‘Mmea a Wɔreyɛ Adwumaden Wɔ Awurade Mu’
1 Atifi hɔ nsɛm yi na Paulo de kaa Trifaina ne Trifosa, Roma asafo no mu anuanom mmea baanu a na wɔyɛ adwumaden no ho asɛm. Ɔkaa ɔfoforo a ɔne Persi nso ho asɛm sɛ: “Ɔyɛɛ nnwuma pii wɔ Awurade mu.” Saa ara na ɔkaa Foibe nso ho asɛmpa sɛ “nnipa pii . . . boafo.” (Rom. 16:2, 12, NW) Dorka nkutoo na wɔka ne ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ obi a na “nnwuma pa ne mmɔborohunu ade . . . ayɛ no ma.” (Aso. 9:36) Hwɛ nhyira ara a mmea a wɔyɛ honhom mufo no yɛ ma asafo no!
2 So yɛn ani sɔ anuanom mmea a wɔyɛ adwumaden wɔ yɛn asafo mu no? Wɔyɛ asɛnka adwuma no kɛse ne Bible adesua dodow no ara, na wɔboa anigyefo no mu pii. Wɔde bere pii nso boa mmofra ma wonya honhom fam nkɔso. Kristofo mmea yɛ wɔn fam de de hyɛ ɔdɔ, anigye, asomdwoe, ne nnamyɛ honhom a ɛwɔ asafo no mu no mu den. Wɔboa wɔ akwan pii so na ama wɔn kununom ne abusua no mufo afoforo atumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu.
3 Anuanom Mmea a Wɔyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma: Wɔn a wɔyɛ adwumaden wɔ Awurade mu no bi ne anuanom mmea asɛmpatrɛwfo, a wɔn mu pii aboa ma adwuma a wɔyɛ no amannɔne nsase so no anya nkɔso no. Ahwɛfo akwantufo yerenom yɛ pii wɔ asɛnka adwuma mu na wɔhyɛ anuanom mmea pii nkuran wɔ asafo ahorow a wɔn kununom som wɔn no mu. Wɔn a ɛnsɛ sɛ yebu ani gu wɔn so ne anuanom mmea a wɔwɔ Betel a wɔde nnam yɛ nnwuma kronkron de boa Yehowa ahyehyɛde no. Yɛn nuanom mmea a wɔyɛ daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw nam nokwaredi a wɔde bɔ mmɔden kamfo Onyankopɔn no so reboa nnipa mpempem pii ma wɔasua nokware no.
4 Saa mmea anokwafo yi nya akomatɔyam kɛse wɔ ahofama kwan a wɔfa so tra ase no mu. (1 Tim. 6:6, 8) Wɔfata nkamfo ne nkuranhyɛ ne mmoa biara a yebetumi de ama wɔn no.
5 Kristofo mmea yɛ agyapade a ɛsom bo ma Yehowa ahyehyɛde no, na wɔde nokwaredi yɛ nnwuma a ɛde nhyira brɛ yɛn nyinaa. Momma yɛnkɔ so nkyerɛ anisɔ mma mmea a wɔte saa no na yɛmmɔ mpae sɛ Yehowa nhyira wɔn bere a ‘wɔyɛ adwumaden wɔ Awurade mu no.’