Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/07 kr. 5
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Aduan Wɔ Bere a Ɛsɛ Mu’
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi a Wɔbɛyɛ no Afe 2010
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 1/07 kr. 5

Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

Tete Kristofo no nam honhom kronkron no ahoɔden so kaa asɛmpa no nnam so koduu akyirikyiri. (Aso. 1:8; Kol. 1:23) Da koro nhyiam titiriw dwumadi a yɛbɛyɛ no 2007 ɔsom afe mu no asɛmti, ‘Ma Asɛm no Nnye Wo Bere’ no bɛhyɛ yɛn nyinaa nkuran ma yɛasuasua wɔn nhwɛso pa no.—Aso. 18:5.

Bere a Ɔhene Dawid reka biribi afa Onyankopɔn asɛm ho no, ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa.” (Dw. 19:7) Da koro nhyiam titiriw a wɔasiesie no yiye a yɛbɛyɛ no afe 2007 mu no bɛtwe adwene asi mfaso a yebenya afi Kyerɛwnsɛm no a yɛbɛma ‘ateɛteɛ nneɛma’ no so, na ɛbɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛde Bible aka asɛm no, na yɛakyerɛkyerɛ anibere so. (2 Tim. 3:16, 17) Nhyiam dwumadi foforo yi bɛkyerɛ sɛnea sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra da biara a, yebetumi akwati asiane ahorow. Ɛbɛboa yɛn nso ma yɛde Onyankopɔn Asɛm aboa mmabun ne wɔn a afei na wɔakyerɛ asɛm no ho anigye no ma wɔanya Onyankopɔn som mu nkɔso.

Hwɛ sɛ wubedu hɔ ansa na dwumadi no afi ase, na wɛn w’aso tie. Yɛ kyerɛwtohɔ ntiantiaa a wubetumi de adi dwuma. Kyerɛ nkyerɛkyerɛ ne nkaesɛm a wobɛte no ho anisɔ na dwennwen sɛnea wode nsɛm a woate no bedi dwuma ho.

Da koro nhyiam titiriw dwumadi no bɛma anisɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn Asɛm no ayɛ kɛse, na ɛbɛkae yɛn ma yɛakɔ so de nsi aka Ahenni no ho asɛmpa, na akyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛboa afoforo ma wɔayɛ saa ara. Enti yɛ w’adwene sɛ woremma honhom fam akwankyerɛ ne Yehowa nkyerɛkyerɛ a wɔde bɛma yi mpa wo ti so!—Yes. 30:20b, 21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena