Dɛn na Ebetumi Aboa Yɛn Ma Yɛagyina Pintinn Wɔ Gyidi Mu?
1 Efi bere a yefii ase ne Yehowa ahyehyɛde no bɔe no, yɛn honhom fam nkɔso ama yɛanya anigye! Nanso, sɛ yɛbɛkɔ so ‘agye ntini, ayɛ den na yɛagyina pintinn wɔ gyidi no mu’ a, ehia sɛ yɛkɔ so nyin wɔ honhom mu. (Kol. 2:6, 7) Bere a yɛn mu dodow no ara anya nkɔso wɔ honhom fam no, ebinom nso atwe wɔn ho esiane sɛ ‘wɔannyina pintinn wɔ gyidi no mu’ nti. (1 Kor. 16:13) Yebetumi akwati eyi. Ɔkwan bɛn so?
2 Bere Nyinaa Honhom Fam Dwumadi: Fa wo ho hyɛ honhom fam nneɛma ho nhyehyɛe pa a Yehowa ahyehyɛde no yɛ no mu. Ɛno na edi yɛn honhom fam ahiade ho dwuma kɛse. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam daa a, ɛkanyan yɛn ma yenyin wɔ honhom fam na yegyina pintinn. (Heb. 10:24, 25) Bible, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma, ne nhoma ahorow a ɛka Onyankopɔn Asɛm mu nsɛm a asete yɛ den a yɛkenkan daa no bɛma yɛn ase atim yiye wɔ honhom fam. (Heb. 5:14) Honhom fam botae horow a yɛde sisi yɛn anim na yɛyere yɛn ho du ho no nso bɛma yɛanya nhyira a ɛtra hɔ daa.—Fil. 3:16.
3 Mmoa a Efi Wɔn a Wɔn Ho Akokwaw Hɔ: Bɔ mmɔden sɛ wobɛtrɛw fekuw a wo ne asafo no mufo a wɔn ho akokwaw bɔ no mu. Hu mpanyimfo no, efisɛ wɔn titiriw na wobetumi ahyɛ yɛn den. (1 Tes. 2:11, 12) Gye afotu anaa nyansa biara a ebia wɔde bɛma no tom. (Efe. 4:11-16) Asafo mu asomfo nso ani gye ho sɛ wɔbɛboa afoforo ma wɔagyina pintinn wɔ gyidi no mu, enti hwehwɛ nkuranhyɛ fi saa anuanom yi hɔ.
4 So wuhia mmoa wɔ ɔsom adwuma no mu? Wo ne mpanyimfo no nkasa na bisa mmoa. Ebia wobetumi de wo aka Akwampaefo Boa Afoforo nhyehyɛe no ho. So woyɛ obi a woabɔ asu foforo? Yɛn Som Adwuma nhoma no a wubesua na wode mu nsɛm adi dwuma no bɛkanyan wo ma woanya nkɔso ma wo ho akokwaw wɔ honhom mu. So woyɛ ɔwofo? Kɔ so hyɛ wo mma den wɔ honhom fam.—Efe. 6:4.
5 Esiane sɛ yɛn ase atim na yegyina pintinn wɔ gyidi no mu nti, yɛne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den na yɛne yɛn nuanom nya fekubɔ a emu yɛ hyew. Eyi ma yetumi gyina Satan ntua ano na ɛhyɛ yɛn daakye a enni awiei ho anidaso no mu den.—1 Pet. 5:9, 10.