Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
1 Da koro nhyiam titiriw dwumadi foforo a ebefi ase August mu no asɛmti ne ‘Monyɛ Nnipa a Yehowa Akyerɛkyerɛ Wɔn.’ (Yoh. 6:45) Nokwarem no, ɔsoro nkyerɛkyerɛ a efi Yehowa hɔ no boa yɛn ma yenya asetra a abotɔyam wom. Ɛma yenya anisɔ kɛse ma yɛn honhom fam apɛgyade. Mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔate asɛmpa no ma yɛyɛ ɔmamma a wɔn ho wɔ mfaso. Saa da koro nhyiam titiriw yi bɛka nhyira a wɔn a Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn nya no ho asɛm.
2 Dwumadi no de mfaso horow a ɛwɔ ɔsoro nkyerɛkyerɛ so bɛtoto asiane ahorow a ɛwɔ wiase nkyerɛkyerɛ so ho. Yebehu sɛnea Yehowa de nkyerɛkyerɛ a ɛsen biara—nkyerɛkyerɛ a egyina N’asɛm, Bible, so ma. Wobesi ɔsom mu mmeae abiɛsa a yenya anigye esiane sɛ Onyankopɔn kyerɛkyerɛ yɛn nti no so dua. Bio nso, wɔbɛhyɛ mmofra nkuran ma wɔasuasua Bible mu nhwɛso ahorow a ɛda nsow te sɛ Dawid ne Timoteo de no, na wɔde wɔn asetra agyina honhom fam nnwuma so. Wɔbɛhyɛ yɛn gyidi den bere a wɔka wɔn a wɔn mfe akɔ anim nokwaredi nso ho asɛm no. Wɔn a wɔahyira wɔn ho so foforo a wɔfata no betumi agye asubɔ. Ɛsɛ sɛ wodi kan ka saa ɔpɛ no ho asɛm kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no bere tenten ansa na nhyiam no adu.
3 Da koro nhyiam titiriw no kasa titiriw no asɛmti ne “Yehowa Akyerɛkyerɛ Yɛn sɛ Yɛnyɛ N’apɛde.” Ebesi nea enti a ehia sɛ yɛn nyinaa kɔ so sua ade, si pi wɔ gyidi no mu, na yɛkɔ so nya nkɔanim no so dua. Wɔbɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛasuasua Yehowa denam nokware a ɛde kɔ daa nkwa mu a yɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo no so. Wɔbɛka osuahu ahorow a ɛma denhyɛ de akyerɛ sɛnea Asafo ti no nhoma ahorow aboa ma Yehowa akyerɛkyerɛ nnipa pii. Wɔbɛka nneɛma pa a Yehowa wiase nyinaa nkyerɛkyerɛ adwuma no ayɛ ho asɛm.
4 Yɛ nhyehyɛe pɔtee kɔ bi. Hyɛ anigyefo nyinaa nkuran ma wɔnkɔ bi. Hwɛ kwan sɛ yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no bɛkyerɛkyerɛ wo nneɛma pa pii.—Yes. 30:20.