Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/00 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2000
Yɛn Ahenni Som—2000
km 3/00 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden kɛse sɛ obefi ofie Bible adesua ase. April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Fa Ahwehwɛde nhomawa ma anigyefo, na bɔ mmɔden sɛ wubefi ofie Bible adesua ase. June: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? Fa w’adwene si ofie Bible adesua a wubefi ase so.

◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ April ne May mu no yɛ wɔn nhyehyɛe mprempren, na wɔde wɔn akwammisa krataa ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ asɛnka nhyehyɛe a ɛfata, na wɔanya nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo a ɛdɔɔso agu hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔbobɔ wɔn a wɔapene so sɛ wɔnsom sɛ akwampaefo aboafo no din kyerɛ asafo no ɔsram biara.

◼ Adesua nhyehyɛe ma Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! nhoma no nyinaa wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu. Wubetumi ayɛ photocopy de ahyɛ wo nhoma no mu na woatumi ahwɛ mu ntɛm.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu wɔ March 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔhwehwɛ mu wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.

◼ Yɛbɛyɛ Nkaedi no Wukuda, April 19, 2000. Sɛ mo asafo no yɛ ne nhyiam Wukuda a, ɛsɛ sɛ mode hyɛ dapɛn no mu da foforo a mo Ahenni Asa no so da hɔ. Sɛ eyi rentumi nyɛ yiye na sɛ ɛka Ɔsom Nhyiam no a, mubetumi de saa dapɛn no mu dwumadi no afã horow a ɛfa mo asafo no ho titiriw no aka Ɔsom Nhyiam foforo ho.

◼ Asafo ti no nhyehyɛ kratasin a wɔde kra nhoma mma adawurubɔfo ankorankoro. Ɛsɛ sɛ ɔsram biara ɔhwɛfo guamtrani no bɔ Asafo no amanneɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkra wɔn ankasa nhoma no bɛka ho asɛm kyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no ansa na asafo no de kratasin a wɔde kra nhoma no akɔma Asafo ti no. Yɛsrɛ mo monhyɛ nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo no nsow.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena