Ahotoso a Emu Yɛ Den a Yɛde Bɛka Asɛmpa No
1 Wɔ afeha a edi kan no mfiase no, Yesu Kristo de ahyɛde maa n’akyidifo sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛmpa na ‘wɔnyɛ amanaman nyinaa n’asuafo.’ (Mat. 24:14; 28:19, 20) Yehowa Adansefo afa akwankyerɛ a ɔde mae no aniberesɛm, ma enti ansa na afeha 20 yi reba n’awiei no, na yɛn Kristofo nuayɛkuw no ayɛ kɛse a asuafo bɛboro 5,900,000 na wɔwom wɔ nsase 234 so. Ayeyi kɛse a yɛde ma yɛn Agya a ɔwɔ soro no bɛn ara ni!
2 Seesei yɛahyɛn afeha a ɛto so 21 mu. Yɛn Tamfo no de anifere rebɔ mmɔden sɛ ɔde nneɛma betwitware Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a yɛreyɛ no mu. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde nneɛma nhyehyɛe yi mu dadwen ahorow no bedi dwuma de adan yɛn adwene, agye yɛn bere, na wama yɛasɛe yɛn adagyew wɔ nneɛma a ɛho nhia ho. Sɛ anka yɛbɛma nneɛma nhyehyɛe yi akyerɛ yɛn nea ɛho hia wɔ asetram no, Onyankopɔn Asɛm ma yehu nea ɛho hia a ɛsɛ sɛ yɛyɛ—Yehowa apɛdeyɛ. (Rom. 12:2) Nea eyi kyerɛ ne sɛ yebetie afotu a efi Kyerɛwnsɛm mu a ɛse ‘yɛnka asɛm no bere a eye ne nea enye mu na yenwie yɛn som adwuma no koraa’ no.—2 Tim. 4:2, 5.
3 Nya Ahotoso a Emu Yɛ Den: Ɛsɛ sɛ Kristofo “yɛ ma Onyankopɔn apɛde nyinaa mu.” (Kol. 4:12) Wɔkyerɛ kasa “ahotoso” ase sɛ “sɛ wɔma obi nya biribi mu ntease a emu yɛ den; sɛ wɔma obi gye biribi di.” Sɛ́ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm yɛ paa ara na yɛwɔ bere a etwa to koraa wɔ awiei bere yi mu mu. Ɛsɛ sɛ yenya gyidi a emu yɛ den te sɛ nea na ɔsomafo Paulo a ɔkaa sɛ asɛmpa no yɛ “Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu ma wɔn a wogye di nyinaa” wɔ no bi.—Rom. 1:16.
4 Ɔbonsam de nnipa bɔne asisifo a wɔadaadaa wɔn di dwuma ma wonya afoforo so nkɛntɛnso daadaa wɔn. (2 Tim. 3:13) Esiane sɛ wɔadi kan abɔ yɛn eyi ho kɔkɔ nti, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ahotoso a yɛwɔ sɛ yɛwɔ nokware no mu no den. Sɛ anka yɛbɛma asetra yi mu dadwen abrɛ yɛn mmɔdenbɔ ase no, yɛkɔ so de Ahenni nneɛma di kan. (Mat. 6:33, 34) Saa ara nso na yɛmpɛ sɛ yɛn werɛ befi sɛnea yɛn bere yi gye ntɛmpɛ fa, na yɛadwen sɛ ebia nneɛma nhyehyɛe yi awiei wɔ akyirikyiri dodo. Awiei no rebɛn ntɛmntɛm. (1 Pet. 4: 7) Ɛwom sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛadi adanse wɔ nsase binom so no a, ebia yɛbɛte nka sɛ nkɔso biara mmae de, nanso ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de kɔkɔbɔ no ma.—Hes. 33:7-9.
5 Nsɛntitiriw a ɛho hia sɛ yebisa yɛn ho wɔ mmere a etwa to koraa yi mu ne sɛ: ‘So mibu ahyɛde a Yesu de mae sɛ yɛnyɛ asuafo no aniberesɛm? Sɛ mereka asɛmpa no a, so minya ahotoso a edi mu sɛ Ahenni no yɛ paa ara? So masi me bo sɛ menya ɔsom adwuma a egye nkwa yi mu kyɛfa kɛse sɛnea metumi biara?’ Bere a yehu baabi a yɛadu wɔ nna a edi akyiri yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ba yɛn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no so. Saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛagye yɛn ho ne yɛn atiefo nkwa. (1 Tim. 4:16) Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ yɛn ahotoso a yɛwɔ sɛ asomfo no mu den?
6 Suasua Tesalonikafo No: Bere a na ɔsomafo Paulo retwe adwene asi adwumaden a Tesalonika anuanom yɛ so no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Asɛmpa no amma mo nkyɛn asɛm mu nko, na mmom ɛbae ahoɔden ne Honhom Kronkron ne ɛso duasi bebree mu nso, sɛnea munim sɛ mo nti yɛbɔɔ yɛn bra fae wɔ mo mu no. Na mo nso moayɛ yɛn ne Awurade asuafo de Honhom Kronkron mu anigye agye asɛm no ahohia pii mu.’ (1 Tes. 1:5, 6) Yiw, Paulo kamfoo Tesalonika asafo no, efisɛ wɔ ahohiahia nyinaa mu no, wɔde nsi ne ahotoso a emu yɛ den kaa asɛm no. Dɛn na ɛma wotumi yɛɛ saa? Ne titiriw no, ɔsomafo Paulo ne mfɛfo adwumayɛfo no nsiyɛ ne wɔn ahotoso a wohui no nyaa wɔn so nkɛntɛnso pa. Ɔkwan bɛn so?
7 Na Paulo ne n’ahokafo akwantufo no asetra di adanse sɛ Onyankopɔn honhom wɔ wɔn so na wofi koma nyinaa mu gye nea na wɔreka ho asɛm no di. Ansa na Paulo ne Silas reba Tesalonika no, na wɔayɛ wɔn ayayade wɔ Filipi. Wɔboroo wɔn, de wɔn guu afiase, de nkɔnsɔnkɔnsɔn guu wɔn, bere a wɔantie wɔn anom asɛm. Nanso, ayayade a ɛte saa no ammrɛ wɔn nsiyɛ ma asɛmpa no ase. Gye a Onyankopɔn de ne ho gyee asɛm no mu no ma woyii wɔn fii afiase, maa afiasehwɛfo no ne ne fiefo sakrae, na ebuee hokwan ma anuanom yi toaa wɔn som adwuma no so.—Aso. 16:19-34.
8 Onyankopɔn honhom no hyɛɛ Paulo den ma ɔbaa Tesalonika. Ɔyɛɛ adwuma de hwɛɛ ne ho wɔ hɔ na afei otuu ne ho sii hɔ koraa kyerɛkyerɛɛ Tesalonikafo no nokware no. Ɔde hokwan biara a onyae no kaa asɛm no a wantwentwɛn ne nan ase. (1 Tes. 2:9) Na tumi wɔ ahotoso a Paulo de ka asɛm no mu araa ma ɛkanyan nnipa a wɔwɔ mpɔtam hɔ no ma wogyaee abosonsom bɛyɛɛ nokware Nyankopɔn, Yehowa, asomfo.—1 Tes. 1:8-10.
9 Ɔtaa annye wɔn a na wɔabɛyɛ agyidifo foforo yi asabawmu ma wɔannyae asɛmpa no mu. Gyidi foforo a na wɔaso mu ne ahotoso a na wɔwɔ sɛ wobenya nhyira daa no kaa Tesalonikafo no ntɛm ma wɔbɔɔ nokware a na wɔasom no ho dawuru kyerɛe. Saa asafo no bɛyɛɛ nnam araa ma wɔn gyidi ne wɔn nsiyɛ ho asɛm trɛwee wɔ Makedonia ne Akaia mpo. Enti bere a Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa Tesalonikafo no, na wonim wɔn nnwuma pa no dedaw. (1 Tes. 1:7) Nhwɛso a ɛda nsow bɛn ara ni!
10 Ma Onyankopɔn ne Nnipa Ho Dɔ Nkanyan Wo: Ɔkwan bɛn so na yɛn nso, te sɛ Tesalonikafo no, yebetumi akura yɛn ahotoso mu denneennen bere a yɛreka asɛmpa no nnɛ no? Paulo kyerɛw faa wɔn ho sɛ: ‘Daa yɛkae mo gyidi adwuma ne mo dɔ mmɔdenbɔ.’ (1 Tes. 1:3) Ɛda adi sɛ na wofi wɔn komam dɔ Yehowa Nyankopɔn ne nnipa a wɔka asɛm kyerɛ wɔn no. Ɛyɛ saa ɔdɔ koro yi ara na ɛkanyan Paulo ne n’ahokafo no ma enti na ‘ɛnyɛ asɛmpa no nko na wɔpɛ sɛ wɔne Tesalonikafo no kyɛ na mmom wɔn ankasa kra nso.’—1 Tes. 2:8.
11 Saa ara na ɔdɔ a efi komam a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa ka yɛn ma yenya ɔpɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ asɛnka adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn no mu akosi ase. Sɛ yenya ɔdɔ a ɛte saa a, ɛma yegye tom sɛ Onyankopɔn ama yɛn asɛyɛde sɛ yɛnka asɛmpa no. Sɛ yedwennwen nea Yehowa ayɛ ama yɛn de akyerɛ yɛn kwan aba “nokware nkwa” ho no ho yiye na yɛkyerɛ ho anisɔ a, ɛka yɛn ma yefi yɛn koma nyinaa mu ka nokwasɛm koro no ara a yegye di no ho asɛm kyerɛ afoforo.—1 Tim. 6:19.
12 Bere a yɛkɔ so de yɛn ho hyɛ asɛnka adwuma no mu no, ɛsɛ sɛ yɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne nnipa no kɔ so yɛ kɛse. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛahyɛ afie-afie som adwuma mu kyɛfa a yenya no mu den na yɛde yɛn ho ahyɛ asɛnka adwuma no afa ahorow biara a hokwan no bebue ama yɛn no mu. Yɛde hokwan no bedi yɛn abusuafo, afipamfo, ne amannifo adanse bɔnnɔ so. Ɛwom sɛ ebia nnipa pii bɛpo asɛmpa a yɛka no na ebinom nso bɛbɔ mmɔden sɛ wɔde nneɛma betwitware Ahenni no ho dawurubɔ ananmu de, nanso yenya koma mu anigye. Dɛn ntia? Efisɛ yenim sɛ yɛayɛ yɛn fam de sɛ yɛbɛka Ahenni no ho asɛm na yɛaboa nkurɔfo ma wɔanya nkwa. Na Yehowa behyira yɛn mmɔdenbɔ so ma yɛanya nnipa akomapafo. Sɛ yehyia asetra mu nhyɛso mpo na Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛahwere yɛn anigye a, yetumi kura yɛn ahotoso a emu yɛ den ne yɛn nsiyɛ a yɛde di afoforo adanse no mu. Sɛ yɛn nyinaa yɛ yɛn fam de a, ɛma yenya asafo horow a ɛyɛ den na ɛyɛ nnam te sɛ nea na ɛwɔ Tesalonika no.
13 Mpa Abaw Da Wɔ Sɔhwɛ Mu: Ahotoso ho hia bere a yɛrehyia sɔhwɛ ahorow no. (1 Pet. 1:6, 7) Yesu maa n’asuafo no hui sɛ sɛ wodi n’akyi a, “aman nyinaa bɛtan” wɔn. (Mat. 24:9) Paulo ne Silas huu eyi bere a na wɔwɔ Filipi no. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma ti 16 no ka sɛ wɔde Paulo ne Silas too afiase na wɔde mpokyerɛ guu wɔn. Nanso, na afiase no ankasa yɛ ɔdan bi a adan afoforo a kanea wom na mframa tumi kom atwa ho ahyia. Nanso, na kanea biara nni afiase no ankasa mu na na mframa kakraa bi na etumi kɔ hɔ. Na ɛsɛ sɛ Paulo ne Silas tra beae a wɔde wɔn kogui a na esum ne ɔhyew wɔ hɔ, na ɛhɔ bɔn no. Wubetumi de w’adwene abu sɛnea na wɔte yaw esiane mpokyerɛ a na wɔde agu wɔn nnɔnhwerew pii, na wɔn akyi aworɔworɔ na mogya retu wɔn esiane mpire a na wɔaka wɔn no nti?
14 Wɔ sɔhwɛ yi nyinaa mu no, Paulo ne Silas kɔɔ so dii nokware. Wonyaa ahotoso a edi mu, na ɛhyɛɛ wɔn den ma wɔsom Yehowa a wɔamma sɔhwɛ biara a wobehyia ho asɛm ahaw wɔn. Wɔka wɔn ahotoso no ho asɛm wɔ nkyekyem 25 wɔ ti 16 no mu, faako a ɛka sɛ Paulo ne Silas “bɔɔ mpae too dwom maa Onyankopɔn” no. Nokwarem no, ɛwom sɛ na wɔda afiase de, nanso na wɔwɔ ahotoso kɛse sɛ Onyankopɔn pene wɔn so ma enti wɔtoo dwom denneennen ma nneduafo afoforo no tee! Ɛsɛ sɛ yenya ahotoso a ɛte saa ara bere a yehyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ no.
15 Sɔhwɛ ahorow a Ɔbonsam de ba yɛn so no dɔɔso. Ebinom de betumi ayɛ abusua mu ɔtaa. Yɛn nuanom pii hyia aban mmara ho nsɛnnennen. Awaefo betumi de ɔsɔretia aba yɛn so. Sikasɛm mu ahokyere ne asetrade a yebenya nso ho dadwen wɔ hɔ. Mmofra nso hyia atipɛnfo nhyɛso wɔ sukuu mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi nkonim wɔ sɔhwɛ ahorow yi mu? Dɛn na ɛbɛma yɛatumi ada ahotoso adi?
16 Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa nya abusuabɔ pa. Bere a na Paulo ne Silas da afiase no, wɔamfa saa bere no anwiinwii nea na ato wɔn no ho na wɔannu wɔn ho. Wɔyɛɛ ntɛm bɔɔ Onyankopɔn mpae na wɔtoo dwom yii no ayɛ. Dɛn ntia? Efisɛ na wɔne wɔn soro Agya no wɔ abusuabɔ pa. Wobehuu sɛ trenee nti na wɔrehu amane ma enti wɔn nkwagye wɔ Yehowa nsam.—Dw. 3:8.
17 Sɛ yehyia ɔtaa ahorow nnɛ a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn ho to Yehowa so. Sɛ Kristofo no, Paulo hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmma yɛn adesrɛ nnu Onyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ yɛn koma ne yɛn adwene so.’ (Fil. 4:6, 7) Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ Yehowa rennyaw yɛn nkutoo wɔ sɔhwɛ mu! (Yes. 41:10) Ɔka yɛn ho bere nyinaa bere dodow a yefi ahotoso a edi mu mu som no no.—Dw. 46:7.
18 Ade foforo a ɛho hia na ama yɛatumi ada ahotoso adi ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho wɔ Yehowa som mu. (1 Kor. 15:58) Wɔde Paulo ne Silas too afiase esiane sɛ na wɔayere wɔn ho reka asɛmpa no nti. So wogyaee asɛmpa no ka esiane sɔhwɛ a ɛbaa wɔn so no nti? Dabi, wɔkɔɔ so kaa asɛm no bere a na wɔda afiase no mpo, na bere a wogyaee wɔn no, wotuu kwan kɔɔ Tesalonika na wɔkɔɔ Yudafo no hyiadan mu ‘ne wɔn kosusuu Kyerɛwnsɛm no ho.’ (Aso. 17:1-3) Sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso anaa gyidi a emu yɛ den na yegye tom sɛ yɛwɔ nokware no a, biribiara “rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.”—Rom. 8:35-39.
19 Ahotoso a Emu Yɛ Den a Wɔada no Adi Nnɛ: Yɛwɔ nnipa pii wɔ hɔ nnɛ a wɔakɔ so ada ahotoso a emu yɛ den adi te sɛ Paulo ne Silas. Onuawa bi a wɔde no kɔtoo nneduaban mu wɔ Auschwitz no ka gyidi a emu yɛ den ne ahotoso a anuanom daa no adi wɔ hɔ no ho asɛm. Ɔka sɛ: “Bere bi a na wɔrebisabisa yɛn nsɛm no, mpanyimfo a wɔhwɛ hɔ no mu biako pomaa twɛre baa me so. Ɔkaa sɛ ‘Dɛn koraa na yɛmfa nyɛ mo saa nkurɔfo yi? Yɛkyere mo koraa a ɛmfa mo ho. Sɛ yɛde mo kɔ afiase a, ɛmmɔ mo dwɛ. Sɛ yɛde mo kɔ nneduaban mu a ɛnhaw mo. Sɛ yebu mo kumfɔ a, mugyina hɔ sɛnea hwee mfa mo ho. Dɛn koraa na yɛmfa nyɛ mo?’” Hwɛ sɛnea gyidi a yɛn nuanom no daa no adi wɔ tebea a emu yɛ den no mu no hyɛ gyidi den! Wɔsrɛɛ Yehowa bere nyinaa sɛ ɔmmoa wɔn ma wontumi nnyina.
20 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛkae ahotoso a yɛn nuanom pii a wɔahyia mmusua mu nitan a aba nnansa yi no ada no adi no. Ɛmfa ho sɛ wɔwɔ tebea a emu yɛ den mu no, anuanom a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa hwɛ sɛ wɔn nuanom yi benya honhom fam aduan adi. Wɔn nyinaa kɔ so di nokware na wɔda ahotoso a emu yɛ den adi ma enti ‘akode biara a wɔbɛbɔ ahyɛ wɔn no renyɛ yiye.’—Yes. 54:17.
21 Yɛn nuanom pii a wɔn ahokafo nyɛ gyidifo no nso reda gyidi a emu yɛ den ne boasetɔ adi. Onua bi a ɔwɔ Guadeloupe yere a ɔnyɛ gyidini no sɔre tiaa no denneennen. Nea ɛbɛyɛ na onua yi abam abu na wantumi ankɔ Kristofo nhyiam no, ɔbea no gyaee no aduanma, ne nneɛma si, ne ne to, ne ne ntade a atete a ɔbɛpam. Ɔbea no ankasa ne ho bere tenten. Nanso ɛdenam ahotoso a edi mu a onyae sɛ ɔbɛsom Yehowa ne mmoa a ɔhwehwɛe denam mpaebɔ so nti, onua yi tumi gyinaa ɔhaw no nyinaa ano. Ogyinaa ɔhaw ano bere tenten ahe? Bɛyɛ mfe 20—ɛno akyi ansa na ne yere no resesa nkakrankakra. Awiei koraa no, odii ahurusi efisɛ ɔbea no benyaa Onyankopɔn Ahenni no ho anidaso.
22 Nea etwa to koraa no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi ahotoso a emu yɛ den a yɛn nuanom mmofra a wɔkɔ sukuu no da no adi da biara bere a wohyia atipɛnfo nhyɛso ne nsɛnnennen afoforo no. Ɛdefa nhyɛso a ɛsɛ sɛ wogyina ano wɔ sukuu mu ho no, Ɔdansefo abeawa bi kae sɛ: “Sɛ wokɔ sukuu a obiara hyɛ wo nkuran daa sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtew atua kakra. Sɛ woyɛ biribi a ɛkyerɛ atuatew a, mmofra no de obu ma wo kɛse.” Hwɛ nhyɛso ara a yɛn mmofra nkumaa no hyia! Ɛsɛ sɛ wofi wɔn adwene ne wɔn koma nyinaa mu si wɔn bo sɛ wɔbɛko atia sɔhwɛ biara.
23 Yɛn mmofra no pii rebɔ mmɔden sɛ wobekura wɔn mudi mu ɛmfa ho sɔhwɛ biara a wohyia no. Nhwɛso biako ne abeawa bi a ɔwɔ France no. Da koro awia a na wɔadidi awie no, mmarimaa bi bɔɔ mmɔden hyɛɛ no sɛ ɔmfew wɔn ano, nanso ɔbɔɔ mpae na ɔko tiae denneennen, enti mmarimaa no gyaa no hɔ kɔe. Akyiri yi mmarimaa no mu biako ba bɛka kyerɛɛ no sɛ n’ani agye n’akokoduru a ɔdaa no adi no ho. Otumi kaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ abarimaa no, na ɔkyerɛkyerɛɛ gyinapɛn a ɛkorɔn a Yehowa hwehwɛ fi wɔn a wɔpɛ sɛ wonya mu nhyira no hɔ. Wɔ mfe a ɔde kɔɔ sukuu no mu no nso, ɔkyerɛkyerɛɛ ne gyidi mu kyerɛɛ sukuufo a ɔne wɔn gyina no nyinaa.
24 Hokwan a ɛsom bo a yɛanya bɛn ara ni sɛ yɛka wɔn a wɔwɔ Yehowa anim dom na ɔde wɔn di dwuma sɛ wɔmfa ahotoso a emu yɛ den nka n’apɛde ho asɛm nkyerɛ no ho! (Kol. 4:12) Nea ɛka ho no, ɛyɛ hokwan a ɛkyɛn so sɛ yebekura yɛn mudi mu bere a yɛn Tamfo Satan Ɔbonsam a ɔte sɛ gyata no ba yɛn so no. (1 Pet. 5:8, 9) Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ Ahenni asɛm no ne nea Yehowa nam so begye yɛn a yɛka ne wɔn a wotie no nkwa. Ɛmmra sɛ gyinae biara a yebesi ne yɛn da biara da asetra bɛkyerɛ sɛ yɛde Ahenni no di kan. Momma yɛnkɔ so mfa ahotoso a emu yɛ den nka asɛmpa no.