Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
May 1 besi August 21, 2000 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsɛmmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.
[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsɛmmisa biara. Afa horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsɛmmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afa horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]
Bua nsɛm a edidi so yi mu biara sɛ Ampa anaa Atoro:
1. Efraim mmarima no asɛmmisa a na ntease nnim ho mmuae a Gideon de mae no kyerɛe sɛ odwo na ɔnam saayɛ so ma wogyaee wɔn kasatia no ma ɛde asomdwoe baa wɔn ntam. (Ate. 8:1-3) [Dapɛn biara Bible akenkan]
2. Ɛwom sɛ Manoa kae sɛ “yɛahu Nyankopɔn” de, nanso ɛnyɛ Yehowa ankasa na ɔne ne yere huu no no, na mmom Onyankopɔn bɔfo a na wafa honam nipadua ato ne ho so no. (Ate. 13:22) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-E 5/15 kr. 23 nky. 3.]
3. Na asɛmfua “w’adɔfo” a ɛwɔ Atemmufo 5:31 no gyina hɔ ma Ahenni adedifo 144,000 no wɔ nkɔmhyɛ kwan so. [si-E kr. 50 nky. 28]
4. Wɔanhu Rut nhoma no afã biara wɔ Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no mu. [si-E kr. 51 nky. 3]
5. Atemmufo 21:25 twe adwene si bere tenten a Yehowa gyaw Israel man no a wamma wɔn akwankyerɛ biara no so. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w95-TW 6/15 kr. 22 nky. 16.]
6. Na kerubim ahoni a wɔyɛ sii apam adaka no so no da no adi sɛ Yehowa a wɔka sɛ ‘ɔte kerubim so [anaa “mfinimfini”]’ no ka wɔn ho. (1 Sam. 4:4, NW ase hɔ asɛm) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w80-E 11/1 kr. 29 nky. 2.]
7. Esiane sɛ Saul asraafo de ahometew dii mogya na wɔantwe wɔn aso nti, na eyi kyerɛ sɛ ɛtɔ da a, obi betumi abu n’ani agu Onyankopɔn mmara so kakra de abɔ ne nkwa ho ban. (1 Sam. 14:24-35) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w94-TW 4/15 kr. 31 nky. 7-9.]
8. Ɛwom sɛ ebinom de asɛm “dan ti” no gyina hɔ ma nnaadaa ne anifere kwan so adeyɛ bi de, nanso ebetumi akyerɛ sɛ wɔbɛma obi agye biribi adi, sɛ wɔnam nsɛm a ɛtɔ asom na ntease wom a wɔka so bɛma wasesa n’adwene. (2 Tim. 3:14, 15) [w98-TW 5/15 kr. 21 nky. 4]
9. Na “nkwa boaa” no kyerɛ sɛnea sɛ Dawid anni mogya ho fɔ wɔ Onyankopɔn anim a, ɔbɛbɔ ne ho ban na wakora no so. (1 Sam. 25:29) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w91-TW 6/15 kr. 14 nky. 3.]
10. Na Dawid Ahenni apam a wɔkaa ho asɛm wɔ 2 Samuel 7:16 no retwe adwene asi Aseni abusua a na Mesia no befi mu no so, na na ɛyɛ mmara mu adanse a ɛkyerɛ sɛ Dawid abusua no muni bi bedi ade “akosi daa.” [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w89-TW 2/1 kr. 14 nky. 21-kr. 15 nky. 22.]
Bua nsɛmmisa a edidi so yi:
11. Nkuranhyɛ bɛn na Dwom 34:18 ma yenya? [w98-TW 4/1 kr. 31 nky. 2]
12. Na abodin Barnaba a wɔde maa Yosef no kyerɛ dɛn? (Aso. 4:36) [w98-TW 4/15 kr. 20 nky. 3, ase hɔ asɛm]
13. Adɛn nti na Bible kyerɛwtohɔ ka sɛ Eli dii ne mma ni sen Yehowa? (1 Sam. 2:12, 22-24, 29) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w96-TW 9/15 kr. 13 nky. 14.]
14. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Rut nhoma no ma yenya ahotoso kɛse wɔ Ahenni bɔhyɛ ahorow no mu? [si-E kr. 53 nky. 10]
15. Sɛnea 1 Samuel 1:1-7 kyerɛ no, nhwɛso pa bɛn na Samuel abusua no yɛe? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w98-TW 3/1 kr. 16 nky. 12.]
16. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ ‘ahonyade yɛ nnaadaa’? (Mat. 13:22) [w98-TW 5/15 kr. 5 nky. 1]
17. Ɔkwan bɛn so na Yonatan a na ne mfe akɔ anim no kyerɛɛ obu maa Dawid a na Yehowa asra no no, na eyi kyerɛ dɛn nnɛ? (1 Sam. 18:1, 3, 4) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w89-TW 1/1 nkr. 24, 26 nky. 4, 13.]
