Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase February 14
Dwom 113
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw.
15 min: “Fa Ntɛmpɛ . . . Ka Asɛm No.” Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Ka Yɛn Som Adwuma nhoma no, kratafa 170 mu asɛm. Fa nyansahyɛ a ɛkyerɛ sɛnea yebetumi ayɛ asɛnka adwuma no pii wɔ ɔsram a edi hɔ no mu ma.
20 min: “Sɛnea Yebetumi ne Afoforo Asusuw Nsɛm Ho.” Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ. Kyerɛkyerɛ nea enti a afoforo a yɛne wɔn besusuw nsɛm ho no ho hia wɔ asɛnka mu ne sɛnea yebetumi ayɛ saa no mu. Ma adawurubɔfo baanu a wɔn ho akokwaw mmɔ sɛnea wɔde nyansahyɛ a wɔde ama wɔ nkyekyem 3 mu no bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu no ho nkɔmmɔ na wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 182 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 21
Dwom 17
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
15 min: “Mmea a Wɔreyɛ Adwumaden Wɔ Awurade Mu.” Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako na fa nsɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Ka nyansahyɛ a wɔde ama wɔ September 15, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 14-15, nkyekyem 18-19 ho asɛm. Fi anigye mu kamfo anuanom mmea wɔ mmoa a wofi wɔn pɛ mu de ma, adwuma pa a wɔyɛ ma afoforo, ne mmɔden a wɔbɔ wɔ asɛnka adwuma mu no ho.
20 min: “Dɛn na Ebetumi Aboa Yɛn Ma Yɛagyina Pintinn Wɔ Gyidi Mu?” Ɔkasa a ɔpanyin bi ma. Yɛte mmere a emu yɛ den mu, ma enti yɛn nyinaa hia mmoa ɔkwan bi so. Ka nea mpanyimfo ne asafo mu asomfo betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔrehyia abasamtu ho asɛm. (Hwɛ asɛmti ketewa “Nguanhwɛ a Ɛma Denhyɛ” wɔ September 15, 1993, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-3.) Kyerɛ sɛnea yebetumi ahyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran wɔ akwan a ebetumi ama yɛayɛ den honhom fam no mu.—Rom. 1:11, 12.
Dwom 82 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 28
Dwom 46
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae obiara ma ɔmfa ne February asɛnka akontaabu mmra. Ka “Akwan Anan a Ɛnyɛ Den a Wubetumi Afa So” de nkratawa afi nkɔmmɔbɔ ase a yɛkaa ho asɛm wɔ ɔsram a etwaam Yɛn Ahenni Som kratafa 4 no ho asɛm. Kyerɛ sɛnea yebetumi de Wiase Foforo a Asomdwoe Wom kratawa no adi dwuma de atwe adwene asi Nimdeɛ nhoma no so. Sɛ wubisa nsɛm a ɛwɔ nkyekyem a edi kan wɔ kratafa no mu no wie a, kenkan nkyekyem a edi kan wɔ kratafa 3 no ne Dwom 37:29 nso. Sɛ ofiewura no kyerɛ anigye a, bue Nimdeɛ nhoma no kratafa 5, na kenkan adaka no mu asɛm na kyerɛ sɛ wopɛ sɛ wo ne no yɛ adesua. Ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden kɛse sɛ obefi Bible adesua foforo ase wɔ ɔsram yi mu.
5 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin bi ma.
12 min: Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ Ama Ɔmantam Adansi Boayikuw Dwumadi No. Ɔkasa a ɔpanyin bi ma, a egyina krataa a ɛhyɛ August 1995 Yɛn Ahenni Som mu no so. Ɔmantam Adansi Boayikuw a ɛwɔ Ghana seesei no aboa ma wɔasi Ahenni Asa foforo ne dedaw a wɔasiesie 26 a asafo ahorow 43 na wɔkɔ mu. Nnwuma pii da so ara wɔ hɔ. Susuw ɔmantam boayikuw no dwumadi ho, na kyerɛ Ahenni Asa a wosi ho anigye. Kyerɛ wɔn a wobetumi afata sɛ adwumayɛfo a wotu wɔn ho ma, na hyɛ afoforo pii nkuran ma wontu wɔn ho mma. (Hwɛ krataa a ɛhyɛ July 1999 Yɛn Ahenni Som mu, nkyekyem 9.) Bisa ebinom a wɔanya Ahenni Asa si mu kyɛfa pɛn no nsɛm, (sɛ ebi wɔ mo hɔ a) na ka anigye a wonyae ho asɛm.—Hwɛ June 1, 1999, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 18-19, nkyekyem 15-16.
18 min: “Ahotoso a Emu Yɛ Den a Yɛde Bɛka Asɛmpa No.” Fa simma abien anaa abiɛsa susuw nnianim asɛm no ho anigye so, na ka nkyekyem biako ne abien mu kyerɛw nsɛm a wɔtwee adwene sii so ne nea wɔkaa ho asɛm no nso ho asɛm. Afei momfa nsɛmmisa ne mmuae nsusuw nkyekyem 3-12 ho.
Dwom 61 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 6
Dwom 116
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Ma adawurubɔfo nka asɛnka mu suahu a wonyaa no nnansa yi ara ho asɛm.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: “Hwɛ Sɛnea Wutie Asɛm no Yiye.” Abusua ti ne ne yere ne wɔn mma susuw sɛnea wobetumi anya mfaso pii afi asafo nhyiam, ɔmansin nhyiam, ne nhyiam akɛse, mu ho. Osusuw sɛ ɛsɛ sɛ abusua no muni biara tie asɛm no yiye. Wosusuw nyansahyɛ a wɔde ama no ho na wɔhwɛ sɛnea wobetumi de emu biara adi dwuma, ne hia a ehia sɛ wɔne afoforo susuw nea wɔkaa wɔ nhyiam no ase no ho. Wosusuw nea wobetumi ayɛ na ama wɔasi wɔn bo sɛ sɛ ɛbɛyɛ yie a, wɔremma adesua biara ne ɔmansin ne ɔmantam nhyiam dwumadi biara mpa wɔn ti so ho.
20 min: “Ahotoso a Emu Yɛ Den a Yɛde Bɛka Asɛmpa No.” Bere a woaka krataa a ɛhyem no nkyekyem 12 a edi kan a mususuw ho nnawɔtwe a etwaam no ho asɛm awie no, momfa nsɛmmisa ne mmuae nsusuw nkyekyem 13-24 ho. Fa kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so ne nea wɔaka ho asɛm no nyinaa di dwuma kɛse.
Dwom 186 ne mpaebɔ a wɔde wie.