Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/00 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase March 13
  • Dapɛn a Efi Ase March 20
  • Dapɛn a Efi Ase March 27
  • Dapɛn a Efi Ase April 3
Yɛn Ahenni Som—2000
km 3/00 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase March 13

Dwom 118

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw.

15 min: “Yɛka Asɛmpa No.” Mma nnianim asɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Fa Kyerɛwnsɛm a yebetumi atwe adwene asi so bere a yɛde Nimdeɛ nhoma no rema wɔ asɛnka mu no ho nhwɛso ma.

20 min: “So Yebetumi Ayɛ Pii Wɔ April 2000 Ɔsram no Mu?” (Nkyekyem 1-11) Nsɛmmisa ne mmuae. Ka akwampaefo aboafo dodow a wɔsen biara a mo asafo no anya nnansa yi ho asɛm. Ma wɔn a wɔka saafo no ho no nka mfaso a wɔn ankasa nya wɔ asɛnka adwuma a wɔyɛ no pii mu no ho asɛm. Hyɛ asafo no mufo nkuran ma wɔn mu dodow no ara nyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu. Ka nneɛma a etumi ma obi fata a wɔaka ho asɛm wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no mu nkratafa 113-14 no ho asɛm. Adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo no nsa betumi aka akwammisa krataa no bi bere a yɛapɔn no.

Dwom 187 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 20

Dwom 21

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: “Dɛn na Metumi Ayɛ?” Kuw adesua sohwɛfo ne asafo mu somfo biako anaa baanu susuw asɛm no ho. Esiane sɛ ɛsono ɔdawurubɔfo biara haw nti, ebia ebinom besusuw sɛ wontumi nyɛ pii wɔ asafo no mu. Kyerɛ akwan horow binom a yɛn mu biara betumi afa so aboa kɛse de ahyɛ asafo no mufo den na ama yɛayɛ Ahenni adwuma no pii. Kyerɛ sɛnea obiara betumi ‘Anya Amanneɛbɔ a Etwa To no Mu Kyɛfa’ fa wie.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma, nkratafa 108-10.

20 min: “So Yebetumi Ayɛ Pii Wɔ April 2000 Ɔsram no Mu?” (Nkyekyem 12-18) Nsɛmmisa ne mmuae. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiawa fa kyerɛ ɔkwan a yɛbɛfa so ato nsa afrɛ obi a yenim no aba Nkaedi no ase. Gyina 2000 Calendar no so ka April ɔsram no ho asɛm, na kyerɛ asɛnka nhyiam a mo asafo no ayɛ ho nhyehyɛe no. Kae obiara ma ɔnyɛ nhyehyɛe a ɛfata na ama watumi ayɛ asɛnka adwuma no pii wɔ ɔsram no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no nyinaa asɛnka adwuma no bɛyɛ nea edi mu. Hyɛ wɔn a wobetumi ayɛ akwampaefo boafo no nkuran ma wonkogye akwammisa krataa no bi bere a yɛapɔn no.

Dwom 65 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 27

Dwom 119

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae obiara sɛ ɔmfa ne March asɛnka akontaabu mmra. Bobɔ wɔn a wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no din. Kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnkaa akyi pii sɛ obi begye akwammisa krataa no bi. Kyerɛ nhyehyɛe biara a moayɛ ama asɛnka nhyiam wɔ ɔsram no mu. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnyɛ asɛnka adwuma no bi dapɛn yi awiei, na ama watumi afi asɛnka adwuma no ase yiye wɔ April mu. Yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bɛmema wɔ ɔsram no mu. Twe adwene si nsɛmma nhoma a aba foforo no mu biara mu asɛm biako ne asɛmti a ɛfata a yebetumi aka ho asɛm bere a yɛde rema no so. Ɛsɛ sɛ obiara nya Ahwehwɛde nhomawa no bi na ɔbɔ mmɔden ne obiara a n’ani gye asɛm no ho yɛ Bible adesua.

13 min: “Hwehwɛ Mmoa.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin bi di ho dwuma. Kyerɛkyerɛ nea enti a ɛtɔ da bi a yɛn mu biara betumi ahia mmoa no mu. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ obiara soa n’ankasa adesoa de. (Gal. 6:5) Nanso, sɛ asɛm bi kyere yɛn so a, ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛhwehwɛ mmoa wɔ asafo no muni bi a ne ho akokwaw wɔ honhom mu hɔ. Ma atiefo nka osuahu a ɛkyerɛ sɛnea ayamye mu a afoforo fi boaa wɔn no hyɛɛ wɔn den no ho asɛm.

10 min: Asafo mu ahiade.

12 min: Ka 2000 Yearbook ho asɛm. Ka nsɛntitiriw a ɛwɔ “1999 Grand Totals” a ɛwɔ kratafa 31 ho asɛm na wo ne atiefo nsusuw ho. Afei kyerɛkyerɛ “A Letter From the Governing Body” a ɛwɔ nkratafa 3-5 no mu. Ma ebinom nkyerɛ sɛnea wobetumi de nyansahyɛ yi adi dwuma.

Dwom 195 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 3

Dwom 72

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne asɛnka mu suahu ahorow. Ka suahu ahorow a munyaa wɔ mo asasesin mu nnansa yi a ɛbɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔde wɔn ho ahyɛ asɛnka adwuma no mu ho asɛm.

17 min: “Daniel Nkɔmhyɛ Nhoma No a Yebesua.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka sɛnea Daniel nhoma a ɛwɔ Bible mu a yebesua no betumi aboa yɛn no ho asɛm tiawa. (Hwɛ ti 1, nkyekyem 15-17, a ɛwɔ Daniel Nkɔmhyɛ nhoma no mu no.) Hyɛ obiara nkuran ma ɔnkɔ Asafo Nhoma Adesua daa.

18 min: So Ɛsɛ sɛ Meka Bɔne a Anibere Wom Ho Asɛm Kyerɛ? Ɔkasa a ɔhyew wom a ɔpanyin bi ka ma ɛfa mmofra ho titiriw. Ɔhaw pii a ɛfa mmofra ho kɛse asɔre wɔ wiase no mu nnɛ: ɔbrasɛe, nsɛmmɔnedi, nnubɔnenom, ne obu a wonni mma tumidi. Mmofra binom a wɔadu wɔn mpanyin afe so da su foforo a ɛmfata adi, na wɔkata nneyɛe bɔne a wɔyɛ no so. Eyi ma asafo no nyinaa honhom fam yiyedi ho ba asɛm. Ebinom yɛ bɔne a anibere wom na wɔboapa kata so. Sɛ wuhu sɛ onua bi a ɔwɔ asafo no mu ayɛ bɔne a anibere wom a ɛto Onyankopɔn mmara a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Susuw nnyinasosɛm a ɛwɔ Leviticus 5:1 no ho. (Hwɛ August 15, 1997 Ɔwɛn-Aban, nkr. 27-30) Twe adwene si Young People Ask nhoma no, nkratafa 68-9 so, na kyerɛkyerɛ nea obi betumi ayɛ wɔ tebea a ɛte saa no mu ho.

Dwom 68 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena