Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden kɛse sɛ obefi ofie Bible adesua ase. April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Fa Ahwehwɛde nhomawa ma anigyefo, na bɔ mmɔden sɛ wubefi ofie Bible adesua ase.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne asɛnka sohwɛfo hwehwɛ akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu binom sɛ wobedu nnɔnhwerew ahwehwɛde no ho a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ boa wɔn. Sɛ mopɛ ɛho nyansahyɛ a, monhwɛ krataa a Asafo ti no kyerɛw afe biara November 1 a wɔato din S-201 no mu. Hwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu nkyekyem 12-20 no nso.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ hu sɛ ɔbɛma Ɔmantam Adansi Boayikuw no ate adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu a wɔahyehyɛ “Kingdom Hall Volunteer Worker Questionnaire” (S-82) kratasin ahorow no ho asɛm biara. Sɛ obi a watu ne ho ama nsɛm tebea sakra, te sɛ bere a otu fi beae a ɔte anaasɛ bere a wɔpaw no sɛ asafo mu ɔsomfo anaa ɔpanyin a, ɛsɛ sɛ ɔhyehyɛ kratasin foforo na ɔde mena. Sɛ onipa no sesa n’address anaa ne telefon nɔma, anaasɛ onni gyinabea pa wɔ asafo no mu a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no kyerɛw krataa de kɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ ɔmantam adansi boayikuw no.
◼ Efi dapɛn a efi ase April 17, 2000, no yebesua Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! wɔ Asafo Nhoma Adesua ase.
◼ Nhoma a Ebi Aba Bio:
Nya Asetra Mu Anigye Daa!—Ga
◼ Anifuraefo Nhoma Foforo a Ebi Wɔ Hɔ:
Your Youth—Getting the Best Out of It—Engiresi
Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye—Engiresi
Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu—Engiresi
Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba—Engiresi
Is There A Creator Who Cares?—Engiresi
A Secure Future—How You Can Find It—Engiresi
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm—Engiresi
There Is Much More to Life!—Engiresi
So Onyankopɔn Bi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho?—Engiresi
Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?—Engiresi
Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ—Engiresi
◼Yɛsrɛ sɛ monkyerɛw krataa a mode rekra anifuraefo nhoma no so sɛ, ATTENTION: BRAILLE DESK. Kyerɛw nea ɔbɛkan nhoma no din ne n’address ka ho.