Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/01 kr. 3
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi a Wɔbɛyɛ no Afe 2010
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • So Wokɔ Asɛnka Daa?
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 7/01 kr. 3

Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

Da koro nhyiam titiriw dwumadi a ebefi ase July 2001 no asɛmti ne ‘Monyɛ Pɛ Wɔ Asɛm Ho Dwen Mu.’ (1 Kor. 14:20) Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛbɛkɔ bi? Yɛte wiase a amumɔyɛ ayɛ mu ma mu. Sɛ yebetumi ako atia eyi a, ɛsɛ sɛ yenya honhom fam nneɛma ho ntease a edi mu na ama yɛatumi de papa adi bɔne so nim. Ɛno ne nea da koro nhyiam titiriw dwumadi no bɛboa yɛn ama yɛayɛ.

Ɔmansin sohwɛfo no de ɔkasa a ɛne “Nneɛma a Ebetumi Aboa Ma Yɛate Bible no Ase Yiye” bebue dwumadi no ano. Ɔbɛma yɛahu sɛnea yebetumi ayɛ den wɔ Kristofo gyidi mu. Ɔkasafo a wɔahyɛ da apaw no no besi sɛnea Bible mmara a yɛde bedi dwuma no ho hia na ama yɛanya nhumu kɛse no so dua bere a ɔrema ɔkasa a ɛne “Yɛ Honhom Muni Denam Wo Nkatede a Wobɛtete No So” no.

Ɛsɛ sɛ mmofra nso ma sɛnea wotumi te nneɛma ase no nya nkɔanim. Wɔbɛkyerɛkyerɛ eyi mu wɔ asɛm a ɛne “Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Mmofra Wɔ Bɔneyɛ Mu” ne “Mmofra a Wɔhwehwɛ Ntease Nnɛ” no mu. Wobɛte sɛnea mmofra kyerɛ ɔkwan a wɔfa so hyɛ wɔn ho den wɔ honhom fam na ama wɔatumi akwati wiase nneyɛe bɔne ne ɔhaw no ho asɛm.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya anigye kɛse wɔ asetram? Ɔkasafo a wɔahyɛ da apaw no no bɛkyerɛkyerɛ mu wɔ ɔkasa a ɛne, “Di Bible Nnyinasosɛm a Woate Ase no Akyi na Nya So Mfaso” no mu. Ɔbɛma nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm a yɛde bɔ yɛn bra no boa ma yegyina nsɛnnennen ano, sisi gyinae ahorow, na yenya mfaso pii fi nea Yehowa rekyerɛkyerɛ yɛn no mu.

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde nsu mu asubɔ yɛ wɔn ahosohyira ho nsɛnkyerɛnne ma Onyankopɔn no ka ho asɛm kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no ntɛm. Sɛ wɔkyerɛ bere a yɛde bɛyɛ da koro nhyiam titiriw no ara pɛ a, hyɛ no nsow wɔ wo kalenda so na yɛ nhyehyɛe pa kotie dwumadi a etu mpɔn yi bi. Mma ɔkasa ahorow a wɔbɛma wɔ da koro nhyiam titiriw no mu biara mmpa wo ti so! Ɛbɛhyɛ wo den ma woakɔ so atra wiase bɔne yi mu adi nokware ama Yehowa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena