‘Dɛn na Metumi Ayɛ?’
1 ‘Dɛn na metumi ayɛ?’ Akyinnye biara nni ho sɛ na saa asɛmmisa no wɔ Bible adesua kuw ketewaa a Charles Taze Russell hyehyɛe wɔ 1870 mfe no mu no mufo adwenem. Bere a saa tete Bible asuafo no ntease wɔ Onyankopɔn apɛde ho yɛɛ kɛse no, ɛbɛyɛ sɛ wosusuw nea wobetumi ayɛ de aboa afoforo ma wɔasua Onyankopɔn atirimpɔw ho ade no ho. Ɛda adi sɛ Bible nimdeɛ a na wɔrenya a na wɔbɛma atrɛw akɔ wiase afanan nyinaa no yɛ adwuma kɛse paa ma wɔn.
2 Anigyesɛm ne sɛ wotumi yɛɛ saa adwumaden no. Ɔkwan bɛn so? Wɔn mu biara yɛɛ kakra a obetumi, ma enti ɛnnɛ, wohu Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa—ahyehyɛde a emufo bɛyɛ Ahenni adawurubɔfo ɔpepem asia a wɔresom wɔ asafo horow bɛyɛ 90,000 mu wɔ nsase ne nsupɔw 234 so!—Yes. 60:22.
3 Fi Wo Pɛ Mu Boa: Ɛho hia sɛ yɛn mu biara yɛ adwuma kɛse a Yesu ka siei sɛ wɔbɛyɛ wɔ awiei nna yi mu no bi. (Marko 13:10) Ɛda adi sɛ yentumi nnyaw adwuma yi mma mpanyimfo kakraa bi no nkutoo; saa ara nso na ɛnyɛ akwampaefo no nkutoo so na akwampae adwuma no da. Nokwarem no, Kristoni biara a wahyira ne ho so wɔ ɔfã a ɛho hia sɛ odi ho dwuma. Yɛn nyinaa betumi anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa wɔ ɔkwan bi so. (1 Tim. 1: 12) Nea yetumi yɛ wɔ eyi mu biara mu no de mfaso brɛ yɛne afoforo.—1 Tim. 4:16.
4 Yɛn mu biara nso betumi de ne mmoa nyinaa ama yɛn Kristofo onuayɛ kuw no wɔ akwan atitiriw foforo so. Yebetumi aboa asafo nhyiam horow bere a yɛkɔ daa na yɛde yɛn ho hyem anigye so no. (Dw. 122:1, 8, 9) Yebetumi ayɛ yɛn fam de na ama asafo no ho atew wɔ abrabɔ fam. Yebetumi agyina yɛn ahode so ayi sika de aboa wiase nyinaa adwuma no. Yebetumi aboa ma wɔasiesie Ahenni Asa no so. Obiara betumi ahyɛ ɔdɔ ne biakoyɛ a emu yɛ hyew ho nkuran wɔ asafo no mu bere a ɔboa wɔn a wɔaba foforo, mmofra, ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim nyinaa no.—Kol. 3:12, 14.
5 Enti wubetumi abisa sɛ, ‘Dɛn na metumi ayɛ?’ Ɛwom sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea wo mmɔdenbɔ sua de, nanso bere a woyɛ wo fam de no, woboa ma yenya asafo a ɛyɛ den na ɛyɛ hyew. Enti yɛn nyinaa wɔ ɔfã bi a ɛho hia wɔ Yehowa din a yɛbɛhyɛ no anuonyam no mu!