Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Bere a na Onyankopɔn Mmara a wahyɛ ato hɔ ne sɛ wonkum obiara a odi mogya no, dɛn nti na wɔankunkum Saul asraafo no bere a wodii nam wɔ mogya mu no?
Saa mmarima no buu Onyankopɔn mmara so de, nanso ebia esiane sɛ na wɔwɔ obu ma mogya nti wohuu wɔn mmɔbɔ, ɛwom sɛ anka ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani tumi da hɔ kɛse wɔ obu a na wɔbɛda no adi wɔ ahyɛde a ɛte saa no ho de.
Susuw tebea no ho. Ná Israelfo a wɔhyɛ Ɔhene Saul ne ne ba Yonatan tumidi ase no ne Filistifo reko. Eduu bere bi a “ɛden Israel mmarima” no wɔ ɔko no mu no, Saul de ahopere kaa ntam sɛ ɛnsɛ sɛ ne mmarima no didi de kosi sɛ wobedi atamfo no so nkonim. (1 Samuel 14:24) Ankyɛ na ne ntam a ɔkae no de ɔhaw bae.
Ná ne mmarima no redi nkonim wɔ ɔko a ɛyɛ den mu, nanso na mmɔden kɛse a wɔrebɔ no retew wɔn ahoɔden so kɛse. Ɛkɔm dee wɔn na wɔbrɛe. Dɛn na wɔyɛe wɔ tebea a na emu yɛ den a ɛte saa no mu? “Dɔm no tow kɔhyɛɛ asade no so, na wɔfaa nguan ne anantwi ne anantwi mma kunkum wɔn ɛfam, na dɔm no dii no mogya mu.”—1 Samuel 14:32.
Ná ɛno yɛ Onyankopɔn mogya ho mmara sobu, sɛnea Saul nkurɔfo ka kyerɛɛ no yi sɛ: “Hwɛ, dɔm no reyɛ [Yehowa] bɔne sɛ wodi no mogya mu.” (1 Samuel 14:33) Yiw, Mmara no kae sɛ, sɛ wokum mmoa a, wonhwie wɔn mogya ngu ansa na wɔadi nam no. Onyankopɔn anhwehwɛ sɛ wɔbɛfa ɔkwan bi a ɛyɛ katee so ahwie mogya no agu. Ɛdenam ɔkwampa a wɔnam so behwie mogya no agu so no, ná n’asomfo betumi akyerɛ obu ama ɛbo a mogya som no. (Deuteronomium 12:15, 16, 21-25) Ná wotumi de mmoa mogya bɔ afɔre wɔ afɔremuka so, nanso na ɛnsɛ sɛ wodi. Ná wɔde owu asotwe ba wɔn a wɔboapa bu mmara yi so no so, efisɛ wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo sɛ: “Munnni nam biara mogya, efisɛ ɔhonam nyinaa kra ne ne mogya; obiara a odi no, wobetwa no akyene.”—Leviticus 17:10-14.
So Ɔhene Saul asraafo no boapa buu Mmara no so? So wobuu ɔsoro mmara a ɛfa mogya ho no animtiaa koraa?—Fa toto Numeri 15:30 ho.
Ɛnsɛ sɛ yɛka saa. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ na ‘wɔrekunkum mmoa no wɔ fam, na wodi no mogya mu.’ Enti ebia wɔbɔɔ mmɔden bi sɛ wobehwie mogya no agu. (Deuteronomium 15:23) Nanso, brɛ a na wɔabrɛ ne ɔkɔm a na ɛde wɔn nti, wɔamfa nam no ansensɛn hɔ antwɛn amma emu mogya no ansɔn sɛnea ɛsɛ. Wokunkum nguan ne anantwi no “wɔ fam,” a entumi mma wɔnsɔn mu yiye. Na wɔde ntɛmpɛ twitwaa nam a ebetumi aba sɛ na ɛdeda mogya mu. Enti, sɛ na ɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔredi Onyankopɔn mmara so koraa a, wɔanni akyiri pɛpɛɛpɛ anaa wɔ ɔkwampa so.
Nea ɛde bae ne sɛ “dɔm no dii nam no wɔ mogya mu,” a na ɛno yɛ bɔne. Saul huu eyi na ɔhyɛe sɛ wompirew ɔbo kɛse bi mmrɛ no. Ɔhyɛɛ asraafo no sɛ: “Momfa mo anantwi ne mo nguan mmra me nkyɛn mmekum wɔn ha nni, na monnyɛ [Yehowa] bɔne sɛ mubedi no mogya mu.” (1 Samuel 14:33, 34) Asraafo a na wodi fɔ no yɛɛ saa, na “Saul sii afɔremuka maa [Yehowa.]”—1 Samuel 14:35.
Ebia mmoa no a wokunkum wɔn abo so no boa maa mogya no sɔnee yiye. Ná na wonni mmoa no nam no wɔ baabi a wokum wɔn no. Ebia Saul de mogya a wɔsɔnee no bi bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no so de hwehwɛɛ Onyankopɔn hɔ mmɔborohunu maa wɔn a na wɔayɛ bɔne no. Yehowa huu wɔn mmɔbɔ, ebia esiane sɛ na onim mmɔden a asraafo no bɔe ɛmfa ho sɛ na wɔabrɛ na ɔkɔm de wɔn yiye no nti. Ebia Onyankopɔn susuw Saul ntam a ɔde ahopere kae a na ahyɛ ne mmarima no so ma wɔakɔ ahoyeraw a ɛte saa mu no ho nso.
Saa kyerɛwtohɔ yi kyerɛ sɛ wontumi mfa tebea a emu yɛ den nyɛ anoyi mmu ɔsoro mmara so. Ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn nso ma yehu hia a ɛho hia sɛ yesusuw nsɛm ho yiye ansa na yɛaka ntam, efisɛ ahopere a wɔde ka ntam betumi de ɔhaw abrɛ yɛn ankasa ne afoforo.—Ɔsɛnkafo 5:4-6.