So Yɛntee Pɛn?
1 Yɛate pɛn! Yehowa tĩ nneɛma pii mu wɔ N’asɛm mu na ama ne nkurɔfo anya so mfaso. Ná Yesu taa tĩ ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa Ahenni no afã horow ho no mu. N’asomafo no kɔɔ so ne wɔn a na wɔn ase atim wɔ nokware no mu no tĩĩ honhom fam nneɛma mu.—Rom. 15:15; 2 Pet. 1:12, 13; 3:1, 2.
2 Wɔ yɛn bere yi mu no, Yehowa ahyehyɛde no ayɛ nhyehyɛe ma yetĩ nsɛm a ɛho hia mu mpɛn pii wɔ asafo nhyiam horow ase. Yɛasua nhoma ahorow bi mpɛn pii. Yiw, eye sɛ yɛbɛsan ate nsɛm a yɛate pɛn no bio!
3 Ntimu Di Ahiade Titiriw Bi Ho Dwuma: Yehowa nkaesɛm ma yɛte nneɛma ase yiye, ebue yɛn adwenem, na ɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛkɔ yɛn anim wɔ honhom fam no mu den. (Dw. 119:129) Onyankopɔn gyinapɛn ne ne nnyinasosɛm ahorow a yetĩ mu no te sɛ nea yɛrehwɛ ahwehwɛ mu. Ɛboa ma yɛhwehwɛ yɛn ho mu na yɛko tia su a ɛbɛma yɛayɛ ‘atiefo awerɛfirifo’ no.—Yak. 1:22-25.
4 Sɛ yɛankaakae yɛn ho wɔ nokware no ho a, nneɛma foforo benya yɛn koma so nkɛntɛnso. Onyankopɔn nkaesɛm hyɛ yɛn den ma yɛko tia Satan wiase no nkɛntɛnso a ɛsɛe ɔbra pa no. (Dw. 119:2, 3, 99, 133; Fil. 3:1) Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mmamu ho nkaesɛm a yɛn nsa ka daa no kanyan yɛn ma ‘yɛkɔ so wɛn.’ (Marko 13:32-37) Kyerɛwnsɛm no mu nokware ahorow mu ntimu boa yɛn ma yɛkɔ so nantew daa nkwa kwan no so.—Dw. 119:144.
5 Sɛnea Yɛn Ankasa Benya so Mfaso: Ɛsɛ sɛ ‘yɛkom yɛn koma kɔ Onyankopɔn nkaesɛm so.’ (Dw. 119:36) Sɛ yɛrebesua asɛm bi a yenim dedaw wɔ asafo nhyiam ase a, ɛsɛ sɛ yedi kan siesie yɛn ho, kenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nnim no, na yesusuw sɛnea yebetumi de asɛm no adi dwuma ho. Mommma yemmmu yɛn ani nngu ahosiesie a yɛbɛyɛ ama Teokrase Ɔsom Sukuu sɔhwɛ no so, nnsusuw sɛ ɛho nhia. (Luka 8:18) Mommma ɛmmma da sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wontie mfitiase nokware ahorow no esiane sɛ wɔtaa tĩ mu wɔ yɛn nhyiam horow ase nti.—Heb. 5:11.
6 Momma yennya su a na odwontofo no wɔ yi bi: “Madi ahurusi wɔ wo nkaesɛm ho, sɛnea mayɛ wɔ nneɛma foforo a ɛsom bo ho no.” (Dw. 119:14, NW) Yiw, yɛate nsɛm a ɛsom bo yi pɛn, na ɛda adi sɛ yɛbɛsan ate bio. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa nim sɛ ɛho hia sɛ yɛte!