Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/99 kr. 7
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • ‘Aduan Wɔ Bere a Ɛsɛ Mu’
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Mommoa Obiara Mma Ɔnkɔ Asɛnka Daa
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 7/99 kr. 7

Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

Da koro nhyiam titiriw ho nhyehyɛe no fii ase wɔ 1987 mu. Da koro nhyiam ahorow yi ahyɛ Yehowa asomfo ne anigyefo a wɔba bi no den. Yebefi ase ayɛ da koro nhyiam titiriw foforo wɔ August 1999 mu. Wubenya honhom fam mfaso afi ɔkasa horow akron ne nsɛm a wobebisa afoforo ne osuahu ahorow no mu.

Dwumadi foforo no asɛmti ne “Kyerɛ Yehowa Pon Ho Anisɔ.” (Yes. 65:14; 1 Kor. 10:21) Ɛbɛma yɛn bo a yɛasi sɛ yɛde Yehowa som bedi kan wɔ yɛn asetram no mu ayɛ den. (Dw. 27:4) Ɔmansin sohwɛfo kasa no bɛka “Nneɛma a Yɛn Koma Tɔ Kɔ So Mu a Yɛbɛhwehwɛ” wɔ nhyiamkɔ ho no ho asɛm. Ɔmantam sohwɛfo no anaa ɔkasafo a wɔahyɛ da apaw no no bɛkyerɛ yɛn biribi afa “Honhom Fam Yiyedi a Yebenya Bere a Yedidi Wɔ Yehowa Pon So No” ho. Wɔbɛma mmofra a wɔwɔ Yehowa ahyehyɛde mu nso kwan a wɔbɛfa so agyina Nyankopɔn som mu pintinn ho nyansahyɛ a mfaso wɔ so. Ɔkasafo a wɔahyɛ da apaw no no kasa titiriw a n’asɛmti ne “Wɔahyɛ Yɛn Den Honhom Mu Sɛ Yenni Adanse Akokoduru So” no bɛkyerɛ sɛnea nhyehyɛe a wɔnam asafo no so de ma no boa yɛn ma yetumi di Ahenni no ho adanse akokoduru so. Hena na ɔrempɛ sɛ obenya dwumadi yi so mfaso?

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔahyira wɔn ho so foforo a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu no ka kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara. Yɛwɔ ahotoso sɛ bere a yɛawura da koro nhyiam titiriw nhyehyɛe no afe a ɛto so 12 mu no, obiara a ɔbɛkɔ bi no benya honhom fam ahoɔden de ayɛ adwuma a ɛda yɛn anim no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena