Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/00 kr. 1
  • Yɛka Asɛmpa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛka Asɛmpa No
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkurɔfo Nkyɛn A Yɛde Adwempa Bɛkɔ So
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • ‘Yɛka Papa Ho Asɛmpa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Suasua Yehowa, Yɛn “Anigye Nyankopɔn” No
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • “Asɛmpa”!
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 3/00 kr. 1

Yɛka Asɛmpa No

1 Hwɛ hokwan kɛse a yɛwɔ sɛ yɛyɛ “nnepa ho asɛmpakafo.” (Rom. 10:15) Yɛwɔ asɛm a ɛma akomatɔyam a yɛbɛka akyerɛ nnipa a basabasayɛ ne abasamtu atwa wɔn ho ahyia no. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa wɔn ma wɔahu sɛ yɛreka ‘biribi pa bi ho asɛmpa’?—Yes. 52:7.

2 Siesie Asɛm a Ɛhyɛ Nkuran: Sɛ yɛtwe adwene si nneɛma pa so a, yɛn nkɔmmɔbɔ wɔ asɛnka mu no benya nkurɔfo so nkɛntɛnso pa. Enti, bere a yɛresiesie asɛm a yɛbɛka akyerɛ na yɛkenkan nhoma a yɛde bɛma no, ehia sɛ yɛhyɛ asɛm no fã a ɛhyɛ nkuran no nsow. Bere a yɛde ahotoso ne anigye ka yɛn anidaso a egyina Bible so kyerɛ no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛsow aba a ɛhyɛ nkuran.—Mmeb. 25:11.

3 Ɛwom sɛ yɛn yam hyehye yɛn bere a yɛte sɛ nkurɔfo ka sɛnea wiase tebea a ɛresɛe no aka wɔn no de, nanso ɛsɛ sɛ yɛda nnipa haw ahorow ano aduru ankasa a ɛne Onyankopɔn Ahenni no adi kyerɛ wɔn. Sɛ yɛne afoforo susuw Yehowa “aweredi da” a ɛreba no mpo ho a, yɛbɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sɛnea eyi yɛ ‘asɛmpa ankasa ma ahobrɛasefo’ no. (Yes. 61:1, 2) Yebetumi ama yɛn atiefo anya awerɛhyem sɛ awiei koraa no biribiara a Yehowa bɛyɛ no de anigye ne adepa a ɛsen biara bɛba.

4 Fa Anigye Ankasa Da Nokware no Adi: Sɛ nkurɔfo hu anigye a yɛwɔ ne ahotoso a yɛde kasa no a, ɛma wotie yɛn kɛse. Sɛ yɛda adwempa adi a, yɛn atiefo behu sɛ ‘yɛn ani gye anidaso no mu.’ (Rom. 12:12) Ɛno bɛma wɔatie asɛmpa no kɛse. Nokwarem no, yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛda adwempa ne anigye adi wɔ yɛn som adwuma no fã biara mu.

5 Sɛ asɛmpa no ho asomfo no, ɛnyɛ asɛm kɛkɛ na yɛka. Yɛn asɛnka no ma afoforo nya anidaso ankasa sɛ wobenya asetra pa ɛnnɛ ne daakye. (1 Tim. 4:8) Sɛ yɛkɔ obiara nkyɛn a, yɛn adwempa no bɛda adi wɔ nea yɛka no mu na ɛbɛboa nnipa ma wɔagye asɛmpa no atom. Bere a yɛhwɛ nea yɛka ne sɛnea yɛka no no, momma yɛnkanyan nnipa komapafo ma wonnye asɛmpa a ɛyɛ anigye a yɛka no ntom!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena