Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 4/15 kr. 28-30
  • So Yebehia Asraafo Daa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Yebehia Asraafo Daa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔpɛ Wiase Nyinaa “Ɔwɛmfo”
  • ‘Asafo Yehowa’
  • Onyankopɔn Asafo no Tu Sa
  • Yɛ Wiase a Akodi Nnim Ho Mfonini
  • Amansan Ɔsɛmpɔw No A Wobehu Ano Korakora
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • “Monnɔ Nokware Ne Asomdwoe”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 4/15 kr. 28-30

So Yebehia Asraafo Daa?

ASRAAFO akunkum nnipa bebree, na wɔasɛe nnipa anigye kɛse. Enti ebinom abisa sɛ, ‘So adesamma betumi anya wiase ahobammɔ a ɛbɛma wɔagu sraadi?’ Saa bere yi a akode a etumi sɛe nneɛma pii betumi atɔre nnipa ne mmoa nyinaa ase no, asɛmmisa no ho abehia denneennen. Ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ wiase a asraafo nni mu kwan?

Nsɛm pii a asisi da no adi sɛ, sɛ amanaman no ntam gow ma obiara nya ne yɔnko mu ahotoso a, ebetumi ama wɔasɛe akode ahorow bi. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ Canada ne United States ka nti, wɔmfaa asraafo mmɔɔ ɛhye a ɛda wɔn ntam a ɛyɛ kilomita 5,000 no ho ban bɛboro afeha biako ne fã ni. Norway ne Sweden, ne aman foforo pii atumi anya abusuabɔ a ɛte saa ara. So ntease a ɛbɛba aman nyinaa ntam betumi ama yɛanya wiase a asraafo nni mu? Esiane ahude a esisii wɔ Wiase Ko I no mu nti, saa adwene no begyee ntini sen bere biara.

Bere a asomdwoe bae wɔ 1918 mu no, na Versailles asomdwoe apam no atirimpɔw biako ne sɛ “wɔbɛma ayɛ yiye sɛ wobefi ase ama aman nyinaa atew wɔn akode so.” Mfe a edii hɔ mu no, nnipa a wɔsɔre tia akodi bɛdɔɔso. Wɔn a wɔsɔre tia akodi no binom kyerɛe sɛ akodi yɛ ade bɔne a ɛsen biara a ebetumi ato ɔman bi, ma enti nkogudi mpo ye sen no. Nnipa a wɔsɔre tia wɔn a wɔkasa tia akodi no ampene so, na wɔdaa no adi sɛ mfehaha pii mu no, Yudafo a wɔwɔ aman pii mu amfa akode ammɔ wɔn ho ban wɔ wɔn atamfo ho, nanso nkurɔfo kɔɔ so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase. Afrikafo annya hokwan anko antia wɔn a wɔde wɔn kɔɔ Amerika sɛ nkoa no, nanso wɔyɛɛ wɔn aninyanne mfehaha pii.

Nanso bere a Wiase Ko II bae no, wɔn a wɔsɔre tia akodi no mu pii kae sɛ aman horow no hia ahobammɔ. Enti bere a wɔde Amanaman Nkabom sii hɔ wɔ Wiase Ko II no akyi no, wɔdanee adwene fii akode a wɔbɛsɛe no so baa biakoyɛ a ɛbɛtra amanaman ntam so na ama wɔakwati akodi. Ná emufo wɔ anidaso sɛ ahobammɔ a ɛde bɛba no bɛma aman no anya ahotoso de asɛe wɔn akode.

Ɔhaw foforo bɛdaa adi pefee. Mpɛn pii no, sɛ ɔman bi rebɔ ne ho ban a, na ɔman a ɛbɛn no no suro. Saa adeyɛ a ɛkɔɔ so daa yi kɔfaa akode ho akansi bae. Nanso nnansa yi, aman akɛse no ntam abusuabɔ a ayɛ yiye no ama anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ wɔbɛsɛe akode ahorow no mu ayɛ den. Nanso ɛno akyi no, Gulf Akodi no ne ɔhaw ahorow a ɛrekɔ so wɔ kan Yugoslavia no asɛe anidaso a na aman pii wɔ sɛ wɔbɛsɛe wɔn akode ahorow no. Bɛyɛ mfe anum ni no, Time nsɛmma nhoma kae sɛ: “Ɛwom sɛ apuei ne atɔe ntam ntawntawdi no aba awiei de, nanso afei mmom na wiase no mu ayɛ hu sen kan no.”

Wɔpɛ Wiase Nyinaa “Ɔwɛmfo”

Nnipa a wɔhwɛ ade kɔ akyiri ka sɛ adesamma hia wiase tumidi biako a ɛwɔ asraafo a wɔwɔ tumi kɛse a wobetumi abɔ obiara ho ban. Esiane sɛ Amanaman Nkabom ahyehyɛde no ne wiase aman a wɔwɔ asraafo dɔm a ɛyɛ den no ntumi nyɛ saa nti, ebinom te nka sɛ anidaso nni hɔ ma daakye. Nanso sɛ wugye tom sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm a, ebetumi aba sɛ woasusuw ho sɛ ebia Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no bedi saa ahiade a egye ntɛmpɛ yi ho dwuma anaa.

So Nea Bible frɛ no “ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn” no de asraafo dɔm na ɛbɛhwɛ ma atɛntrenee aba? Sɛ saa a, ɛnde dɔm bɛn? Nnɛyi asraafo akuw pii kyerɛ sɛ Onyankopɔn taa wɔn akyi, nanso so wɔreyɛ Nyankopɔn apɛde ankasa? Anaasɛ Onyankopɔn wɔ ɔkwan foforo a ɔbɛfa so de ne ho agye nsɛm mu de asomdwoe ne ahobammɔ aba?—2 Korintofo 13:11.

Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn dii atuatew a edi kan no ho dwuma denam Adam ne Hawa a ɔpam wɔn fii Eden, na ɔmaa kerub wɛn hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensan nkɔ hɔ no so. Afei nso ɔkaa n’atirimpɔw a ɛne sɛ obeyi ne tumidi ho atua nyinaa afi hɔ no ho asɛm. (Genesis 3:15) So ɛno bɛhwehwɛ sɛ Onyankopɔn de asraafo dɔm bi di dwuma?

Bible ka mmere bi a Onyankopɔn nam asraafo dɔm so de atemmu bae ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, na aman a ɛwɔ Kanaan asase so no ne mmoa da, de mmofra bɔ afɔre, na wodi ako atirimɔden so. Onyankopɔn kae sɛ ɔbɛsɛe wɔn koraa, na ɔnam Yosua asraafo dɔm no so de atemmu no baa wɔn so. (Deuteronomium 7:1, 2) Saa ara na Ɔhene Dawid asraafo dɔm de Onyankopɔn atemmu baa Filistifo so, ma ɛyɛɛ sɛnea Onyankopɔn beyi amumɔyɛ nyinaa afi hɔ wɔ n’atemmu da a etwa to mu no ho nhwɛso.

Ná asuade bi wɔ saa nsɛm a esisii no mu. Yehowa kyerɛe sɛ obetumi de asraafo dɔm adi dwuma ma nkurɔfo anya ahobammɔ. Nokwarem no, Yehowa wɔ asraafo dɔm soronko bi a ɔde bedi ne tumidi ho atua a wɔatew wɔ amansan nyinaa mu no ho dwuma.

‘Asafo Yehowa’

Bible no de asɛm, ‘asafo Yehowa’ no di dwuma bɛboro mpɛn 250. Ne titiriw no, saa asɛm no fa Onyankopɔn dibea sɛ abɔfo dɔm huhaa no sahene no ho. Bere bi, odiyifo Mikaia ka kyerɛɛ Ɔhene Ahab ne Ɔhene Yehosafat sɛ: “Mahu [Yehowa, NW] sɛ ɔte n’agua so, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.” (1 Ahene 22:19) Abɔfo asafo ho asɛm na na ɔreka wɔ ha. Yehowa de saa asafo yi bɔɔ ne nkurɔfo ho ban. Bere a dɔm twaa Dotan kurow ho hyiae no, Elisa somfo no paa abaw. Nanso, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya awerɛhyem bio no, Onyankopɔn nam anwonwakwan so maa no anisoadehu bi a ɛfa ne honhom mu abɔde asafo ho. “[Yehowa, NW] buee aberante no aniwa, na ohui, na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔw no so ma.”—2 Ahene 6:15-17.

So nsɛm a ɛtete saa kyerɛ sɛ Onyankopɔn taa asraafo dɔm akyi nnɛ? Ebia Kristoman mu asraafo akuw bi bɛkyerɛ sɛ wɔyɛ Nyankopɔn asraafo dɔm. Wɔn mu pii ama asɔfo ahyira wɔn. Nanso Kristoman mu asraafo taa ko tia wɔn ho wɔn ho, wɔn mfɛfo gyidifo. Wiase ako abien no fii ase wɔ asraafo akuw a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo ntam. Eyi ntumi nyɛ Nyankopɔn adwuma. (1 Yohane 4:20) Ɛmfa ho sɛ ebia saa asraafo dɔm no bɛka sɛ wɔreko apere asomdwoe no, so Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnhyehyɛ asraafo dɔm a ɛtete saa mfa nhwɛ mma asomdwoe ntra wiase?

Obi amfa asomdwoe anyɛ adwuma koraa bere a basabasayɛfo kuw bi kyeree Yesu wɔ turo a na ɔne n’asuafo no rebɔ mpae wom mu no. Asuafo no mu biako de afoa twaa nkurɔfo no mu biako. Yesu de hokwan no kyerɛkyerɛɛ nnyinasosɛm titiriw bi mu. Ɔkae sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu. Anaasɛ wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafotow dumien ne akyiri mmegyina me ho.” Ná Yesu wɔ asafo dɔm pii a wɔhyɛ n’ase, nanso na Petro nyɛ ɔsraani wom, na onipa foforo biara nso nka ho. Mmom no, na wɔfrɛ Petro ne Yesu akyidifo nkae no “nnipa yifo.” (Mateo 4:19; 26:47-53) Nnɔnhwerew kakraa bi akyi no, Yesu kyerɛkyerɛɛ tebea no mu kyerɛɛ Pilato. Ɔkae sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.” (Yohane 18:36) Ahenni a Nyankopɔn de ama Yesu no nte sɛ Dawid ahenni a wɔde sii asase so no, na mmom ɛwɔ soro, na ɛde asomdwoe bɛba asase so.

Onyankopɔn Asafo no Tu Sa

Ɛrenkyɛ na Onyankopɔn asafo no akeka wɔn ho. Bere a Adiyisɛm reka ɔko a ɛbɛba daakye ho asɛm no, ɛfrɛ Yesu “Onyankopɔn Asɛm.” Yɛkenkan sɛ: “Ɛdɔm a wɔwɔ ɔsoro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho tew. Na afoa nnamnam bi fi n’anom a ɔde bɛbobɔ amanaman.” Bible ka sɛ saa ɔsatu yi de ɔsɛe bɛba “asase so ahene ne wɔn dɔm” so. Nkɔmhyɛ no toa so ka afoforo a wɔnkyerɛ sɛ wɔtaa Nyankopɔn akyi ho asɛm sɛ: “Wɔde nea ɔte pɔnkɔ no so no afoa a efi n’anom no kunkum wɔn a aka no.” Wobeyi Satan Ɔbonsam mpo afi hɔ. Nokwarem no, eyi bɛma asomdwoe wiase a asraafo nni mu aba.—Adiyisɛm 19:11-21; 20:1-3.

Yɛ Wiase a Akodi Nnim Ho Mfonini

So wubetumi ayɛ wiase a ahobammɔ wom araa ma asraafo ho nhia ho mfonini wɔ w’adwenem? Bible mu dwom bi ka sɛ: “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa, NW] nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano.”—Dwom 46:8, 9.

Hwɛ ahotɔ ara a eyi bɛyɛ! Susuw hokwan ahorow a awiei koraa no, nnipa a wɔade wɔn ho afi asraafo ne wɔn nneɛma ho towtua a ɛyɛ adesoa kɛse no ho benya! Nnipa betumi de wɔn ahoɔden aboa ma obiara asetra ayɛ yiye, na wɔasiesie asase no asan adua so nneɛma. Wobenya hokwan foforo de ayɛ abɔrehude a ɛso bɛba adesamma mfaso ankasa.

Nkɔmhyɛ yi benya mmamu wɔ wiase nyinaa sɛ: “Wɔrente nhyɛso nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛe ne obubu nka w’ahye mu.” (Yesaia 60:18) Ɛremma bio da sɛ ɔko bɛhyɛ aguanfo ɔpepem pii ma wɔde ahoyeraw atu afi wɔn afie agyaw wɔn agyapade hɔ akɔtra aguanfo atrae ahu amane. Ɛremma bio da sɛ nkurɔfo betwa adwo wɔ adɔfo a wokunkum wɔn anaa wodi wɔn dɛm wɔ amanaman ntam akodi ahorow mu no ho. Yehowa soro Hene no de wiase asomdwoe a ɛbɛtra hɔ daa bɛba. “Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:7, 14.

Nea ɛbɛyɛ anigye kɛse mpo ne sɛnea asetra bɛyɛ wɔ nnipa a wɔasua sɛ wɔbɛkwati nitan na wɔasuasua ɔdɔ a Nyankopɔn da no adi no mmom no mu. Onyankopɔn Asɛm ka sie sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” Nnipa a wonim Yehowa na wɔdɔ no no asetra bɛyɛ sɛ dɛn? Nhoma koro no ara hyɛ nkɔm sɛ: “Trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ kommyɛ ne ahotoso akosi daa; na me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.”—Yesaia 11:9; 32:17, 18.

Nnipa a wɔde wɔn gyidi agyina Bible mu nimdeɛ so no hu sɛ Onyankopɔn dɔm no ayɛ krado sɛ wobeyi wɔn a wɔmpɛ asomdwoe nyinaa afi asase so. Saa nimdeɛ yi ma wɔde ahotoso yɛ ade ma ɛne nea Bible ka sɛ ɛbɛba wɔ “nna a edi akyiri no mu” no hyia. Kyerɛ sɛ: “Wɔde wɔn nkrante [bɛbobɔ] nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:2-4.

Nnipa a wofi aman pii mu a wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo no ‘nsua akodi’ dedaw. Wɔde wɔn werɛ ahyɛ Onyankopɔn soro dɔm no ahobammɔ mu. Sɛ wo ne wɔn sua Bible no a, wo nso wubetumi anya awerɛhyem a ɛte saa ara.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 28]

U.S. National Archives mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena