti a nnipa pii ahwere Onyankopɔn mu gyidi no ho. Kyerɛ akwan horow bi a yebetumi afa so akɔ wɔn nkyɛn akɔboa wɔn ma wɔahu ntease a ɛwom sɛ wobegye atom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiawa biako anaa abien. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Reasoning nhoma no, nkratafa 145-51, ne Mankind’s Search for God, ti 14.

Dwom 220 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 20

Dwom 219

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ma adawurubɔfo nka osuahu ntiantiaa a ɛfata a wɔanya wɔ asɛnka mu nnansa yi.

15 min: Nsɛm a Esiw Nkɔmmɔbɔ Ano a Yebebua. Atiefo nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Kenkan “Ɛho Nsɛm” a ɛwɔ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no nkratafa 7-8 no. Paw “Nsɛm a Esiw Nkɔmmɔbɔ Ano” abien anaa abiɛsa fi nkratafa 8-12, anaa fa afoforo a motaa hyia wɔ mo asasesin mu di dwuma. Munsusuw mmuae a wɔahyɛ ho nyansa no bi ho, na monkyerɛ nea enti a ebetumi atu mpɔn wɔ mo hɔnom. Yɛ emu kakraa bi ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa. Ma atiefo nka mmuae a wɔde ama a biribi pa afi mu aba nkyerɛ.

20 min: So Ɛsɛ sɛ Migye Adwuma a Wɔyɛ Ma Nyamesom Ahyehyɛde Bi No? Ɔkasa a egyina April 15, 1999 Ɔwɛn-Aban nkratafa 28-30 so a ɔpanyin ma. Ebinom gyee adwuma a ɛte saa na akyiri yi wohui sɛ nea wɔreyɛ no ne Bible nnyinasosɛm nhyia. Munsusuw nsɛmmisa a ɛho hia sɛ yesusuw ho no ho bere a yɛresi gyinae wɔ adwuma a ɛte saa ho no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ nea ɛbɛma wɔanya gyinabea pa wɔ Yehowa anim.—2 Kor. 6:3, 4, 14-18.

Dwom 109 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 27

Dwom 166

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sɛ mo asafo no bɛsesa bere a mode yɛ mo asafo nhyiam afe a ɛreba no a, fi ayamye mu hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonni nhyiam bere foforo no so daa. Monka nsakrae biara a mobɛyɛ no nkyerɛ mo Bible asuafo ne anigyefo afoforo nso. Kae wɔn nyinaa sɛ wɔmfa wɔn December asɛnka akontaabu mmra.

15 min: Asafo mu ahiade.

20 min: Nhoma Dedaw a Yɛde Bɛma January. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Fa nhoma dedaw a ekura nkratafa 192 abien anaa abiɛsa a wotintimii ansa na 1986 reba a mo asafo no wɔ kyerɛ, na hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wonkogye bi nkɔ asɛnka. (Sɛ munni bi a, munsusuw nea yɛde besi ananmu ama January no ho.) Kyerɛ nea enti a nhoma dedaw yi da so tu mpɔn wɔ Bible ho anigye a yɛbɛkanyan no mu. Si nhoma biara mu nsɛntitiriw a mubetumi aka akyerɛ ne mfonini ahorow a mubetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase so dua. Yɛ asɛm a wɔka kyerɛ biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ munya obi a n’ani gye ho a, mubetumi de Ahwehwɛde nhomawa no afi adesua ase.

Dwom 224 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 3

MONHYƐ NO NSOW: Ɛnsɛ sɛ asafo biara yɛ Ɔsom Nhyiam ma January 3 dapɛn no ansa na saa da no adu, gye sɛ ɔmansin sohwɛfo abɛsra wɔn.

Dwom 10

8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

17 min: Hu Sɛnea Wɔma Mmuae. (Kol. 4:6) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Reasoning nhoma no boa yiye ma yɛka Bible mu nokware no kyerɛ afoforo. Sɛ ofiewura bi nnye yɛn gyidi no bi ntom a, yebetumi de “If Someone Says”—(Sɛ Obi Ka Sɛ—) a ɛwɔ ɔfã a ɛfa gyidi ho no awiei no adi dwuma. Munsusuw nsɛm a wɔka fa Bible no ho wɔ nkratafa 64-68 no, ne nea enti a mmuae a wɔahyɛ ho nyansa no betumi atu mpɔn no ho.

20 min: “Fa Yɛn Nhoma Di Dwuma Nyansam.” Asɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Sɛ mususuw nkyekyem 7 ho wie a, fa nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ nkyekyem 4-7 no bi yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow.

Dwom 19 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena