‘Aduan Wɔ Bere a Ɛsɛ Mu’
1. Ɔkwan bɛn so na da koro nhyiam titiriw dwumadi no boaa wo ne afoforo?
1 Sɛ yɛkɔ da koro nhyiam titiriw ba a, nea yɛtaa ka ara ne sɛ, “Aboa yɛn paa!” Ɔmansin sohwɛfo bi kae sɛ, bere a anuanom bi a wɔwɔ ne mansin mu tee afe yi nhyiam dwumadi ho asɛm no, wɔkae sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɔhwɛfo kwantufo bi kae sɛ, “Ɛboaa yɛn ma bere a yɛwom yi tenaa yɛn adwenem yiye bere a yɛsan susuw nea yɛbɛyɛ wɔ asetena mu ho no.” Ɔfoforo nso kae sɛ, “Adawurubɔfo pii kyerɛe sɛ ama wɔn ani aba wɔn ho so sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene si ɔsom adwuma a ɛno ne ade a ɛho hia paa no so.” Ɔkwan bɛn so na da koro nhyiam titiriw no boaa wo?
2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ ɔsom afe a ɛreba no nhyiam dwumadi no mu?
2 Nhyiam dwumadi a wɔayɛ ama ɔsom afe a ɛreba no nso bɛboa yɛn paa. Asɛmti no ne ‘Fa Yehowa Yɛ Wo Guankɔbea,’ na woyi fii Dwom 118:8, 9. Nsɛm a yebesusuw ho no bi ni: “Nea Ɛma Yehowa Yɛ Yɛn Ahohia Bere Mu Guankɔbea,” “Boa Afoforo ma Wɔnhwehwɛ Guankɔbea Wɔ Yehowa Ntaban Ase,” “Yɛ Guankɔbea Fa Suasua Yehowa,” “Mmabun, Momfa Mo Ho Nto Yehowa So!” ne “Yɛn Honhom Fam Paradise No Yɛ Guankɔbea a Yehowa Ayɛ Ama Yɛn.”
3. Sɛ yɛkɔ nhyiam no a, yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso kɛse?
3 Nea Ɛbɛma Yɛanya So Mfaso: Sɛ wonya ka da a mode bɛyɛ nhyiam no ara pɛ a, yɛ nhyehyɛe pɔtee a wode bɛkɔ, na to nsa frɛ wo Bible asuafo ma wɔmmra bi. Nea ɛbɛyɛ na yɛde ‘boasetɔ asow aba’ no, ɛsɛ sɛ yɛma nea yɛte no ka yɛn adwenem. (Luka 8:15) Enti tie dwumadi no yiye, na yɛ nsɛntitiriw ne akwankyerɛ a wobɛpɛ sɛ wode yɛ adwuma wɔ w’asetenam ne asɛnka adwuma mu no ho kyerɛwtohɔ ntiantiaa. Wo ne w’abusua nnye bere mfa nsusuw nhyiam dwumadi no ho, na monhwehwɛ akwan pɔtee a mubetumi afa so de nsɛm no adi dwuma.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde anigye hwɛ da koro nhyiam titiriw no kwan?
4 Wofi ɔdɔ mu agye bere asiesie ɔsom afe a ɛreba no da koro nhyiam titiriw no ma ayɛ te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ na ahoɔden wom. Yehowa nhyira mmɔden a mobɛbɔ de akɔ nhyiam no so, na ama moanya ‘aduan a wɔde ama wɔ bere a ɛsɛ sɛ mu’ sɛ ɛnhyɛ Onyankopɔn asomfo gyidi den yi so mfaso.—Mat. 24:45.