Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nnianim Nsɛm A Yɛde Bedi Dwuma Wɔ Asɛnka Mu
    Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So
    • Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛda ayamye adi, nanso ɛte sɛ nea ɛho ayɛ den kɛse nnɛ. Woadwen nea enti a aba saa no ho pɛn? . . . (Mat. 24:12; 1 Yoh. 4:8)’

      SƐ NNIPA PII KA SƐ: ‘MEWƆ M’ASƆRE A MEKƆ’ A

      ● ‘Yɛma wo akye. Yɛresrasra mmusua a ɛwɔ mo borɔn yi so (anaa mpɔtam ha) nyinaa, na yehu sɛ wɔn mu dodow no ara wɔ wɔn asɔre a wɔkɔ. Yegye di sɛ wo nso wowɔ bi a wokɔ. . . . Nanso asɔre a yɛkɔ no mfa ho, ɔhaw ahorow no pii to yɛn—asetra mu den a ayɛ, nsɛmmɔnedi, ɔyare—anaa ɛnte saa? . . . Wugye di sɛ biribi wɔ hɔ paa a ebetumi ayi saa nneɛma yi afi hɔ? . . . (2 Pet. 3:13; ne nea ɛkeka ho.)’

      SƐ NNIPA PII KA SƐ: ‘MINNI ADAGYEW’ A

      ● ‘Yɛma wo akye. Yɛresrasra obiara wɔ mo mpɔtam ha ne no asusuw asɛnhia bi ho. Yehu sɛ wunni adagyew, enti metwa no tiaa.’

      ● ‘Mema wo akye. Me din de——. Nea enti a mebaa ha ne sɛ, me ne wo rebesusuw nhyira a Onyankopɔn Ahenni no de bɛbrɛ yɛn ne nea yɛbɛyɛ a yebenya mu kyɛfa ho. Nanso mihu sɛ woreyɛ ade (anaa anka worepue). Metumi de asɛm ketewa bi agyaw wo anaa?’

      WƆ ASASESIN A WƆTAA YƐ MU ADWUMA MU

      ● ‘M’ani agye sɛ mabɛto wo wɔ fie. Yɛresrasra mpɔtam hafo sɛnea yɛyɛ no nnawɔtwe biara no, na nneɛma pa a Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama adesamma no ho biribi foforo wɔ hɔ a yɛpɛ sɛ yɛne wo bɔ ho nkɔmmɔ.’

      ● ‘Mema wo akye. Eye sɛ mahu wo bio. . . . Abusuafo no nyinaa ho ye? . . . Mebae sɛ me ne wo rebesusuw . . . ho.’

      [● ‘Mema wo akye. Wo ho te dɛn? . . . Ná merepɛ hokwan foforo ne wo abɛbɔ nkɔmmɔ bio. (Afei ka asɛmti pɔtee a wopɛ sɛ mobɔ ho nkɔmmɔ no.)’]

  • Ɔkwan a Wobɛfa so Abua Nsɛm a Ebetumi Asiw Nkɔmmɔbɔ Ano
    Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So
    • Ɔkwan a Wobɛfa so Abua Nsɛm a Ebetumi Asiw Nkɔmmɔbɔ Ano

      Ɛho Nsɛm: Asetra ho anidaso a nnipa benya no gyina sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ Yehowa Nyankopɔn ne n’Ahenni a ɔnam Kristo Yesu so de bɛba ho no so. Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no yɛ anigye, na ɛtwe adwene si nokware anidaso koro pɛ a adesamma betumi de wɔn ho ato so no so. Ɛyɛ asɛm a ɛsakra nnipa asetra. Yɛpɛ sɛ obiara te. Yehu sɛ nnipa kakraa bi na wɔde anigye begye atom, nanso yenim sɛ, sɛ nnipa betumi afi nimdeɛ mu apaw nea wɔpɛ a, ehia sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔte asɛm no. Nanso ɛnyɛ obiara na ɔpɛ sɛ otie, na yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ wɔn. Nanso sɛ yɛde nhumu di dwuma a, mpɛn pii no yebetumi adan nsɛm a ebetumi asiw nkɔmmɔbɔ kwan ma ayɛ hokwan a yebetumi de atoa nkɔmmɔbɔ so. Nea Adansefo a wɔn ho akokwaw binom de adi dwuma de ahwehwɛ wɔn a wɔfata ho nhwɛso horow bi ni. (Mat. 10:11) Bɔ asɛm no mua wɔ wo tirim na fa w’ankasa wo nsɛm ka wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛkyerɛ sɛ nea wo ne no rekasa no ho hia wo ampa. Bere a woyɛ saa no, wubetumi anya ahotoso sɛ wɔn a wɔwɔ koma pa no betie, na wɔde anigye begye nea Yehowa reyɛ de atwe wɔn aba ne dɔ nsiesiei ahorow a ɛkɔ nkwa mu ho no atom.—Yoh. 6:44; Aso. 16:14.

      ‘M’ANI NNYE HO’

      ● ‘Ma mimmisa wo, Wokyerɛ sɛ w’ani nnye Bible no ho, anaasɛ nyamesom nyinaa na w’ani nnye ho? Nea enti a merebisa saa ne sɛ yɛahyia nnipa pii a bere bi na wɔyɛ anyamesomfo, nanso wɔnkɔ asɔre bio efisɛ wohu nyaatwom pii wɔ asɔre no mu (anaa, wɔte nka sɛ nyamesom yɛ ade foforo ara kwa a wɔde pɛ sika; anaa, wɔmpene kyɛfa a nyamesom nya wɔ amammuisɛm mu no so; ne nea ɛkeka ho). Bible no nso mpene nneyɛe a ɛtete saa so, na ɛkyerɛ yɛn ade koro pɛ a yebetumi agyina so ahwɛ daakye pa bi kwan.’

      ● ‘Sɛ wokyerɛ sɛ w’ani nnye ɔsom foforo ho a, mete ase. Nanso ɛnyɛ dɛn ara a, esiane nea akodi de aba yɛn asetra so nti, wopɛ sɛ wuhu nea ɛbɛba daakye (anaa, ɔkwan a yebetumi afa so abɔ yɛn mma ho ban afi nnubɔne ho; anaa, nea yebetumi ayɛ wɔ nsɛmmɔnedi ho sɛnea ɛbɛyɛ a yensuro sɛ yɛbɛnantew abɔnten; ne nea ɛkeka ho). Wugye di sɛ biribi paa bi wɔ hɔ a ebetumi ayi ɔhaw no afi hɔ?’

      ● ‘Wowɔ ɔsom bi mu dedaw nti anaa? . . . Ma mimmisa wo, Wugye di sɛ bere bi bɛba a nnipa nyinaa benya ɔsom biako? . . . Dɛn na esiw ɛno kwan? . . . Sɛ ebetumi aba saa a, wugye di sɛ nhyɛase bɛn na ebehia?’

      ● ‘Mete wo ase. Mfe kakraa bi a atwam ni no, saa ara na na mete nka. Nanso mekenkanee biribi wɔ Bible no mu a ɛboaa me ma mihuu nneɛma wɔ ɔkwan foforo so. (Kyerɛ onii no nea wokenkanee no.)’

      ● ‘W’ani begye ho sɛ mefi Bible mu akyerɛ wo nea ɛbɛyɛ a wubehu w’adɔfo a wɔawuwu bio (anaa, asetra atirimpɔw ankasa; anaa, nea ɛbɛma biakoyɛ aba yɛn mmusua mu; ne nea ɛkeka ho)?’

      ● ‘Sɛ wokyerɛ sɛ w’ani nnye ho sɛ wobɛtɔ biribi a, mma no nnhaw wo. Ɛnyɛ gua na meredi.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena