So Yebetumi Ayɛ Pii Wɔ April 2000 Ɔsram no Mu?
1 Wukuda anwummere, April 19, bɛyɛ yɛn som afe no mu da titiriw. Saa da no bere a owia akɔtɔ wɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo asafo ne akuw ahorow nyinaa bɛhyɛ Kristo wu no Nkaedi ho fa. Wɔ baabi a yɛte biara no, Yesu Kristo afɔrebɔ no a yɛbɛkae no bɛyɛ ade titiriw wɔ afe no mu. Wɔakyerɛ da a yebedi Nkae yi wɔ April ɔsram no mu wɔ 2000 Calendar of Jehovah’s Witnesses no so.
2 Yenya hokwan soronko a ɛbɛma yɛafi koma nyinaa mu akyerɛ Yehowa mmɔborohunu a ɔnam ne Ba no afɔrebɔ so akyerɛ ama yɛn no ho anisɔ wɔ April ɔsram no mu. Ɔkwan bɛn so? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na Kristo dɔ no hyɛ yɛn; efisɛ yebu atɛn sɛ, obiako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu. Na owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antra ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatra ase ama nea owui na ɔsɔre maa wɔn no.” (2 Kor. 5:14, 15) Yiw, wɔ April mu no yebetumi akyerɛ sɛ yɛnte ase mma yɛn ho na mmom yɛte ase ma nea owu maa yɛn no, na ama yɛayɛ pii wɔ ɔsram no mu sɛ Ahenni no asomfo!
3 Yɛ Ɔkwampaefo Boafo Wɔ April Mu: Ɔsomafo Paulo yɛɛ nhwɛso fɛfɛ maa yɛn bere a ɔkaa sɛ: “Na memfa eyi menyɛ biribi, nanso mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ne som a minyae Awurade Yesu nkyɛn sɛ minni Nyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse no.” (Aso. 20:24) Yɛn nso yebetumi adi Yehowa Nyankopɔn ho adanse fefeefe saa ara. Ne saa nti, yɛbɛpɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ April ɔsram no mu denam akwampaefo aboafo a yɛbɛyɛ so!
4 Esiane sɛ adapɛn anum na ɛwɔ April 2000 mu nti, ɛyɛ ɔsram a nnipa pii betumi ayɛ akwampae adwuma no. Wɔ March 1997 mu a yenyaa akwampaefo aboafo nkɔanim a ɛsen biara no, na nnipa 5,759 a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo no yɛ adawurubɔfo dodow a yɛwɔ no mu ɔha mu 11. Mfe abien akyi no, adawurubɔfo dodow a wobuu akonta wɔ April 1999 mu no dodow kɔɔ anim bɛboro ɔha mu 14. Eyi kyerɛ sɛ yebetumi anya akwampaefo aboafo dodow nkɔanim a ɛsen biara asen kan de no. Bio nso, wɔatew nnɔnhwerew dodow a wɔhwehwɛ no so, na eyi betumi ama asafo no mufo pii atumi ayɛ akwampaefo aboafo. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara a wɔabɔ asu de mpaebɔ susuw ho hwɛ sɛ ebia obetumi ayɛ ɔkwampaefo boafo wɔ April yi mu.
5 Gyina April ɔsram a ɛwɔ 2000 Calendar no so yɛ nhyehyɛe seesei ma ɔsram a edi hɔ no. Hwɛ bere a wubetumi de ayɛ ɔsom adwuma no na ka nnɔnhwerew biara a wususuw sɛ wubetumi de akɔ asɛnka wɔ ɔsram no mu bom. Fa bere a wubetumi adi adanse wɔ bɔnnɔ so ne asɛnka a wohyɛ da kɔ nso de ka ho. Sɛ woka bom a, wubenya nnɔnhwerew a ɛbɛn 50 a wɔhwehwɛ fi akwampaefo aboafo hɔ no? Sɛ woannya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no a, so wubetumi ayɛ nsakrae wɔ nhyehyɛe a wudi akyi no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi anya bere de ayɛ akwampae boafo? Ɛyɛ dɔnhwerew biako ne simma 40 pɛ na ɛsɛ sɛ wunya da biara na ama wɔanya nnɔnhwerew 50 wɔ ɔsram no mu.
6 Seesei a wɔatew daa akwampaefo nnɔnhwerew so no, so woasusuw ho sɛ wobɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi? Dɛn nti na wopɛ sɛ wotwɛn ma September du ansa? April yɛ ɔsram pa a wubetumi afi ase! Sɛ wuhu sɛ wuntumi nnya nnɔnhwerew 70 a wɔhwehwɛ fi daa akwampaefo hɔ no a, dɛn nti na wonyɛ akwampae boafo wɔ April mu na womfa nnɔnhwerew 70 nsi w’ani so? Sɛ wunya hu sɛ wubetumi ayɛ a, ɛbɛkanyan wo ma woabɛka daa akwampaefo no ho ntɛm.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no, nkratafa 113-14.
7 Fa Wo Ho Hyɛ Asɛmpaka Adwuma no Mu Sɛ Ɔdawurubɔfo Pa: Yɛn nyinaa, sɛ adawurubɔfo ne akwampaefo no, ɔdɔ a efi koma mu a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko no na ɛka yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu sɛnea yɛn nsɛm tebea ma kwan. (Luka 10:27) Yɛnam saayɛ so kyerɛ sɛ, “yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no gyidifo, Agyenkwa no so.” (1 Tim. 4:10) Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ adawurubɔfo a wɔdɔɔso de wɔn ho bɛhyɛ akwampae boafo adwuma no mu, na wɔanya Ahenni adwuma no mu kyɛfa akosi ase.
8 Mommma yɛn werɛ mmfi afotu a Yesu de mae no: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu.” Bere a Yesu kaa saa asɛm no wiei akyi pɛɛ no, ɔfrɛɛ n’asomafo 12 no, na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm no. (Mat. 9:37, 38; 10:1, 5, 7) Bɛyɛ afe akyi bere a na asomafo 12 no ho akokwaw yiye wɔ asɛnka adwuma no mu no, Yesu “paw nnipa aduɔson bio na ɔsomasomaa wɔn” na ɔde ahyɛde koro no ara maa wɔn sɛ: “Otwa adwuma no so, . . . Enti monsrɛ otwa no wura no, na ontu adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Luka 10:1, 2) Bible nhoma a ɛne Asomafo no Nnwuma no bɔ sɛnea Yehowa buaa saa mpaebɔ no ho amanneɛ. Ɛde besi Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, na asuafo no dodow adu bɛyɛ 120. Afei wonyaa asuafo dodow nkɔanim 3,000 ne 5,000 wɔ bere foforo mu. (Aso. 1:15; 2:41; 4:4) Ɛno akyi no, “asuafo no dɔe pii.” (Aso. 6:7) Saa ara na nnɛ nso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so srɛ Owura no ma ɔma yenya Ahenni no ho asɛnkafo pii! Nea ɛne yɛn mpaebɔ hyia no, ɛsɛ sɛ asafo no mu ɔdawurubɔfo biara yɛ nhyehyɛe pa de ne ho hyɛ ɔsom adwuma no mu ɔsram biara.
9 Yɛsrɛ sɛ hwɛ April ɔsram no yiye wɔ 2000 Calendar no so. Esiane sɛ nnanu a edi ɔsram no kan no yɛ Memeneda ne Kwasida nti, so wubetumi ayɛ nhyehyɛe anya ɔsom adwuma no mu kyɛfa saa dapɛn no awiei, na ama woafi asɛnka ase yiye wɔ saa ɔsram no mu? So wubetumi ne W’asafo Nhoma mu Adesua Kuw no anya nsɛmma nhoma kyekyɛ mu kyɛfa bere biara a ɛyɛ “Nsɛmma Nhoma Ɔsatu Da” wɔ ɔsram no mu no? Na sɛ wode dɔnhwerew biako anaa nea ɛboro saa yɛ asɛnka adwuma no Kwasida biara nso ɛ? So Wubetumi ayɛ nhyehyɛe de wo ho ahyɛ anwummere asɛnka mu? Mma wo werɛ mmfi nso sɛ wode hokwan a wunya no bedi adanse adwumam, sukuu mu, anaa bere a woreyɛ biribiara wɔ da no mu no. Hyɛ nna a wubetumi akyɛ wɔ asɛnka mu no nsow wɔ kalenda no so, na di akyi bere a woreyɛ asɛnka adwuma no wɔ ɔsram no mu no.
10 Wɔn a wɔfata na mpanyimfo apene wɔn so no nyinaa betumi afi ase asom sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu wɔ April mu. Sɛ wo ne obi sua Bible no a, so onii no anya nkɔso a ɛfata a obetumi ahu ɔhwɛfo guamtrani sɛ ɔpɛ sɛ ɔsom sɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo? Sɛ wowɔ mma a wɔmmɔɔ wɔn asu a, so wo ne mpanyimfo no asusuw wɔn honhom fam nkɔso ho? So saa bere yi nyɛ bere pa a wobetumi afi asɛnka ase?—Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 97-100.
11 Bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ pii wɔ April 2000 ɔsram no mu no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de yɛn ho hyɛ ɔsom adwuma no mu na yɛde yɛn asɛnka ho akontaabu ma wɔ ɔsram no awiei. (Fa toto Marko 6:30 ho.) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ adawurubɔfo afoforo a wɔmmɔɔ wɔn asu a wonya asɛnka adwuma mu kyɛfa bere a edi kan koraa saa bere yi mu no nkuran ma wobu wɔn som adwuma ho akontaa wɔ bere ano. Sɛ yɛyɛ yɛn fam de a, yebetumi ama April akontaabu ne ayeyi a yɛde ma Yehowa denam asɛnka adwuma so no ayɛ nea ɛfata.
12 Wo ne Afoforo Mmom Nkɔ Nkaedi No: So ɛrenyɛ yɛn anigye sɛ yebehu sɛ nnipa dodow a wɔsen biara aba Kristo wu Nkaedi a yɛbɛyɛ no 2000 no ase? Yiw! Eyi bɛkyerɛ sɛ nnipa a wɔdɔɔso pii aba rebɛkyerɛ ɔdɔ a ɛsen biara a Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ada no adi akyerɛ yɛn no ho anisɔ! (Yoh. 3:16; 15:13) Yɛ nhyehyɛe a ɛho behia biara na ama wo ne w’abusua atumi akɔ Nkaedi no ase.
13 Saa bere yi nso ne bere a ɛsɛ sɛ wufi ase to nsa frɛ afoforo ma wɔba Nkaedi no ase. Kyerɛw obiara a wopɛ sɛ wuhu no wɔ ase no din. Fa wɔn a wɔasua Bible no wɔ bere bi a atwam, wɔn a wɔresua ade mprempren, ne wɔn a wokɔ wɔn hɔ sankɔhwɛ no nyinaa ka ho. Fa wɔn a wunim wɔn wɔ adwuma mu, sukuu mu, ne w’afipamfo, ne afei obiara a wo ne no yɛ adwuma din ka nea woakyerɛw no ho. Mma wo werɛ mmfi amannifo afoforo ne w’abusuafo nso. Sɛ wokyerɛw din no nyinaa wie a, fa anigye to nsa frɛ wɔn mmiako mmiako. Ma wonhu bere ne beae a wobedi Nkae no. Sɛ April 19 rebɛn a, bɔ wɔn a wɔakyerɛw wɔn din no nkae, w’ankasa betumi akɔ hɔ anaasɛ wubetumi akae wɔn wɔ telefon so. Yɛ nhyehyeɛ na wo ne wɔn nyinaa mmom nkɔ Nkaedi no saa anwumerɛ no.
14 Nea ɛne akwankyerɛ a Asafo ti no adi kan de ama hyia no, mpanyimfo bɛyɛ nhyehyɛe titiriw de ahyɛ adawurubɔfo a wɔayɛ mmerɛw a wɔte asasesin no mu nkuran ma wɔakɔ Nkaedi no bi. (Mat. 18: 12-14) Ebia mpanyimfo no bɛpɛ sɛ wosusuw krataa a Asafo ti no kyerɛw no February 2, 1999 no ho. Ɛsɛ sɛ asafo mu kyerɛwfo no kyerɛw adawurubɔfo a wɔayɛ mmerɛw no nyinaa din, na ɔsom adwuma sohwɛfo no ma mpanyimfo no kɔsra wɔn na wɔto nsa frɛ wɔn ba Nkaedi no ase. Sɛ ahwɛfo de nkuranhyɛ ma wɔn a wɔayɛ mmerɛw yi na wɔkɔsra wɔn ntɛm a, ebia saafo no betumi anya mmoa ma wɔagyina wɔn nan so bio atumi ayɛ asɛnka adwuma no wɔ April mu mpo. Sɛ wɔma wɔne ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw bom kɔ asɛnka a, ebetumi ahyɛ wɔn nkuran.
15 Boa Ma Nhyehyɛe a Wɔbɛyɛ Ama April no Nkɔ So! Ɛsɛ sɛ mpanyimfo, asafo mu asomfo, ne mmusua ti nyinaa boa na ama yɛatumi ayɛ pii wɔ April 2000 ɔsram no mu. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nsi na wɔhwɛ ma wɔtoto biribiara kama na wodi anim nso. (Heb. 13:7) Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe pa ma asɛnka adwuma wɔ dapɛn no mu ne dapɛn no awiei. Wobetumi ayɛ asɛnka nhyehyɛe awiabere ne anwummere nso. Ɛsɛ sɛ wɔde nhyehyɛe biara a wɔayɛ ama April asɛnka adwuma no bɔ amanneɛbɔ pon no so. Ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe ma obi hwɛ asɛnka nhyiam biara so. Ɛsɛ sɛ wɔma kuw biara asasesin a ɛfata a ebetumi adi wɔn asɛnka ahiade ho dwuma.
16 Wɔ April mu no yɛbɛkyekyɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no. Nea ɛbɛyɛ na yɛafi ofie Bible adesua ase no, ɛsɛ sɛ yɛde Ahwehwɛde nhomawa no ma obiara a ɔkyerɛ asɛm no ho anigye. Enti, ɛsɛ sɛ yenya nsɛmma nhoma ne nhomawa dodow a ɛfata a yɛde bɛyɛ adwuma.
17 Wɔ ɔsram no awiei no, ɛsɛ sɛ nhoma mu adesua so ahwɛfo ne wɔn aboafo nyinaa hyɛ obiara a ɔwɔ kuw no mu nkuran ma ɔde ne som akontaabu ma ntɛm. Ebia wobetumi ayɛ eyi wɔ Kwasida, April 30. Afei, sɛ ɔkyerɛwfo no hyehyɛ akontaabu no, na ohu sɛ adawurubɔfo no bi mfaa wɔn kyerɛwtohɔ mmae a, obetumi afi ahobrɛase mu akae wɔn ma wɔayɛ saa ansa na May 6, a ɛsɛ sɛ ɔde asafo no nyinaa kyerɛwtohɔ mena Asafo ti no aso. Obetumi ahu kuw so ahwɛfo no ma wɔaboa no ma wahu ɔdawurubɔfo biara.
18 Nkaedi bere yɛ da titiriw wɔ afe no mu ma Nyankopɔn nkurɔfo. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yere yɛn ho yɛ pii wɔ Yehowa som mu. Ebetumi aba saa, sɛ yɛn nyinaa nya asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa kosi ase, na wɔn a wobetumi ayɛ akwampaefo boafo yɛ saa, na yefi komam de afoforo ba Kristo wu Nkaedi no ase a. Momma yɛmfa anigye nsrɛ Yehowa nhyira bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ pii wɔ April 2000 ɔsram no mu mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!—Heb. 13:15.
[Kratafa 3 adaka]
Akwampaefo Aboafo
Nkɔanim a ɛsen biara a yɛanya pɛn: 5,759
(March 1997)
[Kratafa 4 adaka]
Adawurubɔfo Dodow
Nkɔanim a Ɛsen Biara a Yɛanya Pɛn: 61,247
(October 1999)
[Kratafa 5 adaka]
Nnipa Dodow a Wɔkɔɔ Nkaedi No
Nkɔanim a Ɛsen Biara a Yɛanya Pɛn: 202,167
(1999)