Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi a Wɔbɛyɛ no Afe 2010
1. (a) Nsɛmti a egyina Bible so bɛn na yɛasusuw ho wɔ da koro nhyiam titiriw a yɛayɛ no nnansa yi no ase? (b) So da koro nhyiam titiriw bi a wokɔe mu asɛntitiriw bi aboa wo wɔ asɛnka mu?
1 “Munhu Nneɛma a Ehia Kyɛn So no Mu Yiye,” “Munnyina Pintinn sɛ Nguankuw Biako,” “Monkɔ So Nni Nokware no Ho Adanse,” ne “Yɛyɛ Dɔte—Yehowa Ne Yɛn Nwemfo.” (Filip. 1:9, 10, 27; Yoh. 18:37; Yes. 64:8) Da koro nhyiam titiriw a yɛayɛ no mu anan pɛ mu nsɛmti a yɛasusuw ho ni. So wo ho pere wo sɛ wobɛkɔ da koro nhyiam titiriw a yɛbɛyɛ no wɔ 2010 ɔsom afe no mu no bi? Asɛmti a yebesusuw ho ne: “Bere a Aka no Sua,” na woyi fii 1 Korintofo 7:29.
2. Wobɛyɛ dɛn akanyan nhyiam yi ho anigye?
2 Sɛ wonya kyerɛ bere a mo asafo no de bɛkɔ da koro nhyiam titiriw no ara pɛ a, fi ase siesie wo ho anigye so. Awofo binom kyerɛw da a wɔbɛkɔ nhyiam a ɛte saa no wɔ wɔn kalenda so na wɔn mma atumi ahwɛ so asiesie wɔn ho ama nhyiam no. Afei wofi ase bu nna kosi sɛ nhyiam no bedu so. Sɛ moreyɛ Abusua Som a, mubetumi asusuw nsɛntitiriw a moyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ da koro nhyiam titiriw bi a mokɔe no ho. Afei nso, wubetumi asusuw Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso nhoma no kratafa 13-16 ho de asiesie wo koma sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa wo ne w’abusua ma ‘moahwɛ sɛnea mutie asɛm yiye.’—Luka 8:18.
3. Yɛbɛyɛ dɛn anya nhyiam dwumadi no so mfaso akosi ase?
3 Fa Nea Wubesua no Yɛ Adwuma: Asɛm a nkurɔfo taa ka bere a wɔapɔn nhyiam ne sɛ, “Nhyiam yi ayɛ dɛ paa!” Eyi te saa bere nyinaa efisɛ ɛka nsiesiei pa a yenya fi Yehowa hɔ no ho. (Mmeb. 10:22) Nanso sɛ asɛm a wotee no so bɛba wo mfaso a, ɛsɛ sɛ wususuw ho na woma ɛtena w’adwenem. (Luka 8:15) Sɛ wɔpɔn nhyiam no na worekɔ fie a, gye bere na wo ne w’abusua anaa wɔn a wo ne wɔn foroo kar biako no nsusuw nhyiam dwumadi no ho. Munsusuw mo botae ahorow ne nsɛm a ɛbɛboa mo wɔ asɛnka mu no ho. Saa a mobɛyɛ no bɛboa ma moakae nhyiam dwumadi no bere tenten.—Yak. 1:25.
4. Dɛn nti na yebenya nhyiam titiriw yi so mfaso saa?
4 Sɛ yenya akyɛde a ɛsom bo a ɛho hia yɛn paa a, ɛma yɛn ani gye bere nyinaa. So yɛn ho mpere yɛn sɛ yɛn nsa bɛka nea Yehowa asiesie ama yɛn wɔ da koro nhyiam titiriw a edi hɔ no? Yɛwɔ ahotoso paa sɛ ɛbɛboa yɛn pii. Yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛn soro Agya, Yehowa, nam nkuranhyɛ ne ntetee a ɔde bɛma yɛn ma yɛde ayɛ adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no so bɛma yɛn nsa aka akyɛde pa a ɛte saa.—2 Tim. 4:2; Yak. 1:17.