18. Ɛwom sɛ na Hiob yɛ obi a “odi mu na ɔteɛ” de, nanso ɔkwan bɛn so na Hiob nhoma no kyerɛ sɛ na ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ pɛ? (Hiob 1:8) [w98-TW 5/1 kr. 31 nky. 1]
19. Dɛn na asɛm “mompere” no kyerɛ? (Luka 13:24) [w98-TW 6/15 kr. 31 nky. 1, 4]
20. Bere a yɛne afoforo bom yɛ adwuma no, ade pa bɛn na yebetumi asua, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 2 Samuel 12:26-28 no? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w93-TW 12/1 kr. 19 nky. 19.]
Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi mu biara adi mũ ma:
21. Ɛsɛ sɛ kasa a Yehowa kasa tiaa Baalsom denneennen no ka yɛn ma yɛkwati nnɛyi ․․․․․․․․, ․․․․․․․․, ne ․․․․․․․․. (Ate. 2:11-18) [si-E kr. 50 nky. 26]
22. Ɛyɛ Samuel bere so na ․․․․․․․․no to twae na ․․․․․․․․ a ɛmaa awiei koraa no Israelfo hweree Yehowa anim dom no fii ase. [si-E kr. 53 nky. 1]
23. Onyankopɔn din Yehowa no asekyerɛ ne “ ․․․․․․․․” ․․․․․․․․. na ɛkyerɛ sɛ Yehowa betumi adi biribiara a ɛbɛma abam ho dwuma. [w98-TW 5/1 kr. 5 nky. 3]
24. Eli ne Saul nyinaa dii mfomso efisɛ Eli ․․․․․․․․ sɛ obedi nneɛma ho dwuma na Saul yɛɛ ade maa ․․․․․․․․. [si-E kr. 57 nky. 27]
25. Yesu mfatoho a ɛfa Samariani mmɔborohunufo no ho no da no adi sɛ obi a ɔteɛ ankasa ne nea ɛnyɛ sɛ odi Onyankopɔn ․․․․․․․․ so nko na mmom, osuasua ne ․․․․․․․․ nso. (Luka 10:29-37) [w98-TW 7/1 kr. 31 nky. 2]
Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:
26. Yehu sɛnea Yehowa su a ɛne (nyansa; tumi; ɔdɔ) no kɔ akyiri fa denam Moabni bea (Rut; Naomi; Orpa) a na ɔsom (Baal; Kemos; Dagon) na akyiri yi ohuu nokware som a ɔpaw no ma ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo nanabea no so. (Mat. 1:3, 5, 16) [si-E kr. 51 nky. 1]
27. Bere a atemmufo de dii Israelfo so tumi no baa awiei bere a wɔde (Samuel; Dawid; Saul) sii hene na ɛno akyi bere tiaa bi Yehowa boaa no ma odii (Amonfo; Moabfo; Filistifo) so nkonim no. (1 Sam. 11:6, 11) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w95-TW 12/15 kr. 9 nky. 2–kr. 10 nky. 1.]
28. Ɛyɛ (ɔsomafo Paulo; ne papa; ne maame ne ne nanabea) na wɔkyerɛkyerɛɛ Timoteo “nkyerɛwee kronkron” no na wohui sɛ wayɛ ɔsɛmpatrɛwfo ne ɔhwɛfo a ɔfata no. (2 Tim. 3:14, 15; Fil. 2:19-22) [w98-TW 5/15 kr. 8 nky. 3–kr. 9 nky. 5]
29. Ɛsɛ sɛ ɔsom a (Dawid; Samuel; Yonatan) de mae wɔ ne mmofraberem no kanyan mmofra ma wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom adwuma no mu nnɛ, na ɛsɛ sɛ ɔsom a ɔde maa bere nyinaa a wampa abaw kosi ne wuda no boa wɔn a onyin ama wɔagow no. [si-E kr. 58 nky. 30]
30. Efi (1077 kosi bɛyɛ 1040; 1077 kosi bɛyɛ 1037; 1070 kosi bɛyɛ 1040) A.Y.B. na wɔde kyerɛw 2 Samuel nhoma no. [si-E kr. 59 nky. 3]
Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:
Ate. 11:30, 31; 1 Sam. 15:22; 30:24, 25; 2 Ahe. 6:15-17; Yak. 5:11
31. Yehowa ma yenya awerɛhyem sɛ ɔde ne soro dɔm no bɛbɔ ne nkurɔfo ho ban sɛnea ne pɛ te. [w98-TW 4/15 kr. 29 nky. 5]
32. Asafo mu ahwɛfo wɔ asɛyɛde sɛ wobedi wɔn nhyehyɛe so ɛmfa ho sɛ ɛtɔ da a ebetumi ama wɔadi yaw na ama wɔahwere ade mpo no. [w99-TW 9/15 kr. 10 nky. 3-4]
33. Yɛn mudi mu a yebekura wɔ sɔhwɛ mu no bɛma yɛanya Yehowa Nyankopɔn hɔ akatua kɛse. [w98-TW 5/1 kr. 31 nky. 4]
34. Ɔdɔ a edi mu a yebenya ama Onyankopɔn no hwehwɛ sɛ yebetie ɔsoro akwankyerɛ na ɛnyɛ sɛ yɛbɛbɔ afɔre kɛkɛ. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w96-TW 6/15 kr. 5 nky. 1.]
35. Yehowa ani sɔ wɔn a wodi dwuma de boa wɔ n’ahyehyɛde mu nnɛ no kɛse. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86-E 9/1 kr. 28 nky. 4.]