Monyɛ Den Wɔ Gyidi No Mu
1 Bere a wiase a atwa yɛn ho ahyia no mu kɔ so yɛ hu no, ɛho hia sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ den wɔ gyidi no mu. (Yes. 57:20, 21; 1 Yoh. 5:4) Ne saa nti, ɛyɛ nea ɛfata kɛse sɛ yɛn ɔmansin nhyiam a efi ase ɔsram yi no yɛ nea ɛfa asɛmti “Monyɛ Den wɔ Gyidi no Mu” no ho.—Kol. 2:7.
2 Nhyiam dwumadi foforo yi besi hia a ɛho hia sɛ yɛn nyinaa begyina pintinn, yɛbɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw no so dua. Ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nea egye na ama yɛakɔ so akari pɛ sɛ Kristofo a wɔte wiase no mu nanso wɔnnyɛ ne fã no. (Yoh. 17:14) Yɛn mu biara rempɛ sɛ nhyiam dwumadi yi pa ne ti so.—Mat. 24:45.
3 Fi ase ntɛm yɛ wo nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ. Sɛ wɔkyerɛ bere ne beae a wɔbɛyɛ mo nhyiam no pɛ a, toto wo nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akɔ nnanu no nyinaa. Hyɛ Bible adesuafo nkuran ma wɔnka wo ho. Na bere a woakɔ aba no, kɔ so tĩ nsɛm a wɔkae no mu na fa afotu a wɔde mae no di dwuma wɔ wo da biara da asetra mu. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ obiara a ɔbɛkɔ bi no benya mfaso wɔ honhom mu na ɛbɛhyɛ no den ma wagyina ‘pintinn wɔ gyidi no mu.’—1 Pet. 5:9.