Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Yebetumi de nhomawa a edidi so a ekura nkratafa 32 yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye Wɔ Asase so Daa!, So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Sɛ ɛho behia a, yebetumi de Amansan Nhoma, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa? ne Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no ama. September: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Sɛ obi kyerɛ ho anigye wɔ sankɔhwɛ mu a, wubetumi ama wakra bi. Ɛrekɔ ɔsram no awiei no, yɛbɛkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 36, “Mfirihyia Apem Foforo No—Dɛn na Wubenya Daakye?” November: Yɛbɛkɔ so akyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no. Asafo ahorow a wɔyɛɛ wɔn asasesin mu adwuma wiei denam Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no a wɔde maa afiewuranom wɔ ofie biara mu so no betumi de Ahwehwɛde nhomawa anaa Nimdeɛ nhoma no ama. Sɛ nkurɔfo wɔ bi dedaw a, wobetumi de Tra Ase Daa anaa Creation nhoma no ama.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu September 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔhwehwɛ mu wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no de 2001 Calendar of Jehovah’s Witnesses ka nhoma a wɔbɛkra no September no ho.
◼ Yɛde nkratasin a ɛdɔɔso a wɔde bedi dwuma wɔ 2001 ɔsom afe no mu remena asafo biara. Yɛsrɛ sɛ monnyɛ no basabasa. Ɛsɛ sɛ mode di dwuma wɔ ɔkwan a wɔakyerɛ nkutoo so.
◼ Ɛsɛ sɛ mokan nhoma ne nsɛmma nhoma sɛnea yɛyɛ afe biara no August 31, 2000, anaa bere a aka kakraa bi na saa da no adu no. Saa nhomakan yi te sɛ nea nhoma sohwɛfo no yɛ ankasa ɔsram biara no, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw dodow no hyɛ “Literature Inventory” kratasin (S-18) no so. Mubetumi agye nsɛmma nhoma a mowɔ no dodow afi asafo biara mu nsɛmma nhoma so ahwɛfo hɔ. Asafo biara a ɛhwɛ nhomakra so no nsa bɛka “Literature Inventory” nkratasin (S-18) no abiɛsa. Yɛsrɛ sɛ momfa biako mmena Asafo ti no ansa na September 6 atwam. Momfa biako nto mo nneɛma mu. Mubetumi de nea ɛto so abiɛsa no adi dwuma bere a mokan no. Ɛsɛ sɛ asafo a ɛhwɛ nhomakra so no kyerɛwfo hwɛ nhomakan no so. Asafo a ɛhwɛ nhomakra so no kyerɛwfo ne ɔhwɛfo guamtrani no de wɔn nsa bɛhyɛ kratasin no ase.
◼ Betel telefon nɔma: Sɛ 712456 da nkyɛn a, wubetumi de telefon nɔma a edi so yi nso afrɛ Betel: 7010110. Nɔma koro no ara na wobɛbɔ adi anim—021.
◼ Ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw susuw daa akwampae adwuma akwammisa nkratasin nyinaa ho ntɛm. Ɛnsɛ sɛ ɔsom boayikuw no de akwammisa kratasin no to hɔ de hwɛ sɛ ebia nea ɔrebisa hokwan no betumi anya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no anaa. Sɛ Asafo ti no nsa anka akwammisa kratasin no ntɛm a wobetumi asesa da a wɔkyerɛ sɛ wobefi ase no a wommisa obiara. Wɔmma obi mfi ase ansa na wɔapaw no gye sɛ tebea soronko bi ma ehia sɛ wɔyɛ saa. Sɛ tebea bi a ɛte saa wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw krataa ka akwammisa kratasin no ho.—Hwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 24-6.