Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/88 kr. 1-4
  • Nhyehyɛe Bɛn Na Woayɛ Ama April?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyehyɛe Bɛn Na Woayɛ Ama April?
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Yebetumi Ayɛ Pii Wɔ April 2000 Ɔsram no Mu?
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • So Wobɛsom Sɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • ‘Wobɛkan Wo Nna’ Dɛn Wɔ April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nkaedi Bere—Hokwan a Yɛde Bɛyɛ Pii!
    Yɛn Ahenni Som—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 4/88 kr. 1-4

Nhyehyɛe Bɛn Na Woayɛ Ama April?

1 April ɔsram no fi asɛnka dwumadi a wɔahyɛ mu den ase ma yɛn mu pii. Wɔ mmeae ahorow bi no wim tebea no ye ma wobetumi akyɛ wɔ asɛnka mu. April taa yɛ ɔsram a eye a wɔde dwumadi a wɔahyɛ mu den wɔ ɔsom adwuma no mu ho botae sisi wɔn anim.

2 Asɛnka nhyehyɛe bɛn na w’asafo no ayɛ ama April? So wɔde asɛnka nhyiam horow no bi bɛka ho a anwummere adansedi ka ho? So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ wo dwumadi nhyehyɛe mu na ama woatumi de nhyehyɛe ahorow yi adi dwuma na wone afoforo ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu? So wubetumi de dwumadi afoforo bi a ɛho nhia kɛse ato nkyɛn bere tiaa bi?

3 Nea ɛka wɔn a wɔbaa Nkaedi ase a wobɛkɔ akɔsra wɔn no ho no, April bɛyɛ bere pa ama mmɔden a wobɛbɔ sɛ wobɛkɔ anigyefo a na wonni adagyew koraa sɛ wɔne wo bɛkasa anaasɛ na wonni fie bere a wokɔɔ hɔ no nkyɛn. Ebia woabɔ mmɔden pii dedaw sɛ anka wubedi wɔn adanse bio de, nanso dɛn nti na wonhwehwɛ wo kyerɛwtohɔ ahorow no mu na wonsan nkɔ saa ankorankoro yi nkyɛn bio na wommɔ mmɔden sɛ wobɛkanyan wɔn anigye wɔ asɛmpa no ho? Ebia anwummere nsrahwɛ bɛsow aba.

4 Anuanom mmarima ne mmea pii ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo April yi. Ebinom a wɔwɔ abusua asɛyɛde ne ebinom a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma mpo ka ho. Nnɔnhwerew 60 ahwehwɛde no kyerɛ sɛ sɛ wɔkyekyem a wode nnɔnhwerew 2 pɛ na ɛbɛyɛ adwuma da biara wɔ ɔsram no mu.

5 Ɛsɛ sɛ yɛn Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo no ne nhoma a yɛde rema no ma afie afie adwuma no yɛ anigye titiriw wɔ April mu. Yɛresusuw sɛnea Bible no ye ma abusua asetra no ho. Ɛho hia sɛ mmusua nyinaa tie Bible mu afotu. Nanso yenim sɛ mmusua pii nnim nea Bible no ka fa abusua asetra ho no mpo. Wubehu sɛ pii ani gye saa asɛmti yi ho.

6 Nea yɛde rema no ne Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no. Eyi yɛ asɛnka nhoma a eye kɛse no mu biako. Nnipa ɔpehaha pii a wɔwɔ wiase nyinaa na wohyira wɔn nkwa so ma Yehowa afe biara bere a wɔnam Tra Ase Daa nhoma no so asua Bible no akyi no. Yenim bo a ɛsom no. Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi de atõa yɛn Nkɔmmɔbɔ Asɛmti a ɛfa abusua asetra ho no mu?

7 Nhoma no ti 29 kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi ama abusua asetra ayɛ yiye. Ɛdefi kratafa 243 no na wohu mfonini ahorow awotwe a etumi kyerɛkyerɛ, ebiara wɔ asɛntiaa bi a ɛkyerɛkyerɛ mu ne kyerɛwsɛm bi a ɛfa ho a wobetumi aka sɛ ɛyɛ abusua asetra pa ho akwankyerɛ. Ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛdan akɔ saa mfonini ahorow yi ne ɛho nsɛntiaa no so na wɔahyɛ ofiewura no nkuran ma wagye nhoma no na wahwehwɛ Kyerɛwnsɛm ahorow no wɔ n’ankasa Bible mu. Sɛ ɔwɔ Tra Ase Daa nhoma no bi dedaw a fa Bible mu Nsɛm nhoma a ɛyɛ mmoa fɛfɛ wɔ mmofra a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn wɔ abusua asetra a ɛyɛ anigye mu no bi ma no.

8 Bere a yɛwɔ saa nsiesiei ahorow yi no, yɛasiesie yɛn ho sɛ yebenya yɛn asɛnka no mu anigye April mu. Sɛ nsɛm tebea horow amma woantumi anyɛ ɔkwampaefo boafo wɔ April mu a, ebia ebetumi ayɛ yiye sɛ wobɛma wo som dwumadi anya nkɔanim denam bere a wubegye na wone akwampaefo anaa afoforo a wɔn nso wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn som adwuma anya nkɔanim ɔsram no mu no ayɛ adwuma no so. Nea wobɛyɛ biara no, hwɛ sɛ wode wo ɔsom akontaabu no bɛba, ntɛm nso, wɔ ɔsram no awiei, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akan wo aka ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa a wobenya April mu dwumadi ahorow no mu kyɛfa no ho. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira wo mmɔdenbɔ no so. Ɛdenam ne honhom no so no ɔbɛma wo ahoɔden ma wode adu wo botae no ho.​—Mmeb. 20:18; 21:5a.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena