‘Fa Ntɛmpɛ Ka Asɛm No’
1 Sɛ wo nsa ka biribi a wɔakyerɛw ho “EGYE NTƐMPƐ” a, wubu no dɛn? “Egye ntɛmpɛ” no kyerɛ sɛ “ɛsɛ sɛ wudi ho dwuma ntɛm.” Ntease pa nti na ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo sɛ ‘wɔmfa ntɛmpɛ nka asɛm no.’ (2 Tim. 4:2) So wutie denam adwuma yi a woyɛ no ntɛm so no so?
2 Ɛbɛyɛ sɛ wɔkɔbɔɔ Paulo amanneɛ sɛ ne nuanom binom reda su a ɛne sɛ ‘wɔnteɛ wɔn ho nyɛ wɔn adwuma’ sɛ Kristofo no adi. (Rom. 12:11) Eyi maa nea efii wɔn nnwuma mu bae ne anigye a anka wobetumi anya afi afoforo a wɔboa wɔn no mu no so tewee.
3 Yesu Adwene Wɔ Ɔsom Adwuma no Ho: Hwɛ anigye ara a Yesu nyae bere a na ɔreyɛ ne som adwuma no! Ɔkae sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” Yesu nhwɛso no kanyan n’asuafo a ɔhyɛɛ wɔn nkuran bere a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘mfuw no ahoa ama otwa’ no. (Yoh. 4:34, 35) Ntɛmpɛ a ɔde yɛɛ ade wɔ ne som adwuma mu no daa adi bere a ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ “monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu” no. (Mat. 9:38) Yesu hui sɛ na n’adwuma ne sɛ ɔbɛka asɛm no, na osii ne bo sɛ ɔremma biribiara nsiw no kwan wɔ ne yɛ ho.
4 Yɛn Nso Ɛ? Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yɛde ntɛmpɛ kɛse ma asɛnka adwuma no nya nkɔanim sen bere biara. Wɔ wiase mmeae pii no, mfuw no ahoa ama otwa. Wɔ nsase a ɛte sɛ nea wɔadi adanse fefeefe wɔ so so mpo no, wɔrebɔ nnipa mpempem asu afe biara. Bere a nneɛma nhyehyɛe yi awiei rebɛn ntɛmntɛm no, ‘ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’ (l Kor. 15:58) Ɛho hia sɛ yɛyere yɛn ho yiye ka Ahenni asɛm no kyerɛ afoforo sen bere biara.
5 Momma yɛmfa yɛn adwene nsi afoforo a yɛbɛma wɔate asɛmpa no wɔ afie afie ne baabiara a yebetumi ahu nnipa wɔ yɛn asasesin no mu no so kɛse. Bere a yɛyɛ asɛnka adwuma no kɛse sɛnea yebetumi no, yɛda no adi pefee sɛ yɛde Ahenni no di kan wɔ yɛn asetram. (Mat. 6:33) Nokware a yebedi wɔ ntɛmpɛ a yɛde bɛka asɛm no mu no bɛma yɛanya anigye pii